< حزقیال 2 >

که مرا گفت: «ای پسر انسان بر پایهای خودبایست تا با تو سخن گویم.» ۱ 1
Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, sɔre gyina hɔ na me ne wo nkasa.”
و چون این رابه من گفت، روح داخل من شده، مرا بر پایهایم برپا نمود. و او را که با من متکلم نمود شنیدم ۲ 2
Ɔrekasa no, Honhom no bɛhyɛɛ me mu maa me so gyinaa hɔ, na metee se ɔrekasa kyerɛ me.
که مرا گفت: «ای پسر انسان من تو را نزد بنی‌اسرائیل می‌فرستم، یعنی نزد امت فتنه انگیزی که به من فتنه انگیخته‌اند. ایشان و پدران ایشان تا به امروزبر من عصیان ورزیده‌اند. ۳ 3
Ɔkae se, “Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfo mu, atuatew man a wayɛ dɔm atia me; wɔne wɔn agyanom ayɛ dɔm atia me abesi nnɛ.
و پسران ایشان سخت رو و قسی القلب هستند و من تو را نزد ایشان می‌فرستم تا به ایشان بگویی: خداوند یهوه چنین می‌فرماید. ۴ 4
Nnipa a meresoma wo wɔn nkyɛn no yɛ nnipa a wɔasen wɔn kɔn na wɔn aso awu. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se.’
و ایشان خواه بشنوند و خواه نشنوند، زیرا خاندان فتنه انگیز می‌باشند، خواهنددانست که نبی‌ای در میان ایشان هست. ۵ 5
Na sɛ wotie anaa wɔantie a, esiane sɛ wɔyɛ atuatewfo nti, wobehu ampa ara sɛ odiyifo bi aba wɔn mu.
و تو‌ای پسر انسان از ایشان مترس و از سخنان ایشان بیم مکن اگرچه خارها و شوکها با تو باشد و در میان عقربها ساکن باشی، اما از سخنان ایشان مترس واز رویهای ایشان هراسان مشو، زیرا که ایشان خاندان فتنه انگیز می‌باشند. ۶ 6
Na wo, onipa ba, nsuro wɔn anaasɛ wɔn nsɛm. Nsuro, ɛwɔ mu sɛ nsasono ne nsɔe atwa wo ho ahyia na wote nkekantwɛre mu de, nanso nsuro nea wɔka, na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo.
پس کلام مرا به ایشان بگو، خواه بشنوند و خواه نشنوند، چونکه فتنه انگیز هستند. ۷ 7
Wɔyɛ atuatewfo ankasa nanso sɛ wobetie oo, sɛ wɔrentie oo, ɛsɛ sɛ woka me nsɛm kyerɛ wɔn.
و تو‌ای پسر انسان آنچه را که من به تو می‌گویم بشنو و مثل این خاندان فتنه انگیزعاصی مشو بلکه دهان خود را گشوده، آنچه را که من به تو می‌دهم بخور.» ۸ 8
Nanso wo onipa ba, tie asɛm a meka kyerɛ wo no. Ntew atua te sɛ saa atuatewfo no; bue wʼanom na di nea mede ma wo no.”
پس نگریستم و اینک دستی بسوی من درازشد و در آن طوماری بود. ۹ 9
Afei mehwɛe, na mihuu nsa bi a ateɛ wɔ me so, na mu na nhoma mmobɔwee bi wɔ.
و آن را پیش من بگشود که رو و پشتش هر دو نوشته بود و نوحه و ماتم و وای بر آن مکتوب بود. ۱۰ 10
Ɔtrɛw mu wɔ mʼanim. Nʼafanu no mu, na wɔakyerɛw kwadwom, awerɛhowdi ne nnome nsɛm.

< حزقیال 2 >