< تثنیه 31 >

و موسی رفته، این سخنان را به تمامی اسرائیل بیان کرد، ۱ 1
Bere a Mose kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfo wiee no,
و به ایشان گفت: «من امروز صد و بیست ساله هستم و دیگر طاقت خروج و دخول ندارم، و خداوند به من گفته است که از این اردن عبور نخواهی کرد. ۲ 2
ɔkaa bio se, “Mprempren madi mfe ɔha ne aduonu, nti merentumi nni mo anim bio. Awurade aka akyerɛ me sɛ merentwa Asubɔnten Yordan.
یهوه خدای تو، خود به حضور تو عبور خواهد کرد، و او این امتها را از حضور تو هلاک خواهد ساخت، تا آنهارا به تصرف آوری، و یوشع نیز پیش روی توعبور خواهد نمود چنانکه خداوند گفته است. ۳ 3
Nanso Awurade, mo Nyankopɔn no, ankasa bedi mo anim atwa. Ɔbɛsɛe aman a wɔte hɔ na mobɛfa wɔn asase no. Yosua ne onipa foforo a obedi mo anim sɛnea Awurade hyɛɛ mo bɔ no.
وخداوند چنانکه به سیحون و عوج، دو پادشاه اموریان، که هلاک ساخت و به زمین ایشان عمل نمود به اینها نیز رفتار خواهد کرد. ۴ 4
Awurade bɛsɛe aman aman a wɔte asase no so no sɛnea ɔsɛee Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifo ahemfo no.
پس چون خداوند ایشان را به‌دست شما تسلیم کند شما باایشان موافق تمامی حکمی که به شما امرفرمودم، رفتار نمایید. ۵ 5
Awurade de nnipa a wɔte hɔ no bɛhyɛ mo nsa na ɛsɛ sɛ mo ne wɔn di no sɛnea mahyɛ mo no.
قوی و دلیر باشید و ازایشان ترسان و هراسان مباشید، زیرا یهوه، خدایت، خود با تو می‌رود و تو را وا نخواهدگذاشت و ترک نخواهد نمود.» ۶ 6
Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Munnsuro wɔn! Awurade, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim. Ɔrenni mo huammɔ na ɔrennyaw mo nso.”
و موسی یوشع را خوانده، در نظر تمامی اسرائیل به او گفت: «قوی و دلیر باش زیرا که توبا این قوم به زمینی که خداوند برای پدران ایشان قسم خورد که به ایشان بدهد داخل خواهی شد، و تو آن را برای ایشان تقسیم خواهی نمود. ۷ 7
Afei, Mose frɛɛ Yosua ka kyerɛɛ no wɔ Israelfo no nyinaa anim se, “Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a Awurade kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so; na wo na wobɛkyɛ ama wɔn.
و خداوند خود پیش روی تومی رود او با تو خواهد بود و تو را وانخواهدگذاشت و ترک نخواهد نمود پس ترسان وهراسان مباش.» ۸ 8
Awurade na ɔredi wʼanim. Ɔbɛka wo ho; ɔrenni wo huammɔ na ɔrennyaw wo nti nsuro na mma wo koma ntu!”
و موسی این تورات را نوشته، آن را به بنی لاوی کهنه که تابوت عهد خداوند رابرمی داشتند و به جمیع مشایخ اسرائیل سپرد. ۹ 9
Afei, Mose kyerɛw mmara yi too hɔ; ɔde maa Lewifo asɔfo a wɔsoaa Awurade apam adaka no ne Israel mpanyimfo nyinaa.
و موسی ایشان را امر فرموده، گفت: «که درآخر هر هفت سال، در وقت معین سال انفکاک درعید خیمه‌ها، ۱۰ 10
Mose hyɛɛ wɔn se, “Mfe ason biara awiei, Asese Afahyɛ mu no, wɔmfa obiara ka a ɔde no nkyɛ no.
چون جمیع اسرائیل بیایند تا به حضور یهوه خدای تو در مکانی که او برگزیندحاضر شوند، آنگاه این تورات را پیش جمیع اسرائیل در سمع ایشان بخوان. ۱۱ 11
Israelfo nyinaa nhyia wɔ Awurade mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛkyerɛ no, na moakenkan saa mmara yi wɔ wɔn anim ama wɔate.
قوم را از مردان و زنان و اطفال و غریبانی که در دروازه های توباشند جمع کن تا بشنوند، و تعلیم یافته، از یهوه خدای شما بترسند و به عمل نمودن جمیع سخنان این تورات هوشیار باشند. ۱۲ 12
Frɛ nnipa no nyinaa, mmarima, mmea, mmofra ne ahɔho a wɔte mo nkurow so nso sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte na wobesua sɛ, ɛsɛ sɛ wosuro Awurade, mo Nyankopɔn no, na wobedi mmara no so pɛpɛɛpɛ
و تا پسران ایشان که ندانسته‌اند، بشنوند، و تعلیم یابند، تامادامی که شما بر زمینی که برای تصرفش از اردن عبور می‌کنید زنده باشید، از یهوه خدای شمابترسند.» ۱۳ 13
na ama wɔn mma a wonnim mmara no ate na wɔasua sɛnea ɛsɛ sɛ wosuro Awurade, mo Nyankopɔn no, mmere dodow a mote asase a moretwa Yordan akɔfa sɛ agyapade no so.”
و خداوند به موسی گفت: «اینک ایام مردن تو نزدیک است، یوشع را طلب نما و در خیمه اجتماع حاضر شوید تا او را وصیت نمایم.» پس موسی و یوشع رفته، در خیمه اجتماع حاضرشدند. ۱۴ 14
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wo wu bere aso. Frɛ Yosua na fa no kɔ Ahyiae Ntamadan no mu, faako a mede nʼadwuma bɛhyɛ ne nsa no.” Enti Mose ne Yosua kɔdaa wɔn ho adi wɔ Ahyiae Ntamadan no mu.
و خداوند در ستون ابر در خیمه ظاهرشد و ستون ابر، بر در خیمه ایستاد. ۱۵ 15
Na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ omununkum fadum mu, na omununkum no gyinaa ntamadan no abobow ano.
و خداوند به موسی گفت: «اینک با پدران خود می‌خوابی و این قوم برخاسته، در‌پی خدایان بیگانه زمینی که ایشان به آنجا در میان آنها می‌روند، زنا خواهند کرد و مرا ترک کرده، عهدی را که با ایشان بستم خواهند شکست. ۱۶ 16
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ɛrenkyɛ wubewu na woakɔka wʼagyanom ho, na ɛrenkyɛ na saa nnipa yi de wɔn ho bɛma anyame hɔho a wɔwɔ asase a wɔrekɔ so no so no. Wobegyaw me na wɔabu apam a me ne wɔn hyehyɛɛ no so.
ودر آن روز، خشم من بر ایشان مشتعل شده، ایشان را ترک خواهم نمود، و روی خود را از ایشان پنهان کرده، تلف خواهند شد، و بدیها و تنگیهای بسیار به ایشان خواهد رسید، به حدی که در آن روز خواهند گفت: «آیا این بدیها به ما نرسید ازاین جهت که خدای ما در میان ما نیست؟» ۱۷ 17
Na saa da no, me bo befuw wɔn na mapo wɔn; mede mʼanim behintaw wɔn na wɔbɛsɛe wɔn. Ɔhaw a emu yɛ den ahorow pii bɛba wɔn so ama wɔabisa se, ‘So ɛnsɛ sɛ saa ɔhaw yi ba, esiane sɛ Onyankopɔn nni yɛn nkyɛn bio no nti?’
و به‌سبب تمامی بدی که کرده‌اند که به سوی خدایان غیر برگشته‌اند من در آن روز البته روی خود راپنهان خواهم کرد. ۱۸ 18
Saa bere no mede mʼanim behintaw wɔn esiane wɔn bɔne ahorow a wɔayɛ wɔ anyame afoforo a wɔsom no nti.
پس الان این سرود را برای خود بنویسید و تو آن را به بنی‌اسرائیل تعلیم داده، آن را در دهان ایشان بگذار تا این سرود برای من بر بنی‌اسرائیل شاهد باشد. ۱۹ 19
“Afei, monkyerɛw saa dwom yi mu nsɛm mfa na monkyerɛ Israelfo no, na wɔnto sɛnea ɛbɛyɛ adansede ama me na mede atia wɔn.
زیرا چون ایشان را به زمینی که برای پدران ایشان قسم خورده بودم که به شیر و شهد جاری است، درآورده باشم، و چون ایشان خورده، و سیر شده، و فربه گشته باشند، آنگاه ایشان به سوی خدایان غیر برگشته، آنها را عبادت خواهند نمود، و مرااهانت کرده، عهد مرا خواهند شکست. ۲۰ 20
Mede wɔn bɛba asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so sɛnea mekaa ntam hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Na wodidi mee yɛ akɛse a, afei, wɔbɛdan wɔn ani akɔsom anyame afoforo apo me, nam so abu mʼapam no so.
و چون بدیها و تنگیهای بسیار بر ایشان عارض شده باشد، آنگاه این سرود مثل شاهد پیش روی ایشان شهادت خواهد داد، زیرا که از دهان ذریت ایشان فراموش نخواهد شد، زیرا خیالات ایشان را نیزکه امروز دارند می‌دانم، قبل از آن که ایشان را به زمینی که درباره آن قسم خوردم، درآورم.» ۲۱ 21
Afei, ɔhaw ne akwanside bebree ba wɔn so a, dwom yi bedi adanse atia wɔn, efisɛ wɔn asefo werɛ remfi da. Minim nea wotumi yɛ koraa ansa na mede wɔn bɛba asase a maka ho ntam ahyɛ bɔ no so.”
پس موسی این سرود را در همان روز نوشته، به بنی‌اسرائیل تعلیم داد. ۲۲ 22
Enti Mose kyerɛw dwom no guu hɔ saa da no na ɔkyerɛɛ Israelfo no.
و یوشع بن نون را وصیت نموده، گفت: «قوی و دلیر باش زیرا که تو بنی‌اسرائیل را به زمینی که برای ایشان قسم خوردم داخل خواهی ساخت، و من با تو خواهم بود.» ۲۳ 23
Afei, Awurade hyɛɛ Nun babarima Yosua sɛ, “Yɛ den na yɛ nnam, efisɛ wo na wode Israelfo no bɛba asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ no so na mʼankasa mɛka mo ho.”
و واقع شد که چون موسی نوشتن کلمات این تورات را در کتاب، تمام به انجام رسانید، ۲۴ 24
Bere a Mose kyerɛw mmara nsɛm no nyinaa fi mfiase kosii awiei no guu nhoma mu wiei no,
موسی به لاویانی که تابوت عهد خداوند رابرمی داشتند وصیت کرده، گفت: ۲۵ 25
ɔde saa ahyɛde yi maa Lewifo a na wɔsoa Awurade apam adaka no:
«این کتاب تورات را بگیرید و آن را در پهلوی تابوت عهدیهوه، خدای خود، بگذارید تا در آنجا برای شماشاهد باشد. ۲۶ 26
“Momfa saa Mmara Nhoma yi nkɔto Awurade, mo Nyankopɔn, apam adaka no nkyɛn. Ɛhɔ na ɛbɛda sɛ adansede a etia Israelfo.
زیرا که من تمرد و گردن کشی شمارا می‌دانم، اینک امروز که من هنوز با شما زنده هستم بر خداوند فتنه انگیخته‌اید، پس چند مرتبه زیاده بعد از وفات من. ۲۷ 27
Efisɛ minim sɛnea moyɛ atuatewfo ne asoɔden. Mpo, me ne mo da so wɔ hɔ yi, moatew Awurade so atua. Na me wu akyi no, atua bɛn na morentew!
جمیع مشایخ اسباط وسروران خود را نزد من جمع کنید تا این سخنان رادر گوش ایشان بگویم، و آسمان و زمین را برایشان شاهد بگیرم. ۲۸ 28
Momfrɛ mo mpanyimfo nyinaa ne mo mmusuakuw ntuanofo nyinaa sɛnea metumi akasa akyerɛ wɔn na mafrɛ ɔsoro ne asase de adi adanse atia wɔn.
زیرا می‌دانم که بعد ازوفات من خویشتن را بالکل فاسد گردانیده، ازطریقی که به شما امر فرمودم خواهید برگشت، ودر روزهای آخر بدی بر شما عارض خواهد شد، زیرا که آنچه در نظر خداوند بد است خواهیدکرد، و از اعمال دست خود، خشم خداوند را به هیجان خواهید آورد.» ۲۹ 29
Minim sɛ me wu akyi no, mobɛsɛe koraa na moaman afi ɔkwan a makyerɛ mo sɛ momfa so no so. Mmere a ɛreba no, amanehunu bɛba mo so, efisɛ monam bɔne a mobɛyɛ wɔ Awurade anim no so no bɛhwanyan nʼabufuw.”
پس موسی کلمات این سرود را در گوش تمامی جماعت اسرائیل تمام گفت: سرود موسی ای آسمان گوش بگیر تا بگویم. ۳۰ 30
Enti Mose kaa dwom no mu nsɛm nyinaa fi ti kosi ti kyerɛɛ Israelfo a wɔahyia hɔ no.

< تثنیه 31 >