< استر 3 >

بعد از این وقایع، اخشورش پادشاه، هامان بن همداتای اجاجی را عظمت داده، به درجه بلند رسانید و کرسی او را از تمامی روسایی که با او بودند بالاتر گذاشت. ۱ 1
Eyinom akyi no, ɔhene Ahasweros pagyaw Agagni Hamedata babarima Haman dibea, yɛɛ no ɔsoafo panyin wɔ ahemman no mu ma ɔbɛyɛɛ ɔhene abediakyiri.
و جمیع خادمان پادشاه که در دروازه پادشاه می‌بودند، به هامان سر فرود آورده، وی را سجده می‌کردند، زیرا که پادشاه درباره‌اش چنین امر فرموده بود. لکن مردخای سر فرود نمی آورد و او را سجده نمی کرد. ۲ 2
Sɛ Haman reba a, ɔhene mpanyimfo no bɔ wɔn mu ase de kyerɛ obu ne nidi a wɔwɔ ma no, efisɛ saa na ɔhene ahyɛ. Nanso Mordekai ammɔ ne mu ase da, na wankyerɛ obu ne nidi nso da.
و خادمان پادشاه که در دروازه پادشاه بودند، از مردخای پرسیدند که «تو چرا از امرپادشاه تجاوز می‌نمایی؟» ۳ 3
Ahemfi mpanyimfo a wɔwɔ ɔhene pon ano no bisaa Mordekai se, “Adɛn nti na worebu ɔhene mmara so?”
اما هر‌چند، روز به روز این سخن را به وی می‌گفتند، به ایشان گوش نمی داد. پس هامان راخبر دادند تا ببینند که آیا کلام مردخای ثابت می‌شود یا نه، زیرا که ایشان را خبر داده بود که من یهودی هستم. ۴ 4
Wɔkasa kyerɛɛ no mpɛn pii nanso ɔkɔɔ so buu mmara no so. Enti wɔbɔɔ Haman amanneɛ hwɛɛ sɛ ɔbɛpene Mordekai suban no so ana, efisɛ na Mordekai aka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.
و چون هامان دید که مردخای سر فرود نمی آورد و او را سجده نمی نماید، هامان از غضب مملو گردید. ۵ 5
Bere a Haman huu sɛ Mordekai nkotow no, anaa ɔnna obu ne nidi adi nkyerɛ no no, ne bo fuwii.
و چونکه دست انداختن بر مردخای، تنها به نظر وی سهل آمد واو را از قوم مردخای اطلاع داده بودند، پس هامان قصد هلاک نمودن جمیع یهودیانی که در تمامی مملکت اخشورش بودند کرد، زانرو که قوم مردخای بودند. ۶ 6
Enti Haman yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔrenhaw Mordekai nko ara. Esiane sɛ na wate sɛ Mordekai yɛ Yudani no nti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛhwehwɛ ɔkwan a ɔbɛfa so de atɔre Yudafo a wɔwɔ Ahasweros ahemman mu no nyinaa ase.
در ماه اول از سال دوازدهم سلطنت اخشورش که ماه نیسان باشد، هر روز در حضورهامان و هر ماه تا ماه دوازدهم که ماه اذار باشد، فور یعنی قرعه می‌انداختند. ۷ 7
Na ɔsram Abib (bɛyɛ Oforisuo) mu a ɛyɛ ɔhene Ahasweros adedi mfe dumien so no, wɔbɔɔ ntonto a wɔfrɛ no Pur de hwehwɛɛ da ne ɔsram a ɛfata sɛ wɔhyɛ fa no. Na da a woyii no yɛ Abib ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason a na ɛreyɛ akɔ ntontobɔ no akyi afe mu.
پس هامان به اخشورش پادشاه گفت: «قومی هستند که در میان قوم‌ها در جمیع ولایتهای مملکت تو پراکنده ومتفرق می‌باشند و شرایع ایشان، مخالف همه قومها است و شرایع پادشاه را به‌جا نمی آورند. لهذا ایشان را چنین واگذاشتن برای پادشاه مفیدنیست. ۸ 8
Na Haman kɔɔ ɔhene Ahasweros nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nnipa bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete amantam a ɛwɔ wʼahenni yi nyinaa so. Wɔn mmara ne ɔman foforo biara de bɔ abira, na mpo, wobu ɔhene mmara so. Ɛno nti, enye mma ɔhene sɛ ɔbɛhwɛ ama wɔatena ase.
اگر پادشاه را پسند آید، حکمی نوشته شود که ایشان را هلاک سازند. و من ده هزار وزنه نقره به‌دست عاملان خواهم داد تا آن را به خزانه پادشاه بیاورند.» ۹ 9
Sɛ ebetumi a, Ɔhempɔn, hyɛ mmara na wɔntɔre wɔn ase, na mɛma aban amammuifo dwetɛ tɔn ahaasa aduɔson anum na wɔde agu adehye foto no mu.”
آنگاه پادشاه انگشترخود را از دستش بیرون کرده، آن را به هامان بن همداتای اجاجی که دشمن یهود بود داد. ۱۰ 10
Ɔhene no penee so, worɔw ne pɛtea de maa Agagni Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no de sii asɛm no so dua.
و پادشاه به هامان گفت: «هم نقره و هم قوم را به تودادم تا هرچه در نظرت پسند آید به ایشان بکنی.» ۱۱ 11
Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman se, “Ma sika no ntena hɔ, nanso wo ne nnipa no nni no sɛnea wopɛ no biara.”
پس کاتبان پادشاه را در روز سیزدهم ماه اول احضار نمودند و بر وفق آنچه هامان امرفرمود، به امیران پادشاه و به والیانی که بر هرولایت بودند و بر سروران هر قوم مرقوم شد. به هر ولایت، موافق خط آن و به هر قوم موافق زبانش، به اسم اخشورش پادشاه مکتوب گردید وبه مهر پادشاه مختوم شد. ۱۲ 12
Abib (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so dunson no, Haman frɛɛ ɔhene akyerɛwfo ma ɔkaa nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛw de kɔma mmapɔmma, amantam amradofo a wɔwɔ mmeae nyinaa, adwumayɛfo a wɔwɔ amantam no mu ma wɔkyerɛw no wɔ wɔn ankasa kasa mu. Ɔhene Ahasweros na wɔde ne din hyɛɛ nkrataa no ase, na wɔde ne kaa no sɔw ano,
و مکتوبات به‌دست چاپاران به همه ولایتهای پادشاه فرستاده شد تاهمه یهودیان را از جوان و پیر و طفل و زن در یک روز، یعنی سیزدهم ماه دوازدهم که ماه آذارباشد، هلاک کنند و بکشند و تلف سازند و اموال ایشان را غارت کنند. ۱۳ 13
na wɔde somaa abɔfo ma wɔde kokɔɔ amantam a ɛwɔ ahemman no mu nyinaa. Nkrataa no hyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wokunkum Yudafo nyinaa, mmofra ne mpanyin, mmea ne mmarima, tɔre wɔn ase da koro na wɔfa wɔn agyapade. Wɔhyɛɛ sɛ, saa asɛm yi nsi wɔ Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason, a ɛyɛ afe akyi a wɔhyɛɛ mmara no.
و تا این حکم در همه ولایتها رسانیده شود، سوادهای مکتوب به همه قومها اعلان شد که در همان روز مستعد باشند. ۱۴ 14
Wɔde mmara no sɛso bi bɛkɔ amantam no nyinaa so, na wɔbɛma ɔmanfo nyinaa nso ate mu nsɛm, sɛnea wobetumi adi dwuma no wɔ da a wɔahyɛ no.
پس چاپاران بیرون رفتند و ایشان را برحسب فرمان پادشاه شتابانیدند و این حکم دردارالسلطنه شوشن نافذ شد و پادشاه و هامان به نوشیدن نشستند. اما شهر شوشن مشوش بود. ۱۵ 15
Ɔhene no hyɛ ma wɔde mmara no somaa abɔfo a wɔn ho yɛ hare ma wɔbɔɔ no dawuru wɔ Susa aban no mu. Afei, ɔhene no ne Haman tenaa ase nom nsa; nanso Susa kuropɔn no mu yɛɛ basabasa.

< استر 3 >