< خروج 19 >

و در ماه سوم از بیرون آمدن بنی‌اسرائیل از زمین مصر، در همان روزبه صحرای سینا آمدند، ۱ 1
Anadwo a Israelfo no tu fii Misraim no, nʼasram abiɛsa so na wɔde koduu Sinai sare so.
و از رفیدیم کوچ کرده، به صحرای سینا رسیدند، و در بیابان اردو زدند، واسرائیل در آنجا در مقابل کوه فرود آمدند. ۲ 2
Wotu fii Refidim no, wokoduu Sinai sare so na wɔbɔɔ atenase wɔ Sinai Bepɔw no ase.
وموسی نزد خدا بالا رفت، و خداوند از میان کوه اورا ندا درداد و گفت: «به خاندان یعقوب چنین بگو، و بنی‌اسرائیل را خبر بده: ۳ 3
Mose foro kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn na Awurade frɛɛ no fii bepɔw no so kae se, “Ka saa nsɛm yi kyerɛ Yakob asefo Israelman se,
شما آنچه را که من به مصریان کردم، دیده‌اید، و چگونه شما را بربالهای عقاب برداشته، نزد خود آورده‌ام. ۴ 4
‘Moahu nea meyɛɛ Misraimfo no ne ɔkwan a mefaa so soaa mo wɔ ɔkɔre ntaban so de mo baa me nkyɛn no.
واکنون اگر آواز مرا فی الحقیقه بشنوید، و عهد مرانگاه دارید، همانا خزانه خاص من از جمیع قومهاخواهید بود. زیرا که تمامی جهان، از آن من است. ۵ 5
Sɛ mubetie me, na moadi mʼahyɛde so a, mobɛyɛ me nguankuw ketewa wɔ asase so aman nyinaa mu, efisɛ asase nyinaa yɛ me dea.
و شما برای من مملکت کهنه و امت مقدس خواهید بود. این است آن سخنانی که به بنی‌اسرائیل می‌باید گفت.» ۶ 6
Na mobɛyɛ asɔfo ahemman a ɛyɛ ɔman kronkron ama Onyankopɔn.’ Saa nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfo no.”
پس موسی آمده، مشایخ قوم را خواند، و همه این سخنان را که خداوند او را فرموده بود، بر ایشان القا کرد. ۷ 7
Mose sian fii bepɔw no so bae no, ɔfrɛɛ mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano nyinaa na ɔkaa asɛm a Awurade ahyɛ no sɛ ɔnka no kyerɛɛ wɔn.
وتمامی قوم به یک زبان در جواب گفتند: «آنچه خداوند امر فرموده است، خواهیم کرد.» و موسی سخنان قوم را باز به خداوند عرض کرد. ۸ 8
Wɔtee asɛm no, wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Yɛbɛyɛ biribiara a Awurade aka sɛ yɛnyɛ no nyinaa.” Enti Mose kɔkaa nsɛm a nnipa no aka no kyerɛɛ Awurade.
و خداوند به موسی گفت: «اینک من در ابرمظلم نزد تو می‌آیم، تا هنگامی که به تو سخن گویم قوم بشنوند، و بر تو نیز همیشه ایمان داشته باشند.» پس موسی سخنان قوم را به خداوند بازگفت. ۹ 9
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Merebɛba wo nkyɛn sɛ omununkum sɛnea ɛbɛyɛ na me ne wo kasa a, nnipa no bɛte me nne na ɛnam so ama wɔagye wo adi daa.”
خداوند به موسی گفت: «نزد قوم برو وایشان را امروز و فردا تقدیس نما، و ایشان رخت خود را بشویند. ۱۰ 10
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sian kɔ nnipa no nkyɛn na kɔtew wɔn ho nnɛ ne ɔkyena. Ma wɔnhoro wɔn nneɛma nyinaa,
و در روز سوم مهیا باشید، زیرا که در روز سوم خداوند در نظر تمامی قوم برکوه سینا نازل شود. ۱۱ 11
na siesie wo ho ma ɔkyena akyi efisɛ saa da no mesian aba Sinai Bepɔw no so a ɔmanfo nyinaa ani tua me.
و حدود برای قوم از هرطرف قرار ده، و بگو: باحذر باشید از اینکه به فرازکوه برآیید، یا دامنه آن را لمس نمایید، زیرا هر‌که کوه را لمس کند، هرآینه کشته شود. ۱۲ 12
Twitwa ahye sɛnea nnipa no rentra na ka kyerɛ wɔn se, ‘Monhwɛ yiye. Mommforo nkɔ bepɔw no atifi na monnkɔ nʼahye no nso so; obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu.
دست برآن گذارده نشود بلکه یا سنگسار شود یا به تیرکشته شود، خواه بهایم باشد خواه انسان، زنده نماند. اما چون کرنا نواخته شود، ایشان به کوه برآیند.» ۱۳ 13
Sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa a, obiara nso ne mu. Na mmom, wobesiw no abo anaasɛ wɔbɛtotow agyan awowɔ no ama wawu.’ Montwe mo ho mfi bepɔw no ho koraa kosi sɛ torobɛnto bi bɛhyɛn denneennen ansa na moaforo akɔ bepɔw no so.”
پس موسی از کوه نزد قوم فرود آمده، قوم را تقدیس نمود و رخت خود را شستند. ۱۴ 14
Mose sian fii bepɔw no so kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔtew wɔn ho ma wɔhoroo wɔn nneɛma nyinaa.
و به قوم گفت: «در روز سوم حاضر باشید، و به زنان نزدیکی منمایید.» ۱۵ 15
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munsiesie mo ho, na aka nnansa na Onyankopɔn aba, enti obiara nnkɔ ɔbea ho.”
و واقع شد در روز سوم به وقت طلوع صبح، که رعدها و برقها و ابر غلیظ برکوه پدید آمد، و آواز کرنای بسیار سخت، بطوری که تمامی قوم که در لشکرگاه بودند، بلرزیدند. ۱۶ 16
Nnansa so anɔpa pɛpɛɛpɛ, aprannaa a ano yɛ den bobɔɔ mu, maa anyinam pepae, maa omununkum kabii bi sian fii bepɔw no so. Torobɛnto bi hyɛn twee mu maa nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ho popoe.
و موسی قوم را برای ملاقات خدا ازلشکرگاه بیرون آورد، و در پایان کوه ایستادند. ۱۷ 17
Mose dii nnipa no anim fi wɔn atenae hɔ sɛ wɔrekohyia Onyankopɔn. Wɔn nyinaa kɔboaa wɔn ho ano wɔ bepɔw no ase.
و تمامی کوه سینا را دود فرو گرفت، زیراخداوند در آتش بر آن نزول کرد، و دودش مثل دود کوره‌ای بالا می‌شد، و تمامی کوه سخت متزلزل گردید. ۱۸ 18
Wusiw kumɔnn kataa Sinai Bepɔw no so, efisɛ Awurade sian baa so sɛ ogya. Wusiw buaa wim nyinaa te sɛ nea efi fononoo mu, na asasewosow wosoo bepɔw no denneennen.
و چون آواز کرنا زیاده و زیاده سخت نواخته می‌شد، موسی سخن گفت، و خدا او را به زبان جواب داد. ۱۹ 19
Torobɛnto no hyɛn denneennen pa ara no, Mose kasae na Onyankopɔn nso de nne kɛse buae.
و خداوند بر کوه سینا بر قله کوه نازل شد، و خداوند موسی را به قله کوه خواند، و موسی بالا رفت. ۲۰ 20
Enti Awurade baa Sinai Bepɔw no atifi, na ɔfrɛɛ Mose ma ɔforo kɔɔ ne nkyɛn
و خداوند به موسی گفت: «پایین برو و قوم را قدغن نما، مبادا نزدخداوند برای نظر کردن، از حد تجاوز نمایند، که بسیاری از ایشان هلاک خواهند شد. ۲۱ 21
na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “San kɔ nnipa no nkyɛn na kɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnntra ahye no. Wɔnnyɛ wɔn adwene nso sɛ wɔreforo aba soro ha abɛhwɛ Awurade. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no bewuwu.
و کهنه نیز که نزد خداوند می‌آیند، خویشتن را تقدیس نمایند، مبادا خداوند بر ایشان هجوم آورد.» ۲۲ 22
Asɔfo a wɔwɔ wɔn nnwuma so no mpo nnwira wɔn ho, anyɛ saa a, Awurade bɛsɛe wɔn.”
موسی به خداوند گفت: «قوم نمی توانند به فرازکوه سینا آیند، زیرا که تو ما را قدغن کرده، گفته‌ای کوه را حدود قرار ده و آن را تقدیس نما.» ۲۳ 23
Mose nso buaa no se, “Nnipa no de, wɔremforo mma bepɔw no atifi, efisɛ wʼankasa bɔɔ wɔn kɔkɔ se, ‘Twitwa ahye fa bepɔw no ho na gyaw hɔ sɛ kronkronbea.’”
خداوند وی را گفت: «پایین برو و تو و هارون همراهت برآیید، اما کهنه و قوم از حد تجاوزننمایند، تا نزد خداوند بالا بیایند، مبادا بر ایشان هجوم آورد.» ۲۴ 24
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sian kɔ fam na kɔfa Aaron bra. Mma asɔfo no ne nnipa no ntra ahye no sɛ wɔreba ha. Wɔyɛ saa a, mɛsɛe wɔn.”
پس موسی نزد قوم فرود شده، بدیشان سخن گفت. ۲۵ 25
Enti Mose sian kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn.

< خروج 19 >