< خروج 28 >

«و تو برادر خود، هارون و پسرانش را با وی از میان بنی‌اسرائیل نزد خودبیاور تا برای من کهانت بکند، یعنی هارون وناداب و ابیهو و العازار و ایتامار، پسران هارون. ۱ 1
“Yi wo nua Aaron ne ne mmabarima Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar na tew wɔn ho na wɔnyɛ asɔfo nsom me.
ورختهای مقدس برای برادرت، هارون، بجهت عزت و زینت بساز. ۲ 2
Pam atade kronkron ma wo nua Aaron na ama anuonyam aba nʼadwuma no ho. Pam atade no na ɛnyɛ fɛ, sɛnea ɛbɛma afata nʼadwuma no.
و تو به جمیع دانادلانی که ایشان را به روح حکمت پر ساخته‌ام، بگو که رختهای هارون را بسازند برای تقدیس کردن او تابرای من کهانت کند. ۳ 3
Ka kyerɛ nnipa a mama wɔn adepam ho nyansa na wɔmpam atade no. Ɛno na ɛbɛma no ada nsow wɔ ne mfɛfo mu na ama watumi asom me.
و رختهایی که می‌سازنداین است: سینه بند و ایفود و ردا و پیراهن مطرز وعمامه و کمربند. این رختهای مقدس را برای برادرت هارون و پسرانش بسازند تا بجهت من کهانت کند. ۴ 4
Ntade ahorow a wɔbɛpam no ni: adɛbo asɔfotade, atade yuu, atade kɔnsin a ɛyɛ adamadam, abotiri ne nkyekyeremu. Wɔbɛpam ntade kronkron bi nso de ama Aaron mmabarima no.
و ایشان طلا و لاجورد و ارغوان وقرمز و کتان نازک را بگیرند، ۵ 5
Wɔde ntama tuntum, bibiri ne koogyan a wɔde asaawatam pa na anwen na ɛbɛpam.
«و ایفود را از طلا و لاجورد و ارغوان و قرمزو کتان نازک تابیده شده، از صنعت نساج ماهربسازند. ۶ 6
“Ma ntamanwen mu adwumfo papa mfa sikakɔkɔɔ ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafura nyɛ asɔfotade no.
و دو کتفش را بر دو کناره‌اش بپیوندند تاپیوسته شود. ۷ 7
Wɔbɛpam no asinasin abien a ɛyɛ anim ne akyi a wɔapam ne mmati no so abɔ mu.
و زنار ایفود که برآن است، ازهمان صنعت و از همان پارچه باشد، یعنی از طلاو لاجورد و ارغوان و قرمز و کتان نازک تابیده شده. ۸ 8
Nkyekyeremu no bɛyɛ ntama koro no ara bi. Ɛbɛyɛ asaawatam a ɛyɛ akokɔsrade, tuntum, bibiri ne koogyan.
و دو سنگ جزع بگیر و نامهای بنی‌اسرائیل را بر آنها نقش کن. ۹ 9
“Fa apopobibiri abo abien na kyerɛw Israelfo mmusuakuw no din gu so.
شش نام ایشان را بر یک سنگ و شش نام باقی ایشان را بر سنگ دیگر موافق تولد ایشان. ۱۰ 10
Ɔbo biara, wɔnkyerɛw din asia ngu so, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa din bedidi so mpanyin mu.
از صنعت نقاش سنگ مثل نقش خاتم نامهای بنی‌اسرائیل را بر هردو سنگ نقش نما و آنها را در طوقهای طلا نصب کن. ۱۱ 11
Fa ɔkwan a aboɔdemmotwafo si fa twa din gu adwinne so no so kyerɛw din ahorow no sɛnea Israel mma no din te, na fa sika mmuano twa ho hyia.
و آن دو سنگ را بر کتفهای ایفود بگذار تاسنگهای یادگاری برای بنی‌اسرائیل باشد، وهارون نامهای ایشان را بر دو کتف خود، بحضور خداوند برای یادگاری بردارد. ۱۲ 12
Fa abo abien no sisi asɔfotade no mmati so na ɛnyɛ nkae ade mma Israelfo. Na daa Aaron nso nam so akae, abɔ wɔn din akyerɛ Awurade.
و دو طوق ازطلا بساز. ۱۳ 13
Yɛ sikakɔkɔɔ ntweaban a wɔakyinkyim
و دو زنجیر از طلای خالص بسازمثل طناب بهم پیچیده شده، و آن دو زنجیر بهم پیچیده شده را در طوقها بگذار. ۱۴ 14
ne ntweaban abien a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ tetare ntetareho a ɛwɔ asɔfotade no mmati so no mu.
«و سینه بند عدالت را از صنعت نساج ماهر، موافق کار ایفود بساز و آن را از طلا و لاجورد وارغوان و قرمز و کتان نازک تابیده شده بساز. ۱۵ 15
“Momma odwumfo a nʼadwinni yɛ fɛ na ɔnyɛ atemmu adɛbo no. Momfa asaawatam a ɛyɛ akokɔsrade, tuntum, bibiri ne koogyan na ɛmpam adɛbo no sɛnea mode pam asɔfotade no.
ومربع و دولا باشد، طولش یک وجب و عرضش یک وجب. ۱۶ 16
Mummu adɛbo no nto so na ɛnyɛ sɛ ntama nkotoku.
و آن را به ترصیع سنگها، یعنی به چهار رسته از سنگها مرصع کن که رسته اول عقیق احمر و یاقوت اصفر و زمرد باشد، ۱۷ 17
Momfa abo a ɛsom bo a ɛsesa so anan mmobɔ mu. Nea a edi kan no nyɛ bogyanambo, nea ɛto so abien no nyɛ akraatebo na nea etwa to no nyɛ ɔbo a ɛte sɛ ahabammono.
و رسته دوم بهرمان و یاقوت کبود و عقیق سفید، ۱۸ 18
Nsaso a ɛto so abien no nyɛ nsrammabo, hoabo ne dɛnkyɛmmo.
ورسته سوم عین الهر و یشم و جمشت، ۱۹ 19
Nsaso a ɛto so abiɛsa no nso bɛyɛ akutuhonobo, mfrafraebo ne beredumbo.
و رسته چهارم زبرجد و جزع و یشب. و آنها دررسته های خود با طلا نشانده شود. ۲۰ 20
Nsaso a ɛto so anan no bɛyɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo. Sikakɔkɔɔ mmuano ntwa ne nyinaa ho nhyia.
و سنگهاموافق نامهای بنی‌اسرائیل مطابق اسامی ایشان، دوازده باشد، مثل نقش خاتم، و هر یک برای دوازده سبط موافق اسمش باشد. ۲۱ 21
Ɔbo no baako biara begyina hɔ ama Israel mmusuakuw no baako. Na wɔbɛkyerɛw abusua ko no din agu so sɛ nsɔwanode.
و بر سینه بند، زنجیرهای بهم پیچیده شده، مثل طناب از طلای خالص بساز. ۲۲ 22
“Ɔkwan a mobɛfa so de adɛbo no afam asɔfotade no mu ni: yɛ sikakɔkɔɔ ntweaban.
و بر سینه بند، دو حلقه از طلابساز و آن دو حلقه را بر دو طرف سینه بند بگذار. ۲۳ 23
Yɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien, na fa tetare adɛbo no twɔtwɔw so.
و آن دو زنجیر طلا را بر آن دو حلقه‌ای که برسر سینه بند است بگذار. ۲۴ 24
Fa sikakɔkɔɔ ntweaban abien no hyehyɛ adɛbo no nkaa abien no twɔtwɔw so,
و دو سر دیگر آن دوزنجیر را در آن دو طوق ببند و بر دو کتف ایفودبطرف پیش بگذار. ۲۵ 25
ntweaban abien a aka no fa biara nso, wɔmfa ntare ɔbo a ɛte sɛ apopobibiri no apɔw abien no so nsan mfa ntare asɔfotade no mmati so.
و دو حلقه زرین بساز و آنهارا بر دو سر سینه بند، به کنار آن که بطرف اندرون ایفود است، بگذار. ۲۶ 26
Yɛ sika nkaa abien na fa hyehyɛ adɛbo ntwea abien a ɛwɔ fam no mu.
و دو حلقه دیگر زرین بسازو آنها را بر دو کتف ایفود از پایین بجانب پیش، دربرابر پیوستگی آن، بر زبر زنار ایفود بگذار. ۲۷ 27
San yɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien hyehyɛ asɔfotade no ntwea so wɔ fam ma ɛnka nkyekyeremu no.
وسینه بند را به حلقه هایش بر حلقه های ایفود به نوار لاجورد ببندند تا بالای زنار ایفود باشد و تاسینه بند از ایفود جدا نشود. ۲۸ 28
Fa bibiri hama kyekyere adɛbo no ase na fa hyehyɛ nkaa a ɛwɔ asɔfotade no ase no mu. Eyi remma adɛbo no mfi asɔfotade no ho ntew nsensɛn.
و هارون نامهای بنی‌اسرائیل را بر سینه بند عدالت بر دل خود، وقتی که به قدس داخل شود، به حضور خداوندبجهت یادگاری دائم بردارد. ۲۹ 29
“Aaron bɛfa saa kwan yi so na ɔde Israel mmusuakuw no din a ɛwɔ adɛbo no so no bɛkɔ kronkronbea hɔ; na eyi na ɛbɛma Awurade akae Israelman bere nyinaa mu.
و اوریم و تمیم را در سینه بند عدالت بگذار تا بر دل هارون باشد، وقتی که به حضور خداوند بیاید، و عدالت بنی‌اسرائیل را بر دل خود بحضور خداوند دائم متحمل شود. ۳۰ 30
Sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɔmfa Urim ne Tumim a ase ne hann ne pɛyɛ nhyɛ adɛbo a ɛda ne koko so no kotoku mu. Saa ara na daa Aaron bɛsoa nneɛma a wɔnam so kyerɛ Awurade apɛde de ma ne nkurɔfo no bere biara a ɔbɛkɔ Awurade anim no.
«و ردای ایفود را تمام از لاجورد بساز. ۳۱ 31
“Wɔde ntama tuntum na ɛbɛpam asɔfotade no
و شکافی برای سر، در وسطش باشد. و حاشیه گرداگرد شکافش از کار نساج مثل گریبان زره، تادریده نشود. ۳۲ 32
na wɔagyaw ɔkwan bi a Aaron de ne ti bewura mu. Ɛsɛ sɛ wɔde ntama a wɔanwen to atade no kɔn mu hyia, na ansuane amfa mu.
و در دامنش، انارها بساز ازلاجورد و ارغوان و قرمز، گرداگرد دامنش، وزنگوله های زرین در میان آنها به هر طرف. ۳۳ 33
Wɔde ntama tuntum, bibiri ne koogyan na ɛbɛpam ato ano.
زنگوله زرین و اناری و زنگوله زرین و اناری گرداگرد دامن ردا. ۳۴ 34
Ɛsɛ sɛ wɔde sikakɔkɔɔ adɔmma ne atoaa aba a edi afrafra twa asɔfotade no mmuano ho hyia.
و در بر هارون باشد، هنگامی که خدمت می‌کند، تا آواز آنها شنیده شود، هنگامی که در قدس بحضور خداوند داخل می‌شود و هنگامی که بیرون می‌آید تا نمیرد. ۳۵ 35
Bere biara a Aaron bɛkɔ Awurade anim akɔsɔre no, saa asɔfotade yi na ɔbɛhyɛ. Ɔredi akɔneaba wɔ Awurade anim hɔ wɔ kronkronbea hɔ no, na dɔn no rewosow sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenwu.
وتنکه از طلای خالص بساز و بر آن مثل نقش خاتم قدوسیت برای یهوه نقش کن. ۳۶ 36
“Afei, boro sikakɔkɔɔ ankasa ma ɛnyɛ tratraa sɛ prɛte na kyerɛw so sɛnea wokurukyerɛw nsɔwanode so no se: Kronkron Ma Awurade.
و آن را به نوارلاجوردی ببند تا بر عمامه باشد، بر پیشانی عمامه خواهد بود. ۳۷ 37
Wɔde ntama tuntum beso mu asensɛn Aaron abotiri no anim.
و بر پیشانی هارون باشد تا هارون گناه موقوفاتی که بنی‌اسرائیل وقف می‌نمایند، درهمه هدایای مقدس ایشان متحمل شود. و آن دائم بر پیشانی او باشد تا بحضور خداوند مقبول شوند. ۳۸ 38
Aaron de saa ade no bɛbɔ ne moma so sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ Israelfo no bɔ afɔre biara na mfomso ba ho a, ɛho asodi bɛda ne so, na Awurade agye nnipa no, na ɔde wɔn bɔne nso akyɛ wɔn.
و پیراهن کتان نازک را بباف و عمامه‌ای از کتان نازک بساز و کمربندی از صنعت طرازبساز. ۳۹ 39
“Fa asaawatam a ɛyɛ fɛ nwen Aaron atade kɔnsin no. Ma ɛnyɛ adamadam na fa ntama koro no ara bi pam abotiri na nwen biribi gu ne nkatakɔnmu no nso mu.
و برای پسران هارون پیراهنها بساز و بجهت ایشان کمربندها بساز و برای ایشان عمامه‌ها بساز بجهت عزت و زینت. ۴۰ 40
Pam atade yuu ne nkyekyeremu ne abotiri ma Aaron mmabarima na momfa obu ne nidi mma wɔn.
و برادرخود هارون و پسرانش را همراه او به آنها آراسته کن، و ایشان را مسح کن و ایشان را تخصیص وتقدیس نما تا برای من کهانت کنند. ۴۱ 41
Saa ntade yi na momfa nhyɛ Aaron ne ne mmabarima na momfa ngo ngu wɔn tirim mfa nhyɛ wɔn asɔfo wɔ ɔsom no mu, na momfa ntew wɔn ho sɛ asɔfo a wɔyɛ me dea.
و زیرجامه های کتان برای ستر عورت ایشان بساز که ازکمر تا ران برسد، ۴۲ 42
“Mompam sirikyi ntade a efi wɔn sisi kɔka wɔn nan ase, na wɔhyɛ ansa a, wɔahyɛ wɔn ntade no agu so.
و بر هارون و پسرانش باشد، هنگامی که به خیمه اجتماع داخل شوند یا نزدمذبح آیند تا در قدس خدمت نمایند، مبادامتحمل گناه شوند و بمیرند. این برای وی و بعد ازاو برای ذریتش فریضه ابدی است. ۴۳ 43
Bere biara a Aaron ne ne mmabarima no rekɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ anaasɛ wɔrekɔ afɔremuka no anim wɔ kronkronbea hɔ no, wɔnhyɛ. Anyɛ saa a afɔbu bɛba wɔn so ama wɔawuwu. “Eyi yɛ daa apam a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmabarima.

< خروج 28 >