< خروج 13 >

و خداوند موسی را خطاب کرده، گفت: ۱ 1
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
«هر نخست زاده‌ای را که رحم رابگشاید، در میان بنی‌اسرائیل، خواه از انسان خواه از بهایم، تقدیس نما؛ او از آن من است.» ۲ 2
“Tew Israelfo mmabarima ne aboa biara abakan ho ma me; wɔn nyinaa yɛ me dea.”
وموسی به قوم گفت: «این‌روز را که از مصر از خانه غلامی بیرون آمدید، یاد دارید، زیرا خداوندشما را به قوت دست، از آنجا بیرون آورد، پس نان خمیر، خورده نشود. ۳ 3
Na Mose ka kyerɛɛ nnipa no se, “Nnɛ yɛ da a ɛsɛ sɛ mokae daa—da a mutu fii Misraim asase a na moyɛ nkoa wɔ so no so. Awurade ayɛ anwonwade akɛse bebree akyerɛ mo. Enti monkae sɛ, sɛ afe du na moredi afahyɛ yi a, mommfa mmɔkaw mfra mo aduan; na mommfa bi nkɔ mo afi nso mu koraa.
این‌روز، در ماه ابیب بیرون آمدید. ۴ 4
Afe biara mu Abib ɔsram awiei (bɛyɛ Ɔbɛnem awiei), monkae saa otukɔ yi.
و هنگامی که خداوند تو را به زمین کنعانیان و حتیان و اموریان و حویان ویبوسیان داخل کند، که با پدران تو قسم خورد که آن را به تو بدهد، زمینی که به شیر و شهد جاری است، آنگاه این عبادت را در این ماه بجا بیاور. ۵ 5
Awurade de mo baa Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Hewifo ne Yebusifo nsase a ɛwo ne nufusu sen so a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo no so.
هفت روز نان فطیر بخور، و در روز هفتمین عیدخداوند است. ۶ 6
Mubedi brodo a mmɔkaw nni mu nko ara nnanson. Na da a ɛto so ason no, monto pon kɛse mma Awurade.
هفت روز نان فطیر خورده شود، و هیچ‌چیز خمیر شده نزد تو دیده نشود، و خمیرمایه نزد تو در تمامی حدودت پیدا نشود. ۷ 7
Ɛnsɛ sɛ obiara kora mmɔkaw wɔ ne fi anaa mo asase no ahye so baabiara.
و در آن روز پسر خود را خبر داده، بگو: این است به‌سبب آنچه خداوند به من کرد، وقتی که از مصربیرون آمدم. ۸ 8
Edu afirihyia na moredi nna yi a, monkyerɛ mo mma nea enti a moredi saa afahyɛ no. Ɛyɛ afahyɛ a mode bɛkae nea Awurade yɛ maa mo bere a mutu fii Misraim asase so no.
و این برای تو علامتی بر دستت خواهد بود و تذکره‌ای در میان دو چشمت، تاشریعت خداوند در دهانت باشد. زیرا خداوند تورا به‌دست قوی از مصر بیرون آورد. ۹ 9
Saa afe biara mu nnaawɔtwe afahyɛ yi nyɛ nsɛnkyerɛnne te sɛ agyiraehyɛde a wɔde abɔ mo nsa ho anaa mo moma so sɛ nkae ade. Momma Awurade mmara ntena mo anom, efisɛ tumi kɛse na ɔde yii mo fii Misraim.
و این فریضه را در موسمش سال به سال نگاه دار. ۱۰ 10
Afe biara, ɛrekɔ Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) awiei no, munni afahyɛ yi.
«و هنگامی که خداوند تو را به زمین کنعانیان درآورد، چنانکه برای تو و پدرانت قسم خورد، و آن را به تو بخشد. ۱۱ 11
“Sɛ Awurade de mo ba asase a ɔhyɛɛ mo agyanom ho bɔ tete no a Kanaanfo te so mprempren no so a, monkae sɛ
آنگاه هر‌چه رحم را گشاید، آن را برای خدا جدا بساز، و هرنخست زاده‌ای از بچه های بهایم که از آن توست، نرینه‌ها از آن خداوند باشد. ۱۲ 12
mo mmabarima a wɔyɛ mmakan nyinaa ne nyɛmmoa mmakan a wɔyɛ mmarima no nyinaa yɛ Awurade dea. Enti momfa mma no.
و هر نخست زاده الاغ را به بره‌ای فدیه بده، و اگر فدیه ندهی گردنش را بشکن، و هر نخست زاده انسان را ازپسرانت فدیه بده. ۱۳ 13
Mutumi de oguan ba anaa abirekyi ba bɛsesa afurum ba abakan. Na sɛ woyɛ wʼadwene sɛ woremfa afurum no nni nsesa a, ɛsɛ sɛ wubu afurum no kɔn mu kum no. Nanso mo mmabarima abakan de, ɛsɛ sɛ motɔ wɔn ti.
و در زمان آینده چون پسرت از تو سوال کرده، گوید که این چیست، اورا بگو، یهوه ما را به قوت دست از مصر، از خانه غلامی بیرون آورد. ۱۴ 14
“Na sɛ daakye bi mo mma bisa mo se, ‘Eyinom nyinaa ase ne dɛn a, monka nkyerɛ wɔn se, Awurade nam anwonwade akɛse a ɔyɛe so na oyii yɛn fii nkoasom mu wɔ Misraim.
و چون فرعون از رها کردن ما دل خود را سخت ساخت، واقع شد که خداوندجمیع نخست زادگان مصر را از نخست زاده انسان تا نخست زاده بهایم کشت. بنابراین من همه نرینه‌ها را که رحم را گشایند، برای خداوند ذبح می‌کنم، لیکن هر نخست زاده‌ای از پسران خود رافدیه می‌دهم. ۱۵ 15
Na Farao mpɛ sɛ ɔma yɛn kwan ma yɛkɔ nti, Awurade kum mmabarima ne mmoanini a wɔyɛ mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa. Ɛno nti na yɛde mmabarima a wɔyɛ mmakan rema Awurade yi, nanso nnipa mmabarima mmakan no de, wɔtɔ wɔn ti.’
و این علامتی بر دستت وعصابه‌ای در میان چشمان تو خواهد بود، زیراخداوند ما را بقوت دست از مصر بیرون آورد.» ۱۶ 16
Na afahyɛ yi bɛda mo nsow sɛ moyɛ Onyankopɔn mma te sɛnea ɔde nʼagyiraehyɛde abɔ mo moma so a ɛkyerɛ sɛ Awurade nam ne tumi kɛse no so na ɔde yii yɛn fii Misraim.”
و واقع شد که چون فرعون قوم را رها کرده بود، خدا ایشان را از راه زمین فلسطینیان رهبری نکرد، هرچند آن نزدیکتر بود. زیرا خدا گفت: «مبادا که چون قوم جنگ بینند، پشیمان شوند و به مصر برگردند.» ۱۷ 17
Farao maa nnipa no kwan sɛ wɔnkɔ no, Onyankopɔn amma wɔamfa ɔkwan a ɛfa Filistifo man no mu a na ɛyɛ tiaa no so. Efisɛ Onyankopɔn kae se, “Sɛ wokohyia ɔko a, ebia na wɔasesa wɔn adwene ama wɔasan akɔ Misraim.”
اما خدا قوم را از راه صحرای دریای قلزم دور گردانید. پس بنی‌اسرائیل مسلح شده، از زمین مصر برآمدند. ۱۸ 18
Enti Onyankopɔn dii wɔn anim de wɔn faa sare so de wɔn ani kyerɛɛ Po Kɔkɔɔ. Israelfo no sii mu fii Misraim a na wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.
و موسی استخوانهای یوسف را با خود برداشت، زیرا که او بنی‌اسرائیل را قسم سخت داده، گفته بود: «هرآینه خدا از شما تفقد خواهد نمود واستخوانهای مرا از اینجا با خود خواهید برد.» ۱۹ 19
Mose rekɔ no, ɔfaa Yosef nnompe de kaa ne ho kɔe, efisɛ na Yosef ama Israel mma aka Onyankopɔn ntam sɛ, “Sɛ ɔreyi wɔn afi Misraim a, wɔde ne nnompe bɛkɔ bi, efisɛ na onim sɛ Onyankopɔn beyi wɔn afi Misraim asase so.”
و از سکوت کوچ کرده، در ایتام به کنار صحرااردو زدند. ۲۰ 20
Wofi Sukot no, wɔkɔkyeree nsraban wɔ Etam sare no ano.
و خداوند در روز، پیش روی قوم در ستون ابر می‌رفت تا راه را به ایشان دلالت کند، و شبانگاه در ستون آتش، تا ایشان را روشنایی بخشد، و روز و شب راه روند. ۲۱ 21
Awurade de omununkum kyerɛɛ wɔn kwan awia na ɔde ogya nso kyerɛɛ wɔn kwan anadwo. Enti na wotumi tu wɔn kwan no awia ne anadwo nyinaa.
و ستون ابر را درروز و ستون آتش را در شب، از پیش روی قوم برنداشت. ۲۲ 22
Awia mununkum fadum anaa anadwo gya fadum no amfi nʼafa wɔ nnipa no anim da.

< خروج 13 >