< تثنیه 14 >

شما پسران یهوه خدای خود هستید، پس برای مردگان، خویشتن را مجروح منمایید، و مابین چشمان خود را متراشید. ۱ 1
Moyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, mma. Ɛno nti monnsesa mo ho anaa monntworɔtworɔw mo moma so mma awufo,
زیراتو برای یهوه، خدایت، قوم مقدس هستی، وخداوند تو را برای خود برگزیده است تا از جمیع امتهایی که برروی زمین‌اند به جهت او قوم خاص باشی. ۲ 2
efisɛ, moyɛ nnipa kronkron ma Awurade, mo Nyankopɔn no. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na Awurade ayi mo sɛ nʼagyapade a ɛsom bo.
هیچ‌چیز مکروه مخور. ۳ 3
Munnni akyiwade biara.
این است حیواناتی که بخورید: گاو و گوسفند و بز، ۴ 4
Eyinom ne mmoa a ɛsɛ sɛ mowe: nantwi, oguan, abirekyi
و آهو و غزال وگور و بزکوهی و ریم و گاو دشتی و مهات. ۵ 5
ɔforote, adowa, ɔwansan, ewi, ɔtwe, ne ɛko.
و هرحیوان شکافته سم که سم را به دو حصه شکافته دارد و نشخوار کند، آن را از بهایم بخورید. ۶ 6
Na munni tɔteboa biara a ne tɔte mu apae abien na opuw wosaw.
لیکن از نشخوارکنندگان و شکافتگان سم اینهارا مخورید: یعنی شتر و خرگوش و ونک، زیرا که نشخوار می‌کنند اما شکافته سم نیستند. اینهابرای شما نجس‌اند. ۷ 7
Nanso ntɔteboa a wopuw wosaw anaa wɔn tɔte mu apae abien no mu no, monnwe yoma, adanko ne atwaboa, efisɛ, wopuw wosaw de, nanso wɔn tɔte mu mpae; wɔn ho ntew mma mo.
و خوک زیرا شکافته سم است، لیکن نشخوار نمی کند، این برای شما نجس است. از گوشت آنها مخورید و لاش آنها را لمس مکنید. ۸ 8
Prako nso ho ntew. Ɛwɔ mu sɛ ne tɔte mu apae de, nanso ompuw nwosaw. Ɛnsɛ sɛ mowe ne nam anaa mode mo nsa so ne funu mu koraa.
از همه آنچه در آب است اینها را بخورید: هرچه پر و فلس دارد، آنها را بخورید. ۹ 9
Nsumnam a wɔwɔ ntɛtɛ ne abon nyinaa mutumi we.
و هرچه پر و فلس ندارد مخورید، برای شما نجس است. ۱۰ 10
Nanso nsumnam a wonni ntɛtɛ ne abon de, monnwe. Wɔn ho ntew mma mo.
از همه مرغان طاهر بخورید. ۱۱ 11
Anomaa biara a ne ho tew no, monwe.
و این است آنهایی که نخورید: عقاب و استخوان خوار و نسربحر، ۱۲ 12
Nnomaa a ɛnsɛ sɛ mowe ni: ɔkɔre, opete, asu so kɔre,
و لاشخوار و شاهین و کرکس به اجناس آن؛ ۱۳ 13
ɔkompete, nkorɔma ahorow nyinaa
و هر غراب به اجناس آن؛ ۱۴ 14
kwaakwaadabi ahorow nyinaa,
و شترمرغ وجغد و مرغ دریایی و باز، به اجناس آن؛ ۱۵ 15
sohori, anadwo akoroma, ɛpo so asomfena ne akoroma ahorow nyinaa,
و بوم و بوتیمار و قاز؛ ۱۶ 16
patu, ɔpatukɛse, bakanoma
و قائت و رخم و غواص؛ ۱۷ 17
nantwinoma, opete ne ɛpo so kwaakwaadabi,
ولقلق و کلنک، به اجناس آن؛ و هدهد و شبپره. ۱۸ 18
ne asukɔnkɔn ahorow nyinaa, asuɔkwaa ne ampan.
و همه حشرات بالدار برای شما نجس‌اند؛ خورده نشوند. ۱۹ 19
Ntummoa a wɔwea nyinaa ho ntew mma mo; monnwe.
اما از همه مرغان طاهربخورید. ۲۰ 20
Nanso aboa a ɔwɔ ntaban a ne ho tew biara no motumi we.
هیچ میته مخورید؛ به غریبی که درون دروازه های تو باشد بده تا بخورد، یا به اجنبی بفروش، زیرا که تو برای یهوه، خدایت، قوم مقدس هستی و بزغاله را در شیر مادرش مپز. ۲۱ 21
Monnwe aboa biara a mubehu sɛ wawu. Momfa mma ɔhɔho a ɔne mo te, anaasɛ montɔn ma ɔnanani. Na mo ankasa de, monnwe, efisɛ wɔayi mo asi nkyɛn sɛ ɔman kronkron ama Awurade, mo Nyankopɔn no. Monnnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu.
عشر تمامی محصولات مزرعه خود را که سال به سال از زمین برآید، البته بده. ۲۲ 22
Afe biara monhwɛ na munyi mo mfuw mu nnɔbae nkyɛmu du mu baako.
و به حضور یهوه خدایت در مکانی که برگزیند تا نام خود را در آنجا ساکن سازد، عشر غله و شیره وروغن خود را و نخست زادگان رمه و گله خویش را بخور، تا بیاموزی که از یهوه خدایت همه اوقات بترسی. ۲۳ 23
Munni mo atoko, nsa, ne ngo, ne mo anantwi ne nguan abakan wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛpaw sɛ ɛyɛ atenae wɔ ne din mu na ama moasua sɛnea wosi di Awurade, mo Nyankopɔn no ni daa.
و اگر راه از برایت دور باشد که آن را نمی توانی برد، و آن مکانی که یهوه، خدایت، خواهد برگزید تا نام خود را در آن بگذارد، وقتی که یهوه، خدایت، تو را برکت دهد، از تو دور باشد. ۲۴ 24
Sɛ beae a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛkyerɛ mo sɛ monkamfo ne din no ne nea mote no ntam kwan ware a,
پس آن را به نقره بفروش و نقره را بدست خود گرفته، به مکانی که یهوه خدایت برگزیند، برو. ۲۵ 25
ɛno de, momfa mo ntotoso du du no nsesa dwetɛ na momfa dwetɛ no nkɔ beae a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no.
و نقره را برای هرچه دلت می‌خواهد از گاو و گوسفند و شراب و مسکرات و هرچه دلت از تو بطلبد، بده، و در آنجا بحضوریهوه، خدایت، بخور و خودت با خاندانت شادی نما. ۲۶ 26
Sɛ mudu hɔ a, momfa sika no ntɔ biribiara a mo kɔn dɔ, sɛ ebia, nantwi, oguan, bobesa, anaa nsa biara a ɛyɛ den ne ade biara a mo kra pɛ na mo ne mo fifo nni wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim na mo ani nnye.
و لاوی‌ای را که اندرون دروازه هایت باشد، ترک منما چونکه او را با تو حصه و نصیبی نیست. ۲۷ 27
Na mummu mo ani ngu Lewifo a wɔfra mo mu no so, efisɛ wonni wɔn ankasa wɔn agyapade biara.
و در آخر هر سه سال تمام عشر محصول خود را در همان سال بیرون آورده، در اندرون دروازه هایت ذخیره نما. ۲۸ 28
Mfe abiɛsa biara awiei no, momfa mo nnɔbae so ntotoso du du no mmra mmɛkora wɔ mo nkurow mu,
و لاوی چونکه با توحصه و نصیبی ندارد و غریب و یتیم و بیوه‌زنی که درون دروازه هایت باشند، بیایند و بخورند و سیرشوند، تا یهوه، خدایت، تو را در همه اعمال دستت که می‌کنی، برکت دهد. ۲۹ 29
sɛnea ɛbɛyɛ a Lewifo a wonni agyapade mu kyɛfa wɔ mo mu no ne ananafo a wɔwɔ mo nkurow so ne nyisaa ne akunafo a wɔwɔ mo nkurow so no betumi adidi amee; na ama Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa so.

< تثنیه 14 >