< کارهای رسولان 2 >

و چون روز پنطیکاست رسید، به یک دل در یکجا بودند. ۱ 1
Pentekoste da no duruiɛ no, na asuafoɔ no nyinaa ahyia wɔ faako.
که ناگاه آوازی چون صدای وزیدن باد شدید از آسمان آمد و تمام آن خانه را که در آنجا نشسته بودند پر ساخت. ۲ 2
Amonom hɔ ara, ɛnne bi te sɛ ahum a ɛretu firi ɔsoro baeɛ bɛhyɛɛ efie a na wɔwɔ mu no ma.
وزبانه های منقسم شده، مثل زبانه های آتش بدیشان ظاهر گشته، بر هر یکی از ایشان قرار گرفت. ۳ 3
Egya a ɛrederɛ a ɛte sɛ tɛkrɛma bɛsisii wɔn so mmaako mmaako.
و همه از روح‌القدس پر گشته، به زبانهای مختلف، به نوعی که روح بدیشان قدرت تلفظ بخشید، به سخن‌گفتن شروع کردند. ۴ 4
Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn ho kwan.
و مردم یهود دین دار از هر طایفه زیر فلک دراورشلیم منزل می‌داشتند. ۵ 5
Saa ɛberɛ no na Yudafoɔ bi a wɔfɛre Onyame firi mmeaeɛ mmeaeɛ aba Yerusalem.
پس چون این صدابلند شد گروهی فراهم شده در حیرت افتادندزیرا هر کس لغت خود را از ایشان شنید. ۶ 6
Wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi bɛhyiaeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa ne ahodwirie, ɛfiri sɛ, obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa.
و همه مبهوت و متعجب شده به یکدیگر می‌گفتند: «مگر همه اینها که حرف می‌زنند جلیلی نیستند؟ ۷ 7
Enti, wɔbisaa sɛ, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafoɔ anaa?
پس چون است که هر یکی از ما لغت خود را که در آن تولد یافته‌ایم می‌شنویم؟ ۸ 8
Na adɛn enti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwanwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ
پارتیان و مادیان و عیلامیان و ساکنان جزیره و یهودیه و کپدکیا وپنطس و آسیا ۹ 9
Partifoɔ, Mediafoɔ ne Elamfoɔ, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia,
و فریجیه و پمفلیه و مصر ونواحی لبیا که متصل به قیروان است و غربا از روم یعنی یهودیان و جدیدان ۱۰ 10
Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔasakyera aba Yudasom mu,
و اهل کریت و عرب اینها را می‌شنویم که به زبانهای ما ذکر کبریایی خدا می‌کنند.» ۱۱ 11
ne Kretafoɔ ne Arabfoɔ mu biara kasa mu yi?”
پس همه در حیرت و شک افتاده، به یکدیگر گفتند: «این به کجا خواهدانجامید؟» ۱۲ 12
Wɔde ahodwirie bisaa sɛ, “Yei ase ne sɛn?”
اما بعضی استهزاکنان گفتند که «ازخمر تازه مست شده‌اند!» ۱۳ 13
Afoforɔ nso dii wɔn ho fɛ sɛ, “Saa nnipa yi aboboro nsã.”
پس پطرس با آن یازده برخاسته، آواز خودرا بلند کرده، بدیشان گفت: «ای مردان یهود وجمیع سکنه اورشلیم، این را بدانید و سخنان مرافرا‌گیرید. ۱۴ 14
Petro ne asomafoɔ dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa dendeenden kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Me nuanom Yudafoɔ ne mo a mote Yerusalem nyinaa, montie asɛm a mereka yi.
زیرا که اینها مست نیستند چنانکه شما گمان می‌برید، زیرا که ساعت سوم از روزاست. ۱۵ 15
Saa nnipa yi mmoboroo nsã sɛdeɛ mosusu no, ɛfiri sɛ, adeɛ nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsã boro.
بلکه این همان است که یوئیل نبی گفت ۱۶ 16
Asɛm a asi yi na odiyifoɔ Yoɛl hyɛɛ ho nkɔm sɛ:
که “خدا می‌گوید در ایام آخر چنین خواهدبود که از روح خود بر تمام بشر خواهم ریخت وپسران و دختران شما نبوت کنند و جوانان شما رویاها و پیران شما خوابها خواهند دید؛ ۱۷ 17
“‘Onyankopɔn kaa sɛ, nna a ɛdi akyire no, mɛhwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so. Mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm, mo mmeranteɛ nso ahunu anisoadeɛ. Na mo mpanin nso asoso adaeɛ.
و برغلامان و کنیزان خود در آن ایام از روح خودخواهم ریخت و ایشان نبوت خواهند نمود. ۱۸ 18
Saa mmerɛ no mu no, mɛhwie me Honhom agu mʼasomfoɔ mpo so, mmarima ne mmaa, ama wɔahyɛ nkɔm.
واز بالا در افلاک، عجایب و از پایین در زمین، آیات را از خون و آتش و بخار دود به ظهور آورم. ۱۹ 19
Mede mogya ne ogya ne wisie kumɔnn bɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ wɔ ɔsoro ne asase so.
خورشید به ظلمت و ماه به خون مبدل گرددقبل از وقوع روز عظیم مشهور خداوند. ۲۰ 20
Ansa na Awurade da kɛseɛ no bɛba no, owia bɛduru sum na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya.
وچنین خواهد بود که هر‌که نام خداوند را بخواند، نجات یابد.” ۲۱ 21
Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.’
«ای مردان اسرائیلی این سخنان را بشنوید. عیسی ناصری مردی که نزد شما از جانب خدامبرهن گشت به قوات و عجایب و آیاتی که خدادر میان شما از او صادر گردانید، چنانکه خودمی دانید، ۲۲ 22
“Israelfoɔ, montie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a ɔbɛdiiɛ no daa adi wɔ tumi ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn nam ne so yɛeɛ a mo ankasa di ho adanseɛ no mu.
این شخص چون برحسب اراده مستحکم و پیشدانی خدا تسلیم شد، شما به‌دست گناهکاران بر صلیب کشیده، کشتید، ۲۳ 23
Onyankopɔn ankasa firi ne pɛ ne ne nhunumu mu sii no gyinaeɛ sɛ wɔbɛyi Yesu ama mo, na mode no maa nnebɔneyɛfoɔ ma wɔbɔɔ no asɛnnua mu kumm no.
که خدا دردهای موت را گسسته، او را برخیزانیدزیرا محال بود که موت او را در بند نگاه دارد، ۲۴ 24
Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu maa ɔyii no firii owuyea mu, ɛfiri sɛ, owuo antumi anni ne so.”
زیرا که داود درباره وی می‌گوید: “خداوند راهمواره پیش روی خود دیده‌ام که به‌دست راست من است تا جنبش نخورم؛ ۲۵ 25
Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ, “Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da.
از این سبب دلم شادگردید و زبانم به وجد آمد بلکه جسدم نیز در امیدساکن خواهد بود؛ ۲۶ 26
Ɛno enti, me kra ani gye, na me de me tɛkrɛma di ahurisie. Me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu.
زیرا که نفس مرا در عالم اموات نخواهی گذاشت و اجازت نخواهی داد که قدوس تو فساد را ببیند. (Hadēs g86) ۲۷ 27
Ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔ. (Hadēs g86)
طریقهای حیات را به من آموختی و مرا از روی خود به خرمی سیرگردانیدی.” ۲۸ 28
Woakyerɛ me nkwagyeɛ ɛkwan; na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim.
«ای برادران، می‌توانم درباره داود پطریارخ با شما بی‌محابا سخن گویم که او وفات نموده، دفن شد و مقبره او تا امروز در میان ماست. ۲۹ 29
“Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panin Dawid ho. Ɔwuiɛ na wɔsiee no, na ne damena da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
پس چون نبی بود و دانست که خدا برای او قسم خوردکه از ذریت صلب او بحسب جسد، مسیح رابرانگیزاند تا بر تخت او بنشیند، ۳۰ 30
Na ɔyɛ odiyifoɔ a ɔnim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ bi sɛ ɔbɛyɛ Dawid aseni ɔhene, sɛdeɛ Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ.
درباره قیامت مسیح پیش دیده، گفت که نفس او در عالم اموات گذاشته نشود و جسد او فساد را نبیند. (Hadēs g86) ۳۱ 31
Dawid hunuu deɛ Onyankopɔn rebɛyɛ no, ɔkasa faa owusɔreɛ a ɛfa Agyenkwa no ho sɛ, ‘Wɔannya no awufoɔ mu. Ne honam nso amporɔ.’ (Hadēs g86)
پس همان عیسی را خدا برخیزانید و همه ما شاهد برآن هستیم. ۳۲ 32
Onyankopɔn anyane saa Yesu yi afiri owuo mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho adansefoɔ.
پس چون به‌دست راست خدا بالابرده شد، روح‌القدس موعود را از پدر یافته، این را که شما حال می‌بینید و می‌شنوید ریخته است. ۳۳ 33
Wɔahyɛ no animuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ɛho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so a ɛho nsɛnkyerɛnneɛ na mohunu na mote yi.
زیرا که داود به آسمان صعود نکرد لیکن خودمی گوید “خداوند به خداوند من گفت بر دست راست من بنشین ۳۴ 34
Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom, ɔkaa sɛ, “‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ, “Tena me nsa nifa so ha,
تا دشمنانت را پای انداز توسازم.” ۳۵ 35
kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.”’
پس جمیع خاندان اسرائیل یقین بدانندکه خدا همین عیسی را که شما مصلوب کردیدخداوند و مسیح ساخته است.» ۳۶ 36
“Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hunu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asɛnnua mu.”
چون شنیدند دلریش گشته، به پطرس وسایر رسولان گفتند: «ای برادران چه کنیم؟» ۳۷ 37
Ɛberɛ a nnipa no tee saa asɛm yi no, ɛhaa wɔn yie. Enti, wɔbisaa Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ, “Anuanom, ɛdeɛn na yɛnyɛ?”
پطرس بدیشان گفت: «توبه کنید و هر یک ازشما به اسم عیسی مسیح بجهت آمرزش گناهان تعمید گیرید و عطای روح‌القدس را خواهیدیافت. ۳۸ 38
Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnu mo ho na wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no.
زیرا که این وعده است برای شما وفرزندان شما و همه آنانی که دورند یعنی هرکه خداوند خدای ما او را بخواند.» ۳۹ 39
Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”
و به سخنان بسیار دیگر، بدیشان شهادت داد و موعظه نموده، گفت که «خود را از این فرقه کجرو رستگارسازید.» ۴۰ 40
Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnye mo ho mfiri asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfoɔ yi so no mu.”
پس ایشان کلام او را پذیرفته، تعمیدگرفتند و در همان روز تخمین سه هزار نفر بدیشان پیوستند ۴۱ 41
Wɔn mu dodoɔ no ara gyee asɛm no diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ɛda no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifoɔ no ho.
و در تعلیم رسولان ومشارکت ایشان و شکستن نان و دعاها مواظبت می‌نمودند. ۴۲ 42
Daa na wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa sua asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpaeɛ.
و همه خلق ترسیدند و معجزات وعلامات بسیار از دست رسولان صادر می‌گشت. ۴۳ 43
Asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree maa obiara a ɔhunuiɛ no ho dwirii no.
و همه ایمانداران با هم می‌زیستند و درهمه‌چیز شریک می‌بودند ۴۴ 44
Agyidifoɔ no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa korɔ, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahodeɛ mu momaa wɔn ho wɔn ho.
و املاک و اموال خود را فروخته، آنها را به هر کس به قدراحتیاجش تقسیم می‌کردند. ۴۵ 45
Wɔtɔn wɔn ahodeɛ kyekyɛɛ sika a wɔnya firii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ ɛho hia obiara.
و هر روزه درهیکل به یکدل پیوسته می‌بودند و در خانه‌ها نان را پاره می‌کردند و خوراک را به خوشی وساده دلی می‌خوردند. ۴۶ 46
Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigyeɛ ne akoma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afie mu, kamfo Onyankopɔn, nya animuonyam wɔ nnipa anim.
و خدا را حمد می‌گفتندو نزد تمامی خلق عزیز می‌گردیدند و خداوند هرروزه ناجیان را بر کلیسا می‌افزود. ۴۷ 47
Ɛda biara na Awurade de wɔn a ɔgye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.

< کارهای رسولان 2 >