< جامعه 11 >

نان خود را بروی آبها بینداز، زیرا که بعد از روزهای بسیار آن را خواهی یافت. ۱ 1
Fa wʼawi twa po; na daakye bi wubenya so mfaso.
نصیبی به هفت نفر بلکه به هشت نفر ببخش زیراکه نمی دانی چه بلا بر زمین واقع خواهد شد. ۲ 2
Fa hyɛ aguadi ason mu, yiw, nea ɛto so awotwe mu, wunnim atoyerɛnkyɛm a ɛbɛba asase no so.
اگرابرها پر از باران شود، آن را بر زمین می‌باراند و اگردرخت بسوی جنوب یا بسوی شمال بیفتد، درهمانجا که درخت افتاده است خواهد ماند. ۳ 3
Sɛ nsu ayɛ omununkum mu ma a, ɛtɔ osu gu asase so. Sɛ dua bi bu hwe anafo fam anaa atifi fam a, nea ɛhwee no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.
آنکه به باد نگاه می‌کند، نخواهد کشت و آنکه به ابرها نظر نماید، نخواهد دروید. ۴ 4
Obiara a ɔtwɛn wim nsakrae no rennua, na nea ɔhwɛ omununkum no nso rentwa.
چنانکه تونمی دانی که راه باد چیست یا چگونه استخوانهادر رحم زن حامله بسته می‌شود، همچنین عمل خدا را که صانع کل است نمی فهمی. ۵ 5
Sɛnea wunnim ɔkwan a mframa nam so, anaa sɛnea wɔnwen nipadua wɔ ɔyafunu mu no, saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase, ade nyinaa Yɛfo no.
بامدادان تخم خود را بکار و شامگاهان دست خود را بازمدار زیرا تو نمی دانی کدام‌یک از آنها این یا آن کامیاب خواهد شد یا هر دو آنها مثل هم نیکوخواهد گشت. ۶ 6
Dua wʼaba anɔpa, na anwummere nso ma wo nsa nna ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, sɛ eyi anaa eyi, anaasɛ ebia abien no nyinaa bɛyɛ yie.
البته روشنایی شیرین است ودیدن آفتاب برای چشمان نیکو است. ۷ 7
Hann yɛ fɛ; na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ohu owia.
هر‌چندانسان سالهای بسیار زیست نماید و در همه آنهاشادمان باشد، لیکن باید روزهای تاریکی را به یادآورد چونکه بسیار خواهد بود. پس هر‌چه واقع می‌شود بطالت است. ۸ 8
Mfe dodow a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa ɛsɛ sɛ onya ahotɔ. Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔne na ɛbɛdɔɔso. Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhude.
‌ای جوان در وقت شباب خود شادمان باش و در روزهای جوانی ات دلت تو را خوش سازد ودر راههای قلبت و بر وفق رویت چشمانت سلوک نما، لیکن بدان که به‌سبب این همه خدا تورا به محاکمه خواهد آورد. ۹ 9
Ma wʼani nnye, aberante, bere a woyɛ ɔbabun, ma wo koma mma wo anigye wɔ wo mmerantebere mu. Di nea wo koma pɛ ne nea wʼaniwa hu akyi, nanso hu sɛ eyinom nyinaa ho Onyankopɔn de wo bɛba atemmu mu.
پس غم را از دل خود بیرون کن و بدی را از جسد خویش دور نمازیرا که جوانی و شباب باطل است. ۱۰ 10
Enti yi adwennwen biara fi wo koma mu na tow ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu, efisɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhude.

< جامعه 11 >