< حزقیال 28 >

و کلام خداوند بر من نازل شده، گفت: ۱ 1
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
«ای پسر انسان به رئیس صور بگو: خداوند یهوه چنین می‌فرماید: چونکه دلت مغرور شده است و می‌گویی که من خدا هستم وبر کرسی خدایان در وسط دریا نشسته‌ام، و هرچند انسان هستی و نه خدا لیکن دل خود را ماننددل خدایان ساخته‌ای. ۲ 2
“Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Wufi wʼahantan koma mu ka se, “Meyɛ onyame; mete onyame bi ahengua so wɔ po mfimfini.” Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame, ɛwɔ mu, wudwen sɛ wunim nyansa sɛ onyame bi.
اینک تو از دانیال حکیم تر هستی و هیچ سری از تو مخفی نیست؟ ۳ 3
Wunim nyansa sen Daniel ana? Wunim kokoamsɛm biara ana?
و به حکمت و فطانت خویش توانگری برای خود اندوخته و طلا و نقره در خزاین خود جمع نموده‌ای. ۴ 4
Wonam wo nyansa ne nhumu so anya ahode ama wo ho, woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree agu wʼadekoradan mu.
به فراوانی حکمت و تجارت خویش دولت خود را افزوده‌ای پس به‌سبب توانگریت دلت مغرور گردیده است.» ۵ 5
Wonam wʼaguadi mu nyansa so ama wʼahonya adɔɔso, na wʼahonya nti woahoran wɔ wo koma mu.
بنابراین خداوندیهوه چنین می‌فرماید: «چونکه تو دل خود را مثل دل خدایان گردانیده‌ای، ۶ 6
“‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Esiane sɛ wudwen sɛ wunim nyansa te sɛ Onyame nti,
پس اینک من غریبان وستم کیشان امت‌ها را بر تو خواهم آورد که شمشیرهای خود را به ضد زیبایی حکمت توکشیده، جمال تو را ملوث سازند. ۷ 7
mede ananafo reba abetia wo, amanaman no mu ɔdesɛefo pa ara; wɔbɛtwetwe wɔn afoa wɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so na wɔahwirew wʼanuonyam no.
و تو را به هاویه فرود آورند. پس به مرگ آنانی که در میان دریا کشته شوند خواهی مرد. ۸ 8
Wɔde wo bɛto amoa no mu, na wubewu owu yaayaw wɔ ɛpo mfimfini.
آیا به حضورقاتلان خود خواهی گفت که من خدا هستم؟ نی بلکه در دست قاتلانت انسان خواهی بود و نه خدا. ۹ 9
Afei wobɛka se, “Meyɛ onyame,” wɔ wɔn a wokum wo no anim ana? Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame, wɔ wɔn a wokum wo no nsam.
از دست غریبان به مرگ نامختونان کشته خواهی شد، زیرا خداوند یهوه می‌فرماید که من این را گفته‌ام.» ۱۰ 10
Wubewu momonotofo wu wɔ ananafo nsam. Me na maka, Otumfo Awurade asɛm ni.’”
و کلام خداوند بر من نازل شده، گفت: ۱۱ 11
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
«ای پسر انسان برای پادشاه صور مرثیه بخوان و وی را بگو خداوند یهوه چنین می‌فرماید: توخاتم کمال و مملو حکمت و کامل جمال هستی. ۱۲ 12
“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho so na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛso, na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛdua.
در عدن در باغ خدا بودی و هر گونه سنگ گرانبها از عقیق احمر و یاقوت اصفر و عقیق سفید و زبرجد و جزع و یشب و یاقوت کبود و بهرمان و زمرد پوشش تو بود. و صنعت دفها ونایهایت در تو از طلا بود که در روز خلقت تو آنهامهیا شده بود. ۱۳ 13
Na anka wowɔ Eden Onyankopɔn turo no mu. Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo: bogyanambo, akraatebo ne bɔwerɛbo sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo, hoabo, nsrammabo ne ahabammono bo; wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛde, wosiesiee ne nyinaa da a wɔbɔɔ wo.
تو کروبی مسح شده سایه‌گستربودی. و تو را نصب نمودم تا بر کوه مقدس خدابوده باشی. و در میان سنگهای آتشین می‌خرامیدی. ۱۴ 14
Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfo kerub, efisɛ saa na mehyɛɛ wo. Na wowɔ Onyankopɔn bepɔw kronkron no so; wonantew ogya abo mu.
از روزی که آفریده شدی تاوقتی که بی‌انصافی در تو یافت شد به رفتار خودکامل بودی. ۱۵ 15
Na anka wʼakwan ho nni asɛm efi da a wɔbɔɔ wo no kosii sɛ wohuu amumɔyɛ wɔ wo mu.
اما از کثرت سوداگریت بطن تو رااز ظلم پر ساختند. پس خطا ورزیدی و من تو رااز کوه خدا بیرون انداختم. و تو را‌ای کروبی سایه‌گستر، از میان سنگهای آتشین تلف نمودم. ۱۶ 16
Wʼaguadi a mu trɛw no nti wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma na woyɛɛ bɔne. Ɛno nti mepam wo fii Onyankopɔn bepɔw no so wɔ animguase mu, na miyii wo adi, ɔhwɛfo kerub, fii ogya abo no mu.
دل تو از زیباییت مغرور گردید و به‌سبب جمالت حکمت خود را فاسد گردانیدی. لهذا تورا بر زمین می‌اندازم و تو را پیش روی پادشاهان می‌گذارم تا بر تو بنگرند. ۱۷ 17
Wohyerɛn wɔ wo koma mu wʼahoɔfɛ nti na womaa wo nyansa porɔwee, wʼanuonyam no nti. Enti metow wo kyenee fam; na mede wo yɛɛ ahwɛde wɔ ahemfo anim.
به کثرت گناهت وبی انصافی تجارتت مقدس های خویش رابی عصمت ساختی. پس آتشی از میانت بیرون می‌آورم که تو را بسوزاند و تو را به نظر جمیع بینندگانت بر روی زمین خاکستر خواهم ساخت. ۱۸ 18
Wode wo nnebɔne ne aguadi mu asisi agu wo kronkrommea ho fi ɛno nti memaa ogya fii wo mu na ɛhyew wo, na memaa wo dan nsõ wɔ fam wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.
و همه آشنایانت از میان قوم‌ها بر تو متحیرخواهند شد. و تو محل دهشت شده، دیگر تا به ابد نخواهی بود.» ۱۹ 19
Aman a na wonim wo nyinaa ho adwiriw wɔn wɔ wo ho: wʼawiei ayɛ ahometew na wɔrenhu wo bio.’”
و کلام خداوند بر من نازل شده، گفت: ۲۰ 20
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
«ای پسر انسان نظر خود را بر صیدون بدار و به ضدش نبوت نما. ۲۱ 21
“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no
و بگو خداوند یهوه چنین می‌فرماید: اینک‌ای صیدون من به ضد تو هستم وخویشتن را در میان تو تمجید خواهم نمود. وحینی که بر او داوری کرده و خویشتن را در وی تقدیس نموده باشم، آنگاه خواهند دانست که من یهوه هستم. ۲۲ 22
na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Me ne wo anya, Sidon na mɛda mʼanuonyam adi wɔ mo mu. Wubehu sɛ mene Awurade no, bere a mede asotwe aba ne so na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ ne mu no.
و وبا در او و خون در کوچه هایش خواهم فرستاد. و مجروحان به شمشیری که ازهر طرف بر او می‌آید در میانش خواهند افتاد. پس خواهند دانست که من یهوه هستم. ۲۳ 23
Mɛma ɔyaredɔm aba ne so na mama mogya ateɛ wɔ ne mmɔnten so. Apirafo bɛtotɔ wɔ ne mu, bere a afoa redi ahim wɔ ne ho nyinaa. Afei na wobehu sɛ mene Awurade no.
و باردیگر برای خاندان اسرائیل از جمیع مجاوران ایشان که ایشان را خوار می‌شمارند، خاری خلنده و شوک رنج آورنده نخواهند بود. پس خواهند دانست که من خداوند یهوه می‌باشم.» ۲۴ 24
“‘Na Israelfo rennya yɔnkonom a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaayaw sɛ ohwirem ne nsɔe bio. Afei na wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.
خداوند یهوه چنین می‌گوید: «هنگامی که خاندان اسرائیل را از قوم هایی که در میان ایشان پراکنده شده‌اند جمع نموده، خویشتن را از ایشان به نظر امت‌ها تقدیس کرده باشم، آنگاه در زمین خودشان که به بنده خود یعقوب داده‌ام ساکن خواهند شد. ۲۵ 25
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ meboa Israelfo ano fi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me somfo Yakob no so.
و در آن به امنیت ساکن شده، خانه‌ها بنا خواهند نمود و تاکستانها غرس خواهند ساخت. و چون بر جمیع مجاوران ایشان که ایشان را حقیر می‌شمارند داوری کرده باشم، آنگاه به امنیت ساکن شده، خواهند دانست که من یهوه خدای ایشان می‌باشم.» ۲۶ 26
Wɔbɛtena hɔ asomdwoe mu na wobesisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoe mu wɔ bere a matwe ne yɔnkonom a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no.’”

< حزقیال 28 >