< عاموس 6 >

وای بر آنانی که در صهیون ایمن و درکوهستان سامره مطمئن هستند که نقبای امت های اولی که خاندان اسرائیل نزد آنها آمدندمی باشند. ۱ 1
Nnome nka mo a mugye mo ho di wɔ Sion, ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔw so, mo atitiriw a mowɔ ɔman a edi kan mu, a Israelfo ba mo nkyɛn!
به کلنه عبور کنید و ملاحظه نمایید واز آنجا به حمات بزرگ بروید و به جت فلسطینیان فرود آیید؛ آیا آنها از این ممالک نیکوتر است یا حدود ایشان از حدود شمابزرگتر؟ ۲ 2
Monkɔ Kalne nkɔhwɛ hɔ. Na mumfi hɔ nkɔ Hamat kɛse mu, munsian nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia. Woye sen mo ahemman abien no? Wɔn asase no so sen mo de no ana?
شما که روز بلا را دور می‌کنید و مسند ظلم را نزدیک می‌آورید. ۳ 3
Mutu da bɔne hyɛ da na motwe atemmuda bɛn.
که بر تختهای عاج می‌خوابید و بر بسترها دراز می‌شوید و بره‌ها را ازگله و گوساله‌ها را از میان حظیره‌ها می‌خورید. ۴ 4
Modeda asonse mpa so mugye mo ahome wɔ mo nnae mu, na mowe nguantenmma ne nantwimma a wɔadodɔ srade nam.
که با نغمه بربط می‌سرایید و آلات موسیقی رامثل داود برای خود اختراع می‌کنید. ۵ 5
Mode mo sankuten to ahuhunnwom, na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔ mo nnwontode so te sɛ Dawid.
و شراب رااز کاسه‌ها می‌نوشید و خویشتن را به بهترین عطریات تدهین می‌نمایید اما به جهت مصیبت یوسف غمگین نمی شوید. ۶ 6
Monom nsa wɔ nkora mu na mode sradehuam papa yɛ mo ho, na munni awerɛhow wɔ Yosef sɛe ho.
بنابراین ایشان الان بااسیران اول به اسیری خواهند رفت و صدای عیش کنندگان دور خواهد شد. ۷ 7
Ɛno nti, mobɛka wɔn a wodi kan twa wɔn asu no ho; na mo aponto ne mo ahomegye to betwa.
خداوند یهوه به ذات خود قسم خورده ویهوه خدای لشکرها فرموده است که من ازحشمت یعقوب نفرت دارم و قصرهایش نزد من مکروه است. پس شهر را با هر‌چه در آن است تسلیم خواهم نمود. ۸ 8
Otumfo Awurade aka ne ho ntam na nea Asafo Awurade Nyankopɔn se ni: “Mikyi Yakob ahomaso na mempɛ nʼaban; mede kuropɔn no bɛma ne nea ɛwɔ mu nyinaa.”
و اگر ده نفر در یک شهرباقی‌مانده باشند ایشان خواهند مرد. ۹ 9
Sɛ wogyaw nnipa du wɔ ofi baako mu a, wɔn nso bewuwu.
و چون خویشاوندان و دفن کنندگان کسی را بردارند تااستخوانها را از خانه بیرون برند آنگاه به کسی‌که در اندرون خانه باشد خواهند گفت: آیا دیگری نزد تو هست؟ او جواب خواهد داد که نیست. پس خواهند گفت: ساکت باش زیرا نام یهوه نبایدذکر شود. ۱۰ 10
Na sɛ obusuani a ɔrebɛhyew awufo no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afi fie hɔ na obisa obi a wakɔtɛw se, “Obi ka wo ho ana?” Na obua se, “Dabi” a, afei ɔbɛka se, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din.
زیرا اینک خداوند امر می‌فرماید وخانه بزرگ به خرابیها و خانه کوچک به شکافهاتلف می‌شود. ۱۱ 11
Na Awurade ahyɛ mmara na obebubu afi akɛse no mu asinasin ne afi nketewa no nso mu nketenkete.
آیا اسبان بر صخره می‌دوند یاآن را با گاوان شیار می‌کنند؟ زیرا که شما انصاف را به حنظل و ثمره عدالت را به افسنتین مبدل ساخته‌اید. ۱۲ 12
Apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan a apaapae so ana? Na obi de nantwi funtum hɔ ana? Nanso moadan atɛntrenee ayɛ no awuduru. Na trenee nso ayɛ nwenweenwen.
و به ناچیز شادی می‌کنید ومی گویید آیا با قوت خویش شاخها برای خودپیدا نکردیم؟ ۱۳ 13
Mo a mo ani gye Lo-debar nkogu ho, na mubisa se, “Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so ana?”
زیرا یهوه خدای لشکرهامی گوید: اینک‌ای خاندان اسرائیل من به ضدشما امتی برمی انگیزانم که شما را از مدخل حمات تا نهر عربه به تنگ خواهند‌آورد. ۱۴ 14
Nea Asafo Awurade Nyankopɔn se ni: “Mɛhwanyan ɔman bi abetia mo, Israelfo, nea ɔbɛhyɛ mo so afi Lebo Hamat akosi Araba bon mu.”

< عاموس 6 >