< حزقیال 17 >

و کلام خداوند بر من نازل شده، گفت: ۱ 1
Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
«ای پسر انسان، معمایی بیاور و مثلی درباره خاندان اسرائیل بزن. ۲ 2
“Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa yɛ abebusɛm na ka kyerɛ Israelfi.
و بگو خداوند یهوه چنین می‌فرماید: عقاب بزرگ که بالهای سترگ ونیهای دراز پر از پرهای رنگارنگ دارد به لبنان آمد و سر سرو آزاد را گرفت. ۳ 3
Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔkɔre kɛse bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wɔ mu ne ntakra atenten bebree a ɛwɔ ahosu ahorow baa Lebanon. Okosii sida dua nkɔn mu,
و سر شاخه هایش را کنده، آن را به زمین تجارت آورده، در شهرسوداگران گذاشت. ۴ 4
buu ne mman a ɛwɔ atifi pa ara na ɔde kɔɔ aguadifo asase bi so koduaa wɔ wɔn kuropɔn mu.
و از تخم آن زمین گرفته، آن را در زمین باروری نهاد و نزد آبهای بسیارگذاشته، آن را مثل درخت بید، غرس نمود. ۵ 5
“‘Ɔfaa wʼasase so aba no bi kɔhyɛɛ dɔtebere mu. Oduaa no sɛ ɔfɔsɔw dua a ɛwɔ nsuwansuwa ho,
وآن نمو کرده، مو وسیع کوتاه قد گردید که شاخه هایش بسوی او مایل شد و ریشه هایش درزیر وی می‌بود. پس موی شده شاخه‌ها رویانید ونهالها آورد. ۶ 6
na ɛfefɛw bɛyɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw wɔ fam. Ne mman no dannan kyerɛɛ ne so, nanso ne ntin no nyin kɔɔ fam. Enti ɛbɛyɛɛ bobe yiyii mman a so wɔ nhaban a ɛyɛ fɛ.
و عقاب بزرگ دیگری با بالهای سترگ و پرهای بسیار آمد و اینک این موریشه های خود را بسوی او برگردانید وشاخه های خویش را از کرته های بستان خودبطرف او بیرون کرد تا او وی را سیراب نماید. ۷ 7
“‘Nanso na ɔkɔre kɛse foforo bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho wɔ ntakra bebree wɔ hɔ. Bobe no dannan ne ntin fii beae a woduaa no hɔ kyerɛɛ ɔkɔre no na ɔtrɛw ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsu.
درزمین نیکو نزد آبهای بسیار کاشته شد تا شاخه هارویانیده، میوه بیاورد و مو قشنگ گردد. ۸ 8
Wɔadua bobe wɔ asase pa a ɛbɛn nsuwansuwa ho, sɛnea ebeyiyi mman na asow aba na afei abɛyɛ bobe dua a edi mu.’
بگو که خداوند یهوه چنین می‌فرماید: پس آیا کامیاب خواهد شد؟ آیا او ریشه هایش را نخواهد کند ومیوه‌اش را نخواهد چید تا خشک شود؟ تمامی برگهای تازه‌اش خشک خواهد شد و بدون قوت عظیم و خلق بسیاری از ریشه‌ها کنده خواهد شد. ۹ 9
“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛbɛyɛ yiye ana? Wɔrentu nʼase ntetew ne so aba mma entwintwam ana? Nea afefɛw wɔ ho nyinaa betwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na wɔatu nʼase.
اینک غرس شده است اما کامیاب نخواهدشد. بلکه چون باد شرقی بر آن بوزد بالکل خشک خواهد شد و در بوستانی که در آن رویید پژمرده خواهد گردید.» ۱۰ 10
Sɛ wotu bobe no tɛw a, ɛbɛyɛ yiye ana? Sɛ apuei mframa bɔ no a, ɛrentwintwam ana? Ebewu wɔ asase pa a woduaa wɔ so ma enyinii yiye no so.’”
و کلام خداوند بر من نازل شده، گفت: ۱۱ 11
Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
«به این خاندان متمرد بگو که آیا معنی‌این چیزها را نمی دانید؟ بگو که اینک پادشاه بابل به اورشلیم آمده، پادشاه و سرورانش را گرفت وایشان را نزد خود به بابل برد. ۱۲ 12
“Ka kyerɛ saa atuatewfo yi se, ‘Munnim nea saa nneɛma yi kyerɛ ana?’ Ka kyerɛ wɔn se, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne hene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia.
و از ذریه ملوک گرفته، با او عهد بست و او را قسم داد و زورآوران زمین را برد. ۱۳ 13
Oyii ɔdehye baako ne no kaa ntam yɛɛ apam. Ɔsoaa ntuanofo ne atitiriw a wɔwɔ asase no so nso kɔe,
تا آنکه مملکت پست شده، سربلند نکند اما عهد او را نگاه داشته، استواربماند. ۱۴ 14
sɛnea ɛbɛyɛ a ahenni no renyɛ den na wɔrensɔre bio, na apam no nko ara na ɛbɛbɔ wɔn ho ban.
و لیکن او از وی عاصی شده، ایلچیان خود را به مصر فرستاد تا اسبان و خلق بسیاری به او بدهند. آیا کسی‌که اینکارها را کرده باشد، کامیاب شود یا رهایی یابد؟ و یا کسی‌که عهد راشکسته است خلاصی خواهد یافت؟» ۱۵ 15
Nanso ɔhene no somaa ananmusifo kɔɔ Misraim kɔsrɛɛ asraafo dɔm kɛse ne apɔnkɔ bebree nam so tew atua. Obedi nkonim ana? Nea ɔyɛ saa nneɛma yi benya ne ti adidi mu ana? Obebu apam no so na wanya ne ti nso adidi mu ana?
خداوند یهوه می‌گوید: «به حیات خودم قسم که البته در مکان آن پادشاه که او را به پادشاهی نصب کرد و او قسم وی را خوارشمرده، عهد او را شکست یعنی نزد وی در میان بابل خواهد مرد. ۱۶ 16
“‘Sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade na ose, obewu wɔ Babilonia, ɔhene a ɔde no sii ahengua so no asase so, nea ɔtoo ne ntam na obuu nʼapam so no.
و چون سنگرها بر پا سازند وبرجها بنا نمایند تا جانهای بسیاری را منقطع سازند، آنگاه فرعون با لشکر عظیم و گروه کثیر اورا در جنگ اعانت نخواهد کرد. ۱۷ 17
Farao ne ne dɔmmarima ne nnipadɔm so remma no mfaso biara wɔ ɔko mu, bere a Babilonia asisi pampim na wayɛ ntuano nnwuma a ɔde rebɛsɛe bebree nkwa no.
چونکه قسم راخوار شمرده، عهد را شکست و بعد از آنکه دست خود را داده بود همه اینکارها را بعمل آورد، پس رهایی نخواهی یافت.» ۱۸ 18
Obuu apam no so, nam so de too ntam no. Esiane sɛ ɔde ne nsa ahyɛ apam no ase na ɔyɛɛ eyinom nyinaa nti, ɔremfa ne ho nni.
بنابراین خداوند یهوه چنین می‌گوید: «به حیات خودم قسم که سوگند مرا که او خوار شمرده و عهد مراکه شکسته است البته آنها را بر سر او وارد خواهم آورد. ۱۹ 19
“‘Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ mete ase yi, mɛma me ntam a ɔtoe, ne mʼapam a obuu so no abɔ ne ti so.
و دام خود را بر او خواهم گسترانید و اودر کمند من گرفتار خواهد شد و او را به بابل آورده، در آنجا بر وی درباره خیانتی که به من ورزیده است محاکمه خواهم نمود. ۲۰ 20
Mɛtrɛw mʼasau mu wɔ ne so na mʼafiri beyi no. Mede no bɛba Babilonia na mabu no atɛn wɔ hɔ, efisɛ wanni me nokware.
و تمامی فراریانش با جمیع افواجش از شمشیر خواهندافتاد و بقیه ایشان بسوی هر باد پراکنده خواهندشد و خواهید دانست که من که یهوه می‌باشم این را گفته‌ام.» ۲۱ 21
Nʼakofo a wɔreguan nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano, na wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu no mɛhwete wɔn akɔ mmaa nyinaa. Afei wubehu sɛ me Awurade makasa.
خداوند یهوه چنین می‌فرماید: «من سر بلندسرو آزاد را گرفته، آن را خواهم کاشت و از سراغصانش شاخه تازه کنده، آن را بر کوه بلند و رفیع غرس خواهم نمود. ۲۲ 22
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mʼankasa mɛpan mman afi sida dua no nkɔn mu na madua. Mɛpan mman frɔmfrɔm ketewaa bi afi ne nkɔn mu akodua wɔ bepɔw tenten bi so.
آن را بر کوه بلند اسرائیل خواهم کاشت و آن شاخه‌ها رویانیده، میوه خواهد آورد. و سرو آزاد قشنگ خواهد شد که هر قسم مرغان بالدار زیر آن ساکن شده، در سایه شاخه هایش آشیانه خواهند گرفت. ۲۳ 23
Medua wɔ Israel sorɔnsorɔmmea, ebeyiyi mman na asow aba na ayɛ sida dua a edi mu. Nnomaa ahorow bɛyɛ wɔn mmerebuw wɔ so na wɔanya ahomegyebea wɔ mman no nwini mu.
و تمامی در ختان صحرا خواهند دانست که من یهوه درخت بلند را پست می‌کنم و درخت پست رابلند می‌سازم و درخت سبز را خشک و درخت خشک را بارور می‌سازم. من که یهوه هستم این راگفته‌ام و بجا خواهم آورد.» ۲۴ 24
Nwura mu nnua nyinaa behu sɛ me Awurade, na mitwa dua tenten to fam na mema dua a ɛyɛ tiaa nyin yɛ tenten. Mema duamono twintwam na mema nea atwintwam nso yɛ frɔmfrɔm. “‘Me Awurade na maka, na mɛyɛ.’”

< حزقیال 17 >