< خروج 26 >

«و مسکن را از ده پرده کتان نازک تابیده، و لاجورد و ارغوان و قرمز بساز. با کروبیان از صنعت نساج ماهر آنها را ترتیب نما. ۱ 1
“Fa asaawa a ɛyɛ fɛ a woafura bamma du ne ntama a wɔahyɛ no aduru tuntum, ɔtam bibiri, koogyan a wɔanwen kerubim sɛso agu mu si Ahyiae Ntamadan no.
طول یک پرده بیست و هشت ذراع، و عرض یک پرده چهار ذراع، و همه پرده‌ها را یک اندازه باشد. ۲ 2
Ɛsɛ sɛ nkataano du no nyinaa kɛse yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan abien na ne trɛw nso yɛ anammɔn asia.
پنج پرده با یکدیگر پیوسته باشد، و پنج پرده با یکدیگر پیوسته. ۳ 3
Mompam saa ntama no anum mmɔ mu mma ɛnyɛ baako. Anum a aka no nso, monyɛ no saa ara.
و مادگیهای لاجورد برکنار هر پرده‌ای بر لب پیوستگی‌اش بساز، و برکنار پرده بیرونی در‌پیوستگی دوم چنین بساز. ۴ 4
Momfa ntama bibiri bamma aduonum nwurawura ntama no afa abien a ɛsensɛn hɔ no mu.
پنجاه مادگی در یک پرده بساز، و پنجاه مادگی در کنار پرده‌ای که در‌پیوستگی دوم است بساز، به قسمی که مادگیها مقابل یکدیگر باشد. ۵ 5
Ɛsɛ sɛ mobɔ nkɔtɔkoro aduonum ma edi nhwɛanim wɔ ɔfa biara.
و پنجاه تکمه زرین بساز و پرده‌ها را به تکمه‌ها با یکدیگرپیوسته ساز، تا مسکن یک باشد. ۶ 6
Bɔ sikakɔkɔɔ nkɔtɔkoro aduonum na fa kyekyere nkɔtɔkoro no bɔ mu, sɛnea ɛbɛyɛ na Ahyiae Ntamadan hɔ no bɛyɛ ɔdan baako.
و خیمه بالای مسکن را از پرده های پشم بز بساز، و برای آن یازده پرده درست کن. ۷ 7
“Monwen mmirekyi nwi mfa nkuru Ahyiae Ntamadan no so. Ɛsɛ sɛ nkuruso no dodow yɛ dubaako.
طول یک پرده سی ذراع، و عرض یک پرده چهار ذراع، و اندازه هر یازده پرده‌یک باشد. ۸ 8
Nkurusotam dubaako no nyinaa tenten ne ne trɛw nyɛ pɛpɛɛpɛ. Ne tenten nyɛ anammɔn aduanan anum na ne trɛw nyɛ anammɔn asia.
و پنج پرده را جدا و شش پرده راجدا، پیوسته ساز، و پرده ششم را پیش روی خیمه دولا کن. ۹ 9
Ka saa nkataso yi anum bɔ mu na ɛnyɛ ade tɛtrɛɛ baako; na fa asia a aka no bɔ mu na ɛno nso nyɛ ade tɛtrɛɛ baako. Wobebu nkuruso a ɛto so asia no ato so ama asensɛn fam sɛ ɔdan kronkron no nhiniano.
و پنجاه مادگی بر کنار پرده‌ای که در‌پیوستگی بیرون است بساز، و پنجاه مادگی بر کنار پرده‌ای که در‌پیوستگی دوم است. ۱۰ 10
Yɛ nkɔtɔkoro aduonum aduonum a wɔabobɔ hyehyɛ ntama asinasin akuw abien no biara ano.
وپنجاه تکمه برنجین بساز، و تکمه‌ها را در مادگیهابگذران، و خیمه را با هم پیوسته ساز تا یک باشد. ۱۱ 11
Na yɛ nsusomu aduonum na fa saa nsusomu no hyehyɛ nkɔtɔkoro no mu na ɛnka asɔredan no mmɔ mu na ɛnyɛ mua.
و زیادتی پرده های خیمه که باقی باشد، یعنی نصف پرده که زیاده است، از پشت خیمه آویزان شود. ۱۲ 12
Ɔdan no nkurusotam anammɔn baako ne fa bɛsensɛn Ahyiae Ntamadan no akyi,
و ذراعی از این طرف و ذراعی از آن طرف که در طول پرده های خیمه زیاده باشد، برطرفین مسکن از هر دو جانب آویزان شود تا آن رابپوشد. ۱۳ 13
na anammɔn baako ne fa nso asensɛn anim.
و پوششی برای خیمه از پوست قوچ سرخ شده بساز، و پوششی از پوست خز بر زبرآن. ۱۴ 14
Momfa nneɛma ahorow abien mmɔ ɔdan no so. Nea edi kan no nyɛ odwennini were a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, nea ɛto so abien nyɛ abirekyi were a ɛsɔ.
«و تخته های قایم از چوب شطیم برای مسکن بساز. ۱۵ 15
“Fa ɔkanto yɛ ntaaboo na fa twa Ahyiae Ntamadan no ho.
طول هر تخته ده ذراع، و عرض هر تخته یک ذراع و نیم. ۱۶ 16
Mpuran biara sorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne kakra.
و در هر تخته دو زبانه قرینه یکدیگر باشد، و همه تخته های مسکن راچنین بساز. ۱۷ 17
Ɛsɛ sɛ nkɔtɔkoro abien wɔ mpuran biara ase, na mpuran biara yɛ pɛ.
و تخته‌ها برای مسکن بساز، یعنی بیست تخته از طرف جنوب به سمت یمانی. ۱۸ 18
Mobɛyɛ Ahyiae Ntamadan no ntaaboo ama emu aduonu akyerɛ nʼanafo.
وچهل پایه نقره در زیر آن بیست تخته بساز، یعنی دو پایه زیر یک تخته برای دو زبانه‌اش، و دو پایه زیر یک تخته برای دو زبانه‌اش. ۱۹ 19
Wɔde besisi dwetɛ nnyinaso aduanan so; nnyinaso no abien abien nhyehyɛ mpuran biara ase.
و برای جانب دیگر مسکن، از طرف شمال بیست تخته باشد. ۲۰ 20
Ahyiae Ntamadan no atifi fam nso, wɔbɛyɛ ntaaboo aduonu atwa ho.
و چهل پایه نقره آنها، یعنی دو پایه زیر یک تخته و دو پایه زیر تخته دیگر. ۲۱ 21
Ɛno nso wɔde besisi dwetɛ nnyinaso aduanan so a mpuran baako besi nnyinaso abien so.
و برای موخر مسکن از جانب غربی شش تخته بساز. ۲۲ 22
Ahyiae Ntamadan no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no bɛyɛ nʼakyi. Ɛno nso wɔde ntaaboo asia na ebetwa ho
و برای گوشه های مسکن در موخرش دو تخته بساز. ۲۳ 23
a ntaaboo abien sisi twea biara.
واز زیر وصل کرده شود، و تا بالا نیز در یک حلقه باهم پیوسته شود، و برای هر دو چنین بشود، در هردو گوشه باشد. ۲۴ 24
Wɔde nkɔtɔkoro besuso ntaaboo abien no soro ne ne fam.
و هشت تخته باشد و پایه های آنها از نقره شانزده پایه باشد، یعنی دو پایه زیریک تخته و دو پایه زیر تخته دیگر. ۲۵ 25
Wɔka ne nyinaa bɔ mu a, ntaaboo awotwe na wɔde bɛyɛ ɔdan no fa hɔ a wɔde besisi dwetɛ nsisiso dunsia so. Mpuran biara bɛfa nsisiso abien.
«و پشت بندها از چوب شطیم بساز، پنج ازبرای تخته های یک طرف مسکن، ۲۶ 26
“Fa ɔkanto sen mmeamu nnua bi na fa bea ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no anum nkɔ ntaaboo no fa baako
و پنج پشت بند برای تخته های طرف دیگر مسکن، وپنج پشت بند برای تخته های طرف مسکن درموخرش به سمت مغرب. ۲۷ 27
na anum a aka no nso nkɔ ɔfa baako. Fa mmeamu nnua no anum bobɔ ntaaboo a ɛwɔ ntamadan no akyi, a ani kyerɛ atɔe fam no.
و پشت بند وسطی که میان تخته هاست، از این سر تا آن سر بگذرد. ۲۸ 28
Ma mmeamu dua a ɛbea mfimfini no nkɔ ntaaboo no soro kakra mma emfi ti nkɔka ti.
و تخته‌ها را به طلا بپوشان و حلقه های آنها رااز طلا بساز تا خانه های پشت بندها باشد وپشت بندها را به طلا بپوشان. ۲۹ 29
Fa sikakɔkɔɔ dura ntaaboo no ho na fa sikakɔkɔɔ nkaa suso mmeamu dua no mu na ennyina. Fa sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho.
«پس مسکن را برپا کن موافق نمونه‌ای که در کوه به تو نشان داده شد. ۳۰ 30
“Fa hyehyɛbea a mekyerɛɛ wo wɔ bepɔw no so hɔ no so pɛpɛɛpɛ si Ahyiae Ntamadan no.
و حجابی ازلاجورد و ارغوان و قرمز و کتان نازک تابیده شده بساز، از صنعت نساج ماهر با کروبیان ساخته شود. ۳۱ 31
“Fa ntama tuntum, koogyan bibiri, koogyan ne asaawatam a ɛyɛ fɛ yɛ ntwamtam a wɔanwen kerubim sɛso agu mu no.
و آن را بر چهار ستون چوب شطیم پوشیده شده به طلا بگذار، و قلابهای آنها از طلاباشد و بر چهار پایه نقره قایم شود. ۳۲ 32
Fa sɛn ɔkanto nnua fadum anan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho a sikakɔkɔɔ nsusomu anan suso ano no so. Ma ɔfadum anan no mu biara nsi dwetɛ nnyinaso anan no baako so.
و حجاب را زیر تکمه‌ها آویزان کن، و تابوت شهادت را درآنجا به اندرون حجاب بیاور، و حجاب، قدس رابرای شما از قدس‌الاقداس جدا خواهد کرد. ۳۳ 33
Fa ntwamtam no sensɛn nsusomu no so na fa twa ɔdan no mu. Fa adaka a ɔbo a wɔakyerɛw Onyankopɔn mmara agu so no da mu no si ntama ntwamu no akyi. Ntama ntwamu no betwa kronkronbea hɔ ne kronkron mu kronkron no ntam.
وتخت رحمت را بر تابوت شهادت درقدس‌الاقداس بگذار. ۳۴ 34
Afei, fa adaka no mmuaso a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ no bua so na fa si kronkron mu kronkron hɔ.
و خوان را بیرون حجاب و چراغدان را برابر خوان به طرف جنوبی مسکن بگذار، و خوان را به طرف شمالی آن برپا کن. ۳۵ 35
Fa ɔpon no ne kaneadua no twa dan no mu wɔ ntwamtam no akyi. Kaneadua no besi kronkronbea no anafo, na ɔpon no asi nʼatifi.
و پرده‌ای برای دروازه مسکن از لاجورد و ارغوان وقرمز و کتان نازک تابیده شده از صنعت طرازبساز. ۳۶ 36
“Fa ntama foforo a ɛyɛ ɔtam bibiri ne koogyan asaawatam yɛ Ahyiae Ntamadan no ano nkataanim.
و برای پرده پنج ستون از چوب شطیم بساز، و آنها را به طلا بپوشان، و قلابهای آنها ازطلا باشد، و برای آنها پنج پایه برنجین بریز. ۳۷ 37
Fa saa ntwamtam no sɛn ɔkanto mpuran anum a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho no nsusomu no so. Wɔde saa mpuran no besisi ayowa ntaease anum no mu.

< خروج 26 >