< خروج 40 >

و خداوند موسی را خطاب کرده، گفت: ۱ 1
Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
«در غره ماه اول مسکن خیمه اجتماع را برپا نما. ۲ 2
“Bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no na si Ahyiaeɛ Ntomadan no.
و تابوت شهادت را در آن بگذار. وحجاب را پیش تابوت پهن کن. ۳ 3
Wosi wie a, fa Apam Adaka a Mmaransɛm Edu no wɔ mu no si mu. Na fa ntwamutam no tware Apam Adaka no anim ma ɛnhyɛ kronkron mu kronkron hɔ.
و خوان رادرآورده، چیزهایی را که می‌باید، بر آن ترتیب نما. و چراغدان را درآور و چراغهایش را آراسته کن. ۴ 4
Afei, fa ɛpono no bɛsi hɔ na fa ɛho nneɛma nyinaa gu so na fa kaneadua no bra na sɔ kanea no.
و مذبح زرین را برای بخور پیش تابوت شهادت بگذار، و پرده دروازه را بر مسکن بیاویز. ۵ 5
Fa sikakɔkɔɔ afɔrebukyia a wɔbɛhye aduhwam wɔ so no bɛsi Apam Adaka no anim. Fa ɛpono no nkatanimu sɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.
و مذبح قربانی سوختنی را پیش دروازه مسکن خیمه اجتماع بگذار. ۶ 6
“Fa ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no si Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano.
و حوض را در میان خیمه اجتماع و مذبح بگذار، و آب در آن بریز. ۷ 7
Fa atam no si Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na hyɛ no nsuo ma.
و صحن را گرداگرد برپا کن. و پرده دروازه صحن رابیاویز. ۸ 8
Afei, siesie adihɔ bi twa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho hyia na fa nsɛnanimu no sɛn ne kwan no ano.
و روغن مسح را گرفته، مسکن را با آنچه در آن است مسح کن، و آن را با همه اسبابش تقدیس نما تا مقدس شود. ۹ 9
“Fa srango no na pete gu Ahyiaeɛ Ntomadan no so baabiara ne biribiara a ɛwɔ mu ne nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa ne nkonnwa so, na fa te ho.
و مذبح قربانی سوختنی را با همه اسبابش مسح کرده، مذبح راتقدیس نما. و مذبح، قدس اقداس خواهد بود. ۱۰ 10
Ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma nyinaa nso, pete ɔsra ngo no bi gu so na te ho na ɛnyɛ kronkron.
و حوض را با پایه‌اش مسح نموده، تقدیس کن. ۱۱ 11
Afei, fa ngo no bi sra atam no ne ne ntaamu no so fa te ho.
و هارون و پسرانش را نزد دروازه خیمه اجتماع آورده، ایشان را به آب غسل ده. ۱۲ 12
“Afei, fa Aaron ne ne mmammarima no bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano na fa nsuo hohoro wɔn ho
وهارون را به رخت مقدس بپوشان، و او را مسح کرده، تقدیس نما، تا برای من کهانت کند. ۱۳ 13
na fa atadeɛ kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo na ne ho nte na ɔmmɛyɛ me ɔsɔfoɔ.
وپسرانش را نزدیک آورده، ایشان را به پیراهنهابپوشان. ۱۴ 14
Afei, fa ne mmammarima no bra na fa wɔn ntadeɛ hyehyɛ wɔn
و ایشان را مسح کن، چنانکه پدرایشان را مسح کردی تا برای من کهانت نماید. ومسح ایشان هر آینه برای کهانت ابدی در نسلهای ایشان خواهد بود.» ۱۵ 15
na pete ngo gu wɔn so sɛdeɛ woyɛɛ wɔn agya no, sɛdeɛ wɔbɛsom me sɛ asɔfoɔ. Wɔn ngosra no bɛtena hɔ daa firi awo ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so. Na daa wɔn asefoɔ bɛyɛ asɔfoɔ.”
پس موسی موافق آنچه خداوند او را امر فرموده بود کرد، و همچنین به عمل آورد. ۱۶ 16
Enti, Mose kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Awurade akyerɛ no no.
و واقع شد در غره ماه اول از سال دوم که مسکن برپا شد، ۱۷ 17
Afe a ɛtɔ so mmienu no mu bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, wɔkekaa Ahyiaeɛ Ntomadan no sisii animu.
و موسی مسکن را برپا نمود، وپایه هایش را بنهاد و تخته هایش را قایم کرد، وپشت بندهایش را گذاشت، و ستونهایش را برپانمود، ۱۸ 18
Mose sii Ahyiaeɛ Ntomadan no; ɔde nsisisoɔ no sisii wɔn afa, de nnyinasoɔ no hyehyɛɛ mu de mmeamu nnua beabeaa mu de mpunan sisii wɔn afa.
و خیمه را بالای مسکن کشید، و پوشش خیمه را بر زبر آن گسترانید، چنانکه خداوند به موسی‌امر نموده بود. ۱۹ 19
Afei, ɔde nkurusoɔ no kuruu mponnwa no so de ne ngugusoɔ guguu so sane de ngugusoɔ a ɛdi akyire kuruu so sɛdeɛ Awurade se ɔnyɛ no.
و شهادت را گرفته، آن رادر تابوت نهاد، و عصاها را بر تابوت گذارد، وکرسی رحمت را بالای تابوت گذاشت. ۲۰ 20
Ɔde aboɔ a wɔatwerɛ Mmaransɛm Edu no wɔ so no guu Apam Adaka no mu de nnua a wɔdebɛsoa no sosɔɔ mu. Ɔde ne nkatasoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛyɛ mpata nkatasoɔ no kataa so.
وتابوت را به مسکن درآورد، و حجاب ستر راآویخته، آن را پیش تابوت شهادت کشید. چنانکه خداوند به موسی‌امر فرموده بود. ۲۱ 21
Afei, ɔde Apam Adaka no bɛsii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu de ntwamutam no twaa mu, sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.
و خوان را در خیمه اجتماع به طرف شمالی مسکن، بیرون حجاب نهاد. ۲۲ 22
Afei, ɔde ɛpono no sii Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam wɔ ntwamutam no akyi,
و نان را به حضور خداوند بر آن ترتیب داد، چنانکه خداوند به موسی‌امر فرموده بود. ۲۳ 23
de Ɔkyerɛ Burodo no too so wɔ Awurade anim sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.
و چراغدان را در خیمه اجتماع، مقابل خوان به طرف جنوبی مسکن نهاد. ۲۴ 24
Ɔde kaneadua no sii ɛpono no nkyɛn wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anafoɔ fam.
و چراغها رابه حضور خداوند گذاشت، چنانکه خداوند به موسی‌امر فرموده بود. ۲۵ 25
Afei, ɔsɔɔ kanea no wɔ Awurade anim sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ,
و مذبح زرین را درخیمه اجتماع، پیش حجاب نهاد. ۲۶ 26
ɛnna ɔde sikakɔkɔɔ afɔrebukyia sii ntwamutam no ho pɛɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.
و بخورمعطر بر آن سوزانید، چنانکه خداوند به موسی‌امر فرموده بود. ۲۷ 27
Afei, wɔde ohwam hyee nnuhwam sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.
و پرده دروازه مسکن راآویخت. ۲۸ 28
Ɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nsɛnanotam sɛnee ano.
و مذبح قربانی سوختنی را پیش دروازه مسکن خیمه اجتماع وضع کرد، و قربانی سوختنی و هدیه را بر آن گذرانید، چنانکه خداوند به موسی‌امر فرموده بود. ۲۹ 29
Ɔde afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so no si bɛn Ahyiaeɛ Ntomadan ɛkwan no ano, ɛnna ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.
و حوض رادر میان خیمه اجتماع و مذبح وضع کرده، آب برای شستن در آن بریخت. ۳۰ 30
Yei akyi, ɔde atam a wɔsi mu nneɛma no sii Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na wɔhyɛɛ no nsuo ma sɛdeɛ asɔfoɔ no bɛnya bi ahohoro wɔn ho.
و موسی و هارون وپسرانش دست و پای خود را در آن شستند. ۳۱ 31
Mose ne Aaron ne Aaron mmammarima hohoroo wɔn nsa ho ne wɔn nan ase wɔ hɔ.
وقتی که به خیمه اجتماع داخل شدند ونزد مذبح آمدند شست و شو کردند، چنانکه خداوند به موسی‌امر فرموده بود. ۳۲ 32
Ɛberɛ biara a wɔbɛfa afɔrebukyia no ho akɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no, wɔgyina hohoroo wɔn ho sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose no.
و صحن راگرداگرد مسکن و مذبح برپا نمود، و پرده دروازه صحن را آویخت. پس موسی کار را به انجام رسانید. ۳۳ 33
Ɔsii biribi twaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ho hyiaeɛ na wɔde nsɛnanotam sɛnee ano. Enti Mose yɛɛ yei de wiee nʼadwumayɛ.
آنگاه ابر، خیمه اجتماع را پوشانید و جلال خداوند مسکن را پر ساخت. ۳۴ 34
Omununkum no bɛkataa Ahyiaeɛ Ntomadan no so maa Awurade animuonyam hyɛɛ no ma.
و موسی نتوانست به خیمه اجتماع داخل شود، زیراکه ابربر آن ساکن بود، و جلال خداوند مسکن را پرساخته بود. ۳۵ 35
Esiane sɛ na omununkum no asi wɔ hɔ no enti, Mose antumi ankɔ mu na Awurade animuonyam hyɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ma.
و چون ابر از بالای مسکن برمی خاست، بنی‌اسرائیل در همه مراحل خودکوچ می‌کردند. ۳۶ 36
Ɛberɛ biara a omununkum no bɛpagya ne ho atu atene no, na Israelfoɔ no nso di akyire.
و هرگاه ابر برنمی خاست، تاروز برخاستن آن، نمی کوچیدند. ۳۷ 37
Na sɛ ɛgyina a, na wɔn nso agyina kɔsi sɛ ɛbɛtu atene bio.
زیرا که در روز، ابر خداوند بر مسکن و در شب، آتش بر آن می‌بود، در نظر تمامی خاندان اسرائیل، در همه منازل ایشان. ۳۸ 38
Awiaberɛ mu deɛ, Awurade omununkum no gyina Ahyiaeɛ Ntomadan no so na sɛ ɛduru anadwo a, na ogya asɔ wɔ omununkum no mu sɛdeɛ Israelfoɔ no nyinaa bɛhunu. Yei toaa so saa ara wɔ wɔn akwantuo no nyinaa mu.

< خروج 40 >