< تثنیه 23 >

جماعت خداوند شخصی که کوبیده بیضه و آلت بریده باشد داخل جماعت خداوند نشود. ۱ 1
Ɔbarima a wɔasa no anaa wɔatwa ne barima akyene no mma Awurade bagua ase.
حرام زاده‌ای داخل جماعت خداوند نشود، حتی تا پشت دهم احدی از او داخل جماعت خداوند نشود. ۲ 2
Wɔn a wɔyɛ mpenamma ne wɔn aseni biara, mpo enkosi awo ntoatoaso du no, mma Awurade bagua ase.
عمونی و موآبی داخل جماعت خداوند نشوند. حتی تا پشت دهم، احدی ازایشان هرگز داخل جماعت خداوند نشود. ۳ 3
Amonfo anaa Moabfo anaasɛ wɔn asefo biara, mpo enkosi awo ntoatoaso du no mu biara mma Awurade bagua ase.
زیراوقتی که شما از مصر بیرون آمدید، شما را در راه به نان و آب استقبال نکردند، و از این جهت که بلعام بن بعور را از فتور ارام نهرین اجیر کردند تا تو را لعنت کند. ۴ 4
Saa aman yi annye mo, amma mo aduan anaasɛ nsu, bere a mufi Misraim reba no. Mmom, wɔkɔbɔɔ Beor babarima Balaam a ofi Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome mo.
لیکن یهوه خدایت نخواست بلعام را بشنود، پس یهوه خدایت لعنت را به جهت تو، به برکت تبدیل نمود، چونکه یهوه خدایت تو را دوست می‌داشت. ۵ 5
Nanso Awurade, mo Nyankopɔn no, antie Balaam. Ɔdan nnome no maa ɛyɛɛ nhyira maa mo, efisɛ Awurade mo Nyankopɔn no, dɔ mo.
ابد در تمامی عمرت جویای خیریت و سعادت ایشان مباش. ۶ 6
Na sɛ mote ase yi, mo ne Amonfo ne Moabfo nnyɛ ayɔnkofa apam koraa.
ادومی را دشمن مدار چونکه برادر توست، ومصری را دشمن مدار چونکه در زمین وی غریب بودی. ۷ 7
Munnkyi Edomfo anaa Misraimfo, efisɛ Edomfo yɛ mo nuanom, na motenaa Misraimfo nso mu sɛ ahɔho.
اولادی که از ایشان زاییده شوند درپشت سوم داخل جماعت خداوند شوند. ۸ 8
Wɔn awo ntoatoaso abiɛsa so mma no betumi akɔ Awurade bagua ase.
چون در اردو به مقابله دشمنانت بیرون روی خویشتن را از هر چیز بد نگاه دار. ۹ 9
Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfo a, montwe mo ho mfi nea ɛho ntew biara ho.
اگر در میان شما کسی باشد که از احتلام شب نجس شود، از اردو بیرون رود و داخل اردونشود. ۱۰ 10
Sɛ ɔbarima bi ho gu fi esiane anadwo mu ho nsu a ɛsen a, ɛsɛ sɛ ofi atenae hɔ kɔtena baabi da mu no nyinaa.
چون شب نزدیک شود با آب غسل کند، و چون آفتاب غروب کند، داخل اردو شود. ۱۱ 11
Edu anwummere a, ɛsɛ sɛ oguare na owia kɔtɔ a, otumi san ba atenae hɔ.
و تو را مکانی بیرون از اردو باشد تا به آنجابیرون روی. ۱۲ 12
Muntwa asraafo atenae hɔ baabi nto hɔ a mubegya mo anan.
و در میان اسباب تو میخی باشد، و چون بیرون می‌نشینی با آن بکن و برگشته، فضله خود را از آن بپوشان. ۱۳ 13
Mofa biribi nka ne nneɛma ho a mode betu fam. Bere biara a mubegya mo anan no, momfa sofi no ntu amoa na monkata agyanan no so.
زیرا که یهوه خدایت درمیان اردوی تو می‌خرامد تا تو را رهایی داده، دشمنانت را به تو تسلیم نماید، پس اردوی تومقدس باشد، مبادا چیز پلید را در میان تو دیده، ازتو روگرداند. ۱۴ 14
Ɛsɛ sɛ asraafo atenae hɔ yɛ kronkron, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, nam mo atenae no so bɔ mo ho ban na moadi mo atamfo so nkonim. Ɛnsɛ sɛ ohu animguasede biara wɔ mo mu; sɛ ɛba saa a, ɔbɛdan nʼakyi akyerɛ mo.
غلامی را که از آقای خود نزد تو بگریزد به آقایش مسپار. ۱۵ 15
Sɛ nkoa guan ba mo nkyɛn bɛbɔ wɔn ho aguaa a, munnyi wɔn mma wɔn wuranom.
با تو در میان تو در مکانی که برگزینند در یکی از شهرهای تو که به نظرش پسند آید، ساکن شود. و بر او جفامنما. ۱۶ 16
Momma wɔntena mo mu wɔ kurow biara a wɔpɛ so a monnyɛ wɔn ayayade.
از دختران اسرائیل فاحشه‌ای نباشد و ازپسران اسرائیل لواطی نباشد. ۱۷ 17
Ɛnsɛ sɛ Israelni barima anaa ɔbea biara yɛ nsɔree so oguamanfo.
اجرت فاحشه وقیمت سگ را برای هیچ نذری به خانه یهوه خدایت میاور، زیرا که این هر دو نزد یهوه خدایت مکروه است. ۱۸ 18
Mommfa afɔrebɔde anaa adenya bi a efi oguamanfo nkyɛn, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea, mma Awurade, mo Nyankopɔn no, fi, efisɛ ɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, akyiwade.
برادر خود را به سود قرض مده نه به سودنقره و نه به سود آذوقه و نه به سود هر چیزی که به سود داده می‌شود. ۱۹ 19
Bosea a mobɔ mo yɔnko Israelni no, sɛ ɛyɛ sika, aduan anaa biribi foforo bi a wogye ho mfɛntom no, monnnye ho mfɛntom.
غریب را می‌توانی به سودقرض بدهی، اما برادر خود را به سود قرض مده تایهوه خدایت در زمینی که برای تصرفش داخل آن می‌شوی تو را به هر‌چه دستت را بر آن درازمی کنی، برکت دهد. ۲۰ 20
Mutumi gye bosea ho mfɛntom fi ahɔho nkyɛn na nyɛ Israelfo nkyɛn sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ biribiara a moyɛ mu wɔ asase a morekɔ so akɔfa no so.
چون نذری برای یهوه خدایت می‌کنی دروفای آن تاخیر منما، زیرا که یهوه خدایت البته آن را از تو مطالبه خواهد نمود، و برای تو گناه خواهد بود. ۲۱ 21
Sɛ mohyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, bɔ a, biribiara a mohyɛɛ no ho bɔ no, monyɛ no ntɛm so. Efisɛ ɛdan dɛn ara a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛdan mo ka na mubedi bɔne ho fɔ.
اما اگر از نذر کردن ابا نمایی، تو راگناه نخواهد بود. ۲۲ 22
Nanso sɛ moanhyɛ biribiara ho bɔ a, monyɛɛ bɔne biara.
آنچه را که از دهانت بیرون آید، هوشیار باش که بجا آوری، موافق آنچه برای یهوه خدایت از اراده خود نذر کرده‌ای و به زبان خود گفته‌ای. ۲۳ 23
Na sɛ wo ara wufi wo pɛ mu hyɛ bɔ a, hwɛ yiye na di asɛm a woaka no so, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, na woafi wo pɛ mu de wʼano ahyɛ no bɔ.
چون به تاکستان همسایه خود درآیی، ازانگور، هر‌چه می‌خواهی به سیری بخور، اما درظرف خود هیچ مگذار. ۲۴ 24
Wutumi di bobe aba dodow biara a wopɛ wɔ wo yɔnko bobeturo mu, nanso mfa bi ngu kɛntɛn mu nkɔ.
چون به کشتزار همسایه خود داخل شوی، خوشه‌ها را به‌دست خود بچین، اما داس بر کشت همسایه خود مگذار. ۲۵ 25
Saa ara na mubetumi de mo nsa abubu atoko kakra wɔ mo yɔnko afum, nanso ɛnsɛ sɛ mode afoa twa.

< تثنیه 23 >