< حزقیال 23 >

و کلام خداوند بر من نازل شده، گفت: ۱ 1
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
«ای پسر انسان دو زن دختر یک مادربودند. ۲ 2
“Onipa ba, mmea baanu a wɔyɛ ɔbea baako mma tenaa ase.
و ایشان در مصر زنا کرده، در جوانی خودزناکار شدند. در آنجا سینه های ایشان را مالیدند وپستانهای بکارت ایشان را افشردند. ۳ 3
Wɔbɛyɛɛ aguamammɔfo wɔ Misraim, na wɔbɔɔ aguaman fii wɔn mmabaabere mu. Womiamiaa wɔn nufu, wɔberee wɔn mmabaabere mpokua wɔ asase no so.
و نامهای ایشان بزرگتر اهوله و خواهر او اهولیبه بود. وایشان از آن من بوده، پسران و دختران زاییدند. واما نامهای ایشان اهوله، سامره می‌باشد و اهولیبه، اورشلیم. ۴ 4
Ɔpanyin no din de Ohola na ne nuabea no nso din de Oholiba. Na wɔyɛ me yerenom na wɔwowoo mmabarima ne mmabea. Ohola ne Samaria na Oholiba nso ne Yerusalem.
و اهوله از من رو تافته، زنا نمود و برمحبان خود یعنی بر آشوریان که مجاور او بودندعاشق گردید؛ ۵ 5
“Ohola da so ware me no, ɔbɔɔ aguaman; nʼani tu dii nʼapɛfo akyi, Asiriafo, akofo no
کسانی که به آسمانجونی ملبس بودند؛ حاکمان و سرداران که همه ایشان جوانان دلپسند و فارسان اسب‌سوار بودند. ۶ 6
a wɔhyehyɛ ntade bibiri, amradofo ne asahene a wɔn nyinaa yɛ mmerante a wɔn ho yɛ fɛ na wɔtena apɔnkɔ so.
و به ایشان یعنی به جمیع برگزیدگان بنی آشور فاحشگی خود را بذل نمود و خود را از جمیع بتهای آنانی که بر ایشان عاشق می‌بود نجس می‌ساخت. ۷ 7
Ɔne Asiriafo atitiriw bɔɔ aguaman, na ɔsom wɔn a ɔdɔɔ wɔn nyinaa ahoni de guu ne ho fi.
وفاحشگی خود را که در مصر می‌نمود، ترک نکرد. زیرا که ایشان در ایام جوانیش با او همخواب می‌شدند و پستانهای بکارت او را افشرده، زناکاری خود را بر وی می‌ریختند. ۸ 8
Wannyae nʼaguamammɔ a ofii ase wɔ Misraim no, bere a ɔyɛ ababaa na mmarima ne no dae, susoo ne mpokua mu na wohwiee wɔn akɔnnɔ guu ne so no.
لهذا من او رابه‌دست عاشقانش یعنی به‌دست بنی آشور که اوبر ایشان عشق می‌ورزید، تسلیم نمودم. ۹ 9
“Ɛno nti mede no maa nʼadɔfo Asiriafo no a nʼani bere wɔn no.
که ایشان عورت او را منکشف ساخته، پسران ودخترانش را گرفتند. و او را به شمشیر کشتند که در میان زنان عبرت گردید و بر وی داوری نمودند. ۱۰ 10
Wɔbɔɔ no adagyaw, faa ne mmabarima ne ne mmabea kɔe, na wɔde afoa kum no. Ogyee ne din wɔ mmea mu na asotwe baa ne so.
«و چون خواهرش اهولیبه این را دید، درعشقبازی خویش از او زیادتر فاسد گردید وبیشتر از زناکاری خواهرش زنا نمود. ۱۱ 11
“Ne nuabea Oholiba huu eyi nanso nʼakɔnnɔ bɔne ne nʼaguaman sen ne nuabea no de.
و بر بنی آشور عاشق گردید که جمیع ایشان حاکمان وسرداران مجاور او بودند و ملبس به آسمانجونی و فارسان اسب‌سوار و جوانان دلپسند بودند. ۱۲ 12
Ɔno nso dii Asiriafo no akyi; amradofo ne asahene, akofo a wɔhyehyɛ wɔn ntade, apɔnkɔsotefo a wɔn nyinaa yɛ mmerante ahoɔfɛfo.
ودیدم که او نیز نجس گردیده و طریق هردوی ایشان یک بوده است. ۱۳ 13
Mihuu sɛ ɔno nso guu ne ho fi, wɔn baanu faa ɔkwan koro so.
پس زناکاری خود رازیاد نمود، زیرا صورتهای مردان که بر دیوارهانقش شده بود یعنی تصویرهای کلدانیان را که به شنجرف کشیده شده بود، دید. ۱۴ 14
“Na ɔtoaa nʼaguamammɔ no so kɔɔ akyiri. Ohuu mmarima mfoni a wɔakurukyerɛw agu ɔfasu bi ho, Kaldeafo mfoni a wɔde adukɔkɔɔ akrukyerɛw
که کمرهای ایشان به کمربندها بسته و عمامهای رنگارنگ برسر ایشان پیچیده بود. و جمیع آنها مانند سرداران و به شبیه اهل بابل که مولد ایشان زمین کلدانیان است بودند. ۱۵ 15
a abɔso bobɔ wɔn asen mu na abotiri bobɔ wɔn ti a wɔn nyinaa te sɛ Babilonia nteaseɛnam mu mpanyimfo a wofi Kaldea.
و چون چشم او بر آنها افتاد، عاشق ایشان گردید. و رسولان نزد ایشان به زمین کلدانیان فرستاد. ۱۶ 16
Ohuu saa mfoni yi, ne kɔn dɔɔ wɔn na ɔsomaa abɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ Kaldea.
و پسران بابل نزد وی در بسترعشق بازی درآمده، او را از زناکاری خود نجس ساختند. پس چون خود را از ایشان نجس یافت، طبع وی از ایشان متنفر گردید. ۱۷ 17
Na Babiloniafo no baa ne nkyɛn ne no bɛdaa ɔdɔ mpa so, na wɔn akɔnnɔ mu no, woguu ne ho fi. Woguu ne ho fi wiee no wɔn ho fonoo no enti ogyaa wɔn.
و چون که زناکاری خود را آشکار کرد و عورت خود رامنکشف ساخت، جان من از او متنفر گردید، چنانکه جانم از خواهرش متنفر شده بود. ۱۸ 18
Ɔkɔɔ so wɔ nʼaguamammɔ mu, bɔɔ ne ho adagyaw no, migyaw no hɔ sɛnea migyaw ne nuabea no hɔ pɛpɛɛpɛ.
امااو ایام جوانی خود را که در آنها در زمین مصر زناکرده بود به یاد آورده، باز زناکاری خود را زیادنمود. ۱۹ 19
Na ɔmaa nʼaguamammɔ no kɔɔ so ara de kaee ne mmabaabere a na ɔbɔ aguaman wɔ Misraim no.
و بر معشوقه های ایشان عشق ورزید که گوشت ایشان، مثل گوشت الاغان و نطفه ایشان چون نطفه اسبان می‌باشد. ۲۰ 20
Ɛhɔ na ɔne nʼadɔfo a wɔn barima te sɛ mfurum de na wɔn ho nsu te sɛ apɔnkɔ de no bɔɔ aguaman.
و قباحت جوانی خود را حینی که مصریان پستانهایت را به‌خاطرسینه های جوانیت افشردند به یاد آوردی. ۲۱ 21
Na wo kɔn dɔɔ wo mmabun mu akɔnnɔ bɔne no, nea woyɛɛ wɔ Misraim a wɔsrasraa wo koko mu na womiamiaa wo mpokua no.
«بنابراین‌ای اهولیبه خداوند یهوه چنین می‌فرماید: اینک من عاشقانت را که جانت ازایشان متنفر شده است به ضد تو برانگیزانیده، ایشان را از هر طرف برتو خواهم آورد. ۲۲ 22
“Ɛno nti, Oholiba, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mɛhwanyan wʼadɔfo atia wo, wɔn a wɔn ho fonoo wo ma wugyaw wɔn hɔ no; mede wɔn befi afanan nyinaa abetia wo.
یعنی پسران بابل و همه کلدانیان را از فقود و شوع وقوع. و همه پسران آشور را همراه ایشان که جمیع ایشان جوانان دلپسند و حاکمان و والیان و سرداران و نامداران هستند و تمامی ایشان اسب‌سوارند. ۲۳ 23
Babiloniafo ne Kaldeafo nyinaa, Pekod, Soa ne Koa mmarima, Asiriafo no ne wɔn bɛba, mmerante ahoɔfɛfo a wɔn nyinaa yɛ amradofo, asahene, nteaseɛnam ho adwumayɛfo ne mmarima a wokura dibea akɛse a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so.
و با اسلحه و کالسکه‌ها و ارابه‌ها وگروه عظیمی بر تو خواهند آمد و با مجن‌ها وسپرها و خودها تو را احاطه خواهند نمود. و من داوری تو را به ایشان خواهم سپرد تا تو را برحسب احکام خود داوری نمایند. ۲۴ 24
Wɔde akode, nteaseɛnam ahorow ne nnipadɔm bɛba abetia wo; wɔde akokyɛm akɛse ne nketewa ne dade kyɛw bɛka wo ahyɛ. Mede wo bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagyina wɔn nhyehyɛe so atwe wo aso.
و من غیرت خود را به ضد تو خواهم برانگیخت تا با تو به غضب عمل نمایند. و بینی و گوشهایت راخواهند برید و بقیه تو با شمشیر خواهند افتاد وپسران و دخترانت را خواهند گرفت و بقیه تو به آتش سوخته خواهند شد. ۲۵ 25
Mɛdan me ninkunu abufuw no akyerɛ wo so, na wɔne wo bedi no anibere so. Wobetwitwa mo hwene ne mo aso, na wɔn a wɔbɛka no, wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano. Wɔbɛfa mo mmabarima ne mo mmabea akɔ, na mo a moaka no wɔde ogya ahyew mo.
و لباس تو را از توکنده، زیورهای زیبایی تو را خواهند برد. ۲۶ 26
Wɔbɛpa wo ho ntama nso na wɔafa wo nnwinne.
پس قباحت تو و زناکاریت را که از زمین مصرآورده‌ای، از تو نابود خواهم ساخت. و چشمان خود را بسوی ایشان بر نخواهی افراشت و دیگرمصر را به یاد نخواهی آورد. ۲۷ 27
Ɛno nti mɛma wʼakɔnnɔ bɔne ne aguamammɔ a wufii ase wɔ Misraim no aba nʼawie. Wo kɔn rennɔ saa nneɛma yi, na worenkae Misraim bio.
زیرا خداوندیهوه چنین می‌گوید: اینک تو را به‌دست آنانی که از ایشان نفرت داری و به‌دست آنانی که جانت ازایشان متنفر است، تسلیم خواهم نمود. ۲۸ 28
“Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede wo rebɛhyɛ wʼatamfo nsa, wɔn a wɔn ho fonoo wo ma wugyaw wɔn no.
و با تواز راه بغض رفتار نموده، تمامی حاصل تو راخواهند گرفت و تو را عریان و برهنه وا خواهم گذاشت. تا آنکه برهنگی زناکاری تو و قباحت وفاحشه گری تو ظاهر شود. ۲۹ 29
Wɔde ɔtan ne wo bedi, na wɔafa nea woayɛ adwuma apɛ nyinaa. Wobegyaw wo adagyaw ne kwaterekwa, na wʼaguamammɔ ho aniwu no bɛda adi. Wʼaniwude ne wʼaguamansɛm no
و این کارها را به توخواهم کرد، از این جهت که در عقب امت‌ها زنانموده، خویشتن را از بتهای ایشان نجس ساخته‌ای. ۳۰ 30
na ɛde eyinom aba wo so, efisɛ wo kɔn dɔɔ amanaman no na wode wɔn ahoni guu wo ho fi.
و چونکه به طریق خواهر خودسلوک نمودی، جام او را به‌دست تو خواهم داد. ۳۱ 31
Woayɛ nea wo nuabea yɛɛ no bi; na ɛno nti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsa.
و خداوند یهوه چنین می‌فرماید: جام عمیق وبزرگ خواهر خود را خواهی نوشید. و محل سخریه و استهزا خواهی شد که متحمل آن نتوانی شد. ۳۲ 32
“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “Wobɛnom wo nuabea kuruwa ano, kuruwa a ɛso na mu dɔ; ɛde fɛwdi ne ahohora bɛba, efisɛ nea ɛwɔ mu dɔɔso.
و از مستی و حزن پر خواهی شد. از جام حیرت و خرابی یعنی از جام خواهرت سامره. ۳۳ 33
Nsabow ne awerɛhow bɛhyɛ wo ma, ɔsɛe ne asaworamto kuruwa no, wo nuabea Samaria kuruwa no bɛhyɛ wo ma.
و آن را خواهی نوشید و تا ته خواهی آشامید و خورده های آن را خواهی خایید وپستانهای خود را خواهی کند، زیرا خداوند یهوه می‌گوید که من این را گفته‌ام. ۳۴ 34
Wobɛnom a hwee renka mu: na woawe nʼasinasin no na woasunsuan wo mpokua mu. Me na maka, Otumfo Awurade asɛm ni.
بنابراین خداوندیهوه چنین می‌فرماید: چونکه مرا فراموش کردی و مرا پشت سر خود انداختی، لهذا تو نیز متحمل قباحت و زناکاری خود خواهی شد.» ۳۵ 35
“Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ wo werɛ afi me, na woatow me akyene wʼakyi nti, ɛsɛ sɛ wunya wʼaniwude ne wʼaguamammɔ so akatua.”
و خداوند مرا گفت: «ای پسر انسان! آیابراهوله و اهولیبه داوری خواهی نمود؟ بلکه ایشان را از رجاسات ایشان آگاه ساز. ۳۶ 36
Awurade ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, wubebu Ohola ne Oholiba atɛn ana? Ɛno de, fa wɔn akyiwadeyɛ no si wɔn anim,
زیرا که زنا نموده‌اند و دست ایشان خون آلود است و بابتهای خویش مرتکب زنا شده‌اند. و پسران خودرا نیز که برای من زاییده بودند، به جهت آنها ازآتش گذرانیده‌اند تا سوخته شوند. ۳۷ 37
efisɛ wɔasɛe aware, na mogya wɔ wɔn nsa ho. Wɔde wɔn ahoni na ɛsɛee aware no; na mpo wɔde wɔn mma a wɔwoo wɔn maa me no bɔɔ afɔre maa wɔn sɛ wɔn aduan.
و علاوه برآن این را هم به من کرده‌اند که در همانروز مقدس مرا بی‌عصمت کرده، سبت های مرا بی‌حرمت نموده‌اند. ۳۸ 38
Wɔde eyi nso ayɛ me: Saa bere koro no ara mu, woguu me kronkronbea ne me homenna ho fi.
زیرا چون پسران خود را برای بتهای خویش ذبح نموده بودند، در همان روز به مقدس داخل شده، آن را بی‌عصمت نمودند و هان این عمل را در خانه من بجا آوردند. ۳۹ 39
Da a wɔde wɔn mma bɔɔ afɔre maa wɔn ahoni no ara, wɔhyɛn me kronkronbea hɔ koguu ho fi. Eyi na wɔyɛɛ wɔ me fi.
بلکه نزدمردانی که از دور آمدند، فرستادید که نزد ایشان قاصدی فرستاده شد. و چون ایشان رسیدند، خویشتن را برای ایشان غسل دادی و سرمه به چشمانت کشیدی و خود را به زیورهایت آرایش دادی. ۴۰ 40
“Wɔsomaa abɔfo kɔfrɛɛ mmarima a wofi akyirikyiri bae, na wobedui no, muguare, kekaa mo ani akyi, de mo adwinne hyehyɛɛ mo ho maa wɔn.
و بر بستر فاخری که سفره پیش آن آماده بود نشسته، بخور و روغن مرا بر آن نهادی. ۴۱ 41
Motenaa akongua papa bi a wɔde ɔpon a wɔasɛw so asi anim, ɛso na mode nnuhuam ne ngo a anka ɛyɛ me de no sisii.
و در آن آواز گروه عیاشان مسموع شد. وهمراه آن گروه عظیم صابیان از بیابان آورده شدندکه دستبندها بر دستها و تاجهای فاخر بر سر هردوی آنها گذاشتند. ۴۲ 42
“Na hooyɛ a efi nnipakuw bi a hwee mfa wɔn ho atwa ne ho ahyia. Wɔde Sabeafo fi sare no so ne mmarima a wofi dɔm no mu bae, na wɔde nkapo hyehyɛɛ ɔbea no ne ne nua no nsa, na wɔhyɛɛ wɔn ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.
و من درباره آن زنی که در زناکاری فرسوده شده بود گفتم: آیا ایشان الان بااو زنا خواهند کرد و او با ایشان؟ ۴۳ 43
Na meka faa nea aguamammɔ ama watetew no ho se, ‘Momma wɔnnyɛ no sɛ oguamanfo, efisɛ saa ara pɛ na ɔte.’
و به اودرآمدند به نهجی که نزد فاحشه‌ها درمی آیند. همچنان به آن دو زن قباحت پیشه یعنی اهوله واهولیبه درآمدند. ۴۴ 44
Na wɔne no dae. Sɛnea mmarima ne oguamanfo da no, saa ara na wɔne saa mmea a wɔn ho yɛ aniwu no, Ohola ne Oholiba dae.
پس مردان عادل بر ایشان قصاص زنان زناکار و خونریز را خواهند رسانید، زیرا که ایشان زانیه می‌باشند و دست ایشان خون آلود است. ۴۵ 45
Nanso atemmufo atreneefo de asotwe a wɔde ma mmea a wɔsɛe aware na wɔka mogya gu no bɛma wɔn, efisɛ wɔyɛ nguamanfo na wɔn nsa ho wɔ mogya.
زیرا خداوند یهوه چنین می‌فرماید: من گروهی به ضد ایشان خواهم برانگیخت. و ایشان را مشوش ساخته، به تاراج تسلیم خواهم نمود. ۴۶ 46
“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Fa nnipadɔm bra betia wɔn na ma ahunahuna ne ɔfom mmra wɔn so.
و آن گروه ایشان را به سنگها سنگسار نموده، به شمشیرهای خود پاره خواهند کرد. و پسران و دختران ایشان را کشته، خانه های ایشان را به آتش خواهند سوزانید. ۴۷ 47
Nnipakuw no besiw wɔn abo na wɔde wɔn afoa bɛtow ahyɛ wɔn so. Wobekunkum wɔn mmabarima ne wɔn mmabea na wɔahyew wɔn afi.
وقباحت را از زمین نابود خواهم ساخت. پس جمیع زنان متنبه خواهند شد که مثل شما مرتکب قباحت نشوند. ۴۸ 48
“Ɛno nti mɛma aniwu nneyɛe aba awiei wɔ asase no so na abɔ mmaa nyinaa kɔkɔ na wɔansua mo.
و سزای قباحت شما را بر شماخواهند رسانید. و متحمل گناهان بتهای خویش خواهید شد و خواهید دانست که من خداوندیهوه می‌باشم.» ۴۹ 49
Wubenya wʼaniwude so asotwe na woanya abosonsom ho bɔne so akatua. Afei wubehu sɛ mene Otumfo Awurade no.”

< حزقیال 23 >