< خروج 8 >

و خداوند موسی را گفت: «نزد فرعون برو، و به وی بگو خداوند چنین می‌گوید: قوم مرا رها کن تا مرا عبادت نمایند، ۱ 1
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kɔ Farao hɔ bio na kɔka kyerɛ no se, ‘Awurade se, Ma me nkurɔfo no kwan na wɔnkɔsom me.
و اگر تو از رهاکردن ایشان ابا می‌کنی، همانا من تمامی حدود تورا به وزغها مبتلا سازم. ۲ 2
Sɛ woampene so amma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ abɛhyɛ asase no so ma.
و نهر، وزغها را به کثرت پیدا نماید، به حدی که برآمده، به خانه ات وخوابگاهت و بسترت و خانه های بندگانت و برقومت و به تنورهایت و تغارهای خمیرت، درخواهند آمد، ۳ 3
Mpɔtorɔ bɛhyɛ Asubɔnten Nil ma. Wɔbɛba wʼahemfi, na wɔakɔ mo mpia mu, na afoforo akɔ mo mpa so, mo nkurɔfo ne mpanyimfo afi mu, ne mo fononoo ne nea mode fɔtɔw asikresiam nyinaa amaama.
و بر تو و قوم تو و همه بندگان تو وزغها برخواهند آمد.» ۴ 4
Mpɔtorɔ no bɛba mo nkurɔfo ne mpanyimfo nyinaa so.’”
و خداوند به موسی گفت: «به هارون بگو: دست خود را با عصای خویش بر نهرها و جویها و دریاچه‌ها دراز کن، ووزغها را بر زمین مصر برآور.» ۵ 5
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa pema no nkyerɛ nsubɔnten, nsuwa ne atare a ɛwɔ Misraim nyinaa so sɛnea ɛbɛyɛ a, mpɔtorɔ bebu so wɔ ɔman no afanan nyinaa.”
پس چون هارون دست خود را بر آبهای مصر دراز کرد، وزغها برآمده، زمین مصر راپوشانیدند. ۶ 6
Aaron teɛɛ ne nsa wɔ Misraim nsu so maa mpɔtorɔ bɛhyɛɛ ɔman no mu nyinaa ma tɔ.
و جادوگران به افسونهای خودچنین کردند، و وزغها بر زمین مصر برآوردند. ۷ 7
Nanso nkonyaayifo no nso yɛɛ saa ara maa mpɔtorɔ baa asase no so.
آنگاه فرعون موسی و هارون را خوانده، گفت: «نزد خداوند دعا کنید، تا وزغها را از من و قوم من دور کند، و قوم را رها خواهم کرد تا برای خداوندقربانی گذرانند.» ۸ 8
Afei, Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔsrɛ Awurade na onyi mpɔtorɔ no mfi asase yi so, na mɛma mo nkurɔfo no kwan na wɔakɔbɔ no afɔre.”
موسی به فرعون گفت: «وقتی را برای من معین فرما که برای تو و بندگانت وقومت دعا کنم تا وزغها از تو و خانه ات نابودشوند و فقط در نهر بمانند.» ۹ 9
Mose nso ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛ me bere ko a wopɛ sɛ wɔkɔ. Me nso mɛbɔ ho mpae ama mpɔtorɔ no nyinaa awuwu wɔ baabiara wɔ bere a wobɛhyɛ me no mu, na aka asubɔnten no mu mpɔtorɔ no nko ara.”
گفت: «فردا»، موسی گفت: «موافق سخن تو خواهد شد تا بدانی که مثل یهوه خدای ما دیگری نیست، ۱۰ 10
Farao kae se, “Monyɛ no ɔkyena nko ara.” Mose buae se, “Mate, ɛbɛba mu sɛnea woaka no na ama woahu sɛ obiara nni hɔ sɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn, no nko ara.
و وزغهااز تو و خانه ات و بندگانت و قومت دور خواهندشد و فقط در نهر باقی خواهند ماند.» ۱۱ 11
Mpɔtorɔ no nyinaa bewuwu ama aka wɔn a wɔwɔ asubɔnten no mu no.”
و موسی و هارون از نزد فرعون بیرون آمدند و موسی درباره وزغهایی که بر فرعون فرستاده بود، نزدخداوند استغاثه نمود. ۱۲ 12
Mose ne Aaron fii Farao anim kɔe. Mose kɔsrɛɛ Awurade sɛ onyi mpɔtorɔ a ɔde wɔn abegu Farao so no.
و خداوند موافق سخن موسی عمل نمود و وزغها از خانه‌ها و از دهات واز صحراها مردند، ۱۳ 13
Awurade tiee Mose nkotosrɛ no. Mpɔtorɔ wuwu hyɛɛ ɔman no mu ne afi mu ma tɔ.
و آنها را توده توده جمع کردند و زمین متعفن شد. ۱۴ 14
Wɔboaboaa mpɔtorɔ a wɔawuwu no ano akuw akɛseakɛse maa ɔman no mu bɔn yiye.
اما فرعون چون دیدکه آسایش پدید آمد، دل خود را سخت کرد وبدیشان گوش نگرفت، چنانکه خداوند گفته بود. ۱۵ 15
Nanso Farao huu sɛ mpɔtorɔ no kɔ no, ɔsan pirim ne koma bio enti wamma nnipa no ankɔ sɛnea Awurade aka ato hɔ no.
و خداوند به موسی گفت: «به هارون بگو که عصای خود را دراز کن و غبار زمین را بزن تا درتمامی زمین مصر پشه‌ها بشود.» ۱۶ 16
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron se, ‘Teɛ wo pema no bɔ fam mfutuma na ɛbɛdan ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma tɔ.’”
پس چنین کردند و هارون دست خود را با عصای خویش دراز کرد و غبار زمین را زد و پشه‌ها بر انسان وبهایم پدید آمد زیرا که تمامی غبار زمین در کل ارض مصر پشه‌ها گردید، ۱۷ 17
Mose ne Aaron yɛɛ nea Awurade hyɛɛ wɔn no maa ntontom bɛhyɛɛ ɔman mu no ne mu nnipa ne wɔn nyɛmmoa so ma tɔ. Misraim mfutuma nyinaa dan ntontom.
و جادوگران به افسونهای خود چنین کردند تا پشه‌ها بیرون آورند اما نتوانستند و پشه‌ها بر انسان و بهایم پدیدشد. ۱۸ 18
Nkonyaayifo no pɛɛ sɛ wɔn nso de wɔn anyankamade yɛ saa ara, nanso wɔantumi.
و جادوگران به فرعون گفتند: «این انگشت خداست.» اما فرعون را دل سخت شد که بدیشان گوش نگرفت، چنانکه خداوند گفته بود. ۱۹ 19
Nkonyaayifo no kyerɛɛ Farao se, “Eyi de Onyankopɔn nsa wɔ mu.” Nanso Farao pirim ne koma enti wantie wɔn sɛnea Awurade aka ato hɔ no.
و خداوند به موسی گفت: «بامدادان برخاسته پیش روی فرعون بایست. اینک بسوی آب بیرون می‌آید. و او را بگو: خداوند چنین می‌گوید: قوم مرا رها کن تا مرا عبادت نمایند، ۲۰ 20
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɔre anɔpatutuutu kohyia Farao bere a ɔrekɔ asubɔnten no mu no na, ka akyerɛ no se, ‘Awurade se: Ma me nkurɔfo nkɔ na wɔnkɔsom me.
زیرا اگر قوم مرا رها نکنی، همانا من بر تو وبندگانت و قومت و خانه هایت انواع مگسهافرستم و خانه های مصریان و زمینی نیز که برآننداز انواع مگسها پر خواهد شد. ۲۱ 21
Na sɛ woamma me nkurɔfo ankɔ a, mɛma nwansena agye Misraim afa. Mo afi mu ne asase no nyinaa bɛyɛ nwansena manyamanya.
و در آن روززمین جوشن را که قوم من در آن مقیمند، جداسازم که در آنجا مگسی نباشد تا بدانی که من درمیان این زمین یهوه هستم. ۲۲ 22
“‘Na nsonoe kɛse bɛda ɛha ne Gosen asase a Israelfo no te so no ntam, efisɛ nwansena biara renkɔ hɔ. Na ɛbɛma woahu sɛ, me Awurade mewɔ asase yi so.
و فرقی در میان قوم خود و قوم تو گذارم. فردا این علامت خواهدشد.» ۲۳ 23
Na mɛma wo nkurɔfo ho ada nsow afi me nkurɔfo ho. Saa nsɛnkyerɛnne yi besi ɔkyena.’”
و خداوند چنین کرد و انواع مگسهای بسیار به خانه فرعون و به خانه های بندگانش و به تمامی زمین مصر آمدند و زمین از مگسها ویران شد. ۲۴ 24
Awurade yɛɛ nea ɔkae no, enti nwansena bebu faa ɔman no so maa bi kɔhyɛɛ Farao ahemfi ne Misraim afi nyinaa mu amaama.
و فرعون موسی و هارون را خوانده گفت: «بروید و برای خدای خود قربانی در این زمین بگذرانید.» ۲۵ 25
Na Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔbɔ afɔre mma mo Nyankopɔn wɔ ɔman yi ara mu.”
موسی گفت: «چنین کردن نشایدزیرا آنچه مکروه مصریان است برای یهوه خدای خود ذبح می‌کنیم. اینک چون مکروه مصریان را پیش روی ایشان ذبح نماییم، آیاما را سنگسار نمی کنند؟ ۲۶ 26
Nanso Mose kae se, “Saa de, ɛrenyɛ ye. Yɛn afɔre a yɛbɔ ma Onyankopɔn no yɛ Misraimfo no ani so akyiwade, so wɔrensiw yɛn abo ana?
سفر سه روزه به صحرا برویم و برای یهوه خدای خود قربانی بگذرانیم چنانکه به ما امر خواهد فرمود.» ۲۷ 27
Ɛsɛ sɛ yetu nnansa kwan kɔ sare so, na yɛkɔbɔ afɔre ma Awurade, yɛn Nyankopɔn, sɛnea ɔhyɛ yɛn no.”
فرعون گفت: «من شما را رهایی خواهم داد تا برای یهوه، خدای خود، در صحرا قربانی گذرانید لیکن بسیار دور مروید و برای من دعاکنید.» ۲۸ 28
Farao kae se, “Mɛma mo kwan akɔ sare so akɔbɔ afɔre, na mmom, monnkɔ akyiri. Afei, mommɔ mpae mma me.”
موسی گفت: «همانا من از حضورت بیرون می‌روم و نزد خداوند دعا می‌کنم و مگسهااز فرعون و بندگانش و قومش فردا دور خواهندشد اما زنهار فرعون بار دیگر حیله نکند که قوم رارهایی ندهد تا برای خداوند قربانی گذرانند.» ۲۹ 29
Mose buae se, “Sɛ mifi ha pɛ a, mɛbɔ Awurade mpae na ɔkyena nwansena bebrebe no ase bɛtɔre afi wo, wo mpanyimfo ne wo nkurɔfo so. Nanso Farao nhwɛ yiye sɛ ɔrennaadaa bio a ɔremma nnipa no nkɔ nkɔbɔ afɔre mma Awurade.”
پس موسی از حضور فرعون بیرون شده نزدخداوند دعا کرد، ۳۰ 30
Enti Mose fii Farao nkyɛn kɔbɔɔ Awurade mpae,
و خداوند موافق سخن موسی عمل کرد و مگسها را از فرعون و بندگانش و قومش دور کرد که یکی باقی نماند. ۳۱ 31
na Awurade yɛɛ Mose abisade no. Nwansena no nyinaa ase tɔre fii Farao ne ne mpanyimfo so; anka ɔbaako mpo.
اما در این مرتبه نیز فرعون دل خود را سخت ساخته، قوم رارهایی نداد. ۳۲ 32
Nanso Farao san pirim ne koma a wamma nnipa no ankɔ.

< خروج 8 >