< دوم سموئیل 6 >

و داود بار دیگر جمیع برگزیدگان اسرائیل، یعنی سی هزار نفر را جمع کرد. ۱ 1
Na Dawid boaboaa Israel mmabun a wɔn ho mmu wɔn dwɛ mpem aduasa ano.
و داود باتمامی قومی که همراهش بودند برخاسته، ازبعلی یهودا روانه شدند تا تابوت خدا را که به اسم، یعنی به اسم یهوه صبایوت که بر کروبیان نشسته است، مسمی می‌باشد، از آنجا بیاورند. ۲ 2
Odii wɔn anim fi Baala a ɛwɔ Yuda, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Adaka, a ekura Awurade Tumfo no a wɔde no asi kerubim ntam no din.
و تابوت خدا را بر ارابه‌ای نو گذاشتند و آن را از خانه ابیناداب که در جبعه است، برداشتند، و عزه واخیو، پسران ابیناداب، ارابه نو را راندند. ۳ 3
Wɔde Onyankopɔn Adaka no sii teaseɛnam foforo so, de fii Abinadab fi a na ɛwɔ bepɔw so no bae. Usa ne Ahio a na wɔyɛ Abinadab mmabarima no na na wɔkyerɛ teaseɛnam foforo no
و آن رااز خانه ابیناداب که در جبعه است با تابوت خداوند آوردند و اخیو پیش تابوت می‌رفت. ۴ 4
a na Onyankopɔn Adaka no si mu no kwan. Na Ahio na odi anim.
وداود و تمامی خاندان اسرائیل با انواع آلات چوب سرو و بربط و رباب و دف و دهل و سنجهابه حضور خداوند بازی می‌کردند. ۵ 5
Dawid ne Israel manfo gyee wɔn ani wɔ Awurade anim wɔ ahoɔden so a wɔreto nnwom, na wɔde asanku, mmɛnta, akasae, mfirikyiwa ne kyɛnkyɛn nenam mu.
و چون به خرمنگاه ناکون رسیدند عزه دست خود را به تابوت خداوند دراز کرده، آن را گرفت زیرا گاوان می‌لغزیدند. ۶ 6
Na woduu Nakon awiporowbea no, nantwi no nan totoe, maa Usa teɛɛ ne nsa soo Onyankopɔn Adaka no mu sɛ ɔreteɛ no.
پس غضب خداوند برعزه افروخته شده، خدا او را در آنجا به‌سبب تقصیرش زد، و در آنجا نزد تابوت خدا مرد. ۷ 7
Na Awurade bo fuw Usa sɛ ɔyɛɛ saa, na Onyankopɔn bɔɔ no ma owu daa adaka no ho.
وداود غمگین شد زیرا خداوند بر عزه رخنه کرده بود، و آن مکان را تا به امروز فارص عزه نام نهاد. ۸ 8
Dawid nso bo fuw, efisɛ Awurade abufuw atia Usa. Ɔtoo saa beae hɔ din Peres-Usa a ase ne abufuwhyew a etia Usa. Wɔfrɛ hɔ saa ara de besi nnɛ.
و در آن روز، داود از خداوند ترسیده، گفت که تابوت خداوند نزد من چگونه بیاید. ۹ 9
Afei, na Dawid suro Awurade nti obisaa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Awurade adaka no bɛba me nkyɛn?”
و داودنخواست که تابوت خداوند را نزد خود به شهرداود بیاورد. پس داود آن را به خانه عوبید ادوم جتی برگردانید. ۱۰ 10
Na Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔremma Awurade Adaka no so nkɔ Dawid Kuropɔn no mu. Na mmom, ɔmaa so de kɔɔ Obed-Edom a ɔyɛ Gatni fi.
و تابوت خداوند در خانه عوبید ادوم جتی سه ماه ماند و خداوند عوبیدادوم و تمامی خاندانش را برکت داد. ۱۱ 11
Na Awurade adaka no sii Gatni Obed-Edom fifo nkyɛn asram abiɛsa, na Awurade hyiraa no ne ne fi mu nnipa nyinaa.
و داود پادشاه را خبر داده، گفتند که: خداوند خانه عوبید ادوم و جمیع مایملک او را به‌سبب تابوت خدا برکت داده است. پس داود رفت و تابوت خدا را از خانه عوبید ادوم به شهر داود به شادمانی آورد. ۱۲ 12
Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene Dawid se, “Esiane Awurade Adaka no nti, Awurade ahyira Obed-Edom fi ne biribiara a ɔwɔ so.” Enti Dawid kɔɔ hɔ kɔfaa Adaka no, de osebɔ kɛse baa Dawid Kuropɔn no mu.
و چون بردارندگان تابوت خداوند شش قدم رفته بودند، گاوان و پرواریهاذبح نمود. ۱۳ 13
Nnipa a na wɔso Awurade Adaka no tuu anammɔn asia pɛ, wogyinaa hɔ twɛnee, sɛnea Dawid betumi de nantwi ne nantwi ba a wadɔ srade abɔ afɔre.
و داود با تمامی قوت خود به حضور خداوند رقص می‌کرد، و داود به ایفودکتان ملبس بود. ۱۴ 14
Na Dawid fii nʼahoɔden nyinaa mu saw wɔ Awurade anim a na ɔhyɛ asɔfotade yuu.
پس داود و تمامی خاندان اسرائیل، تابوت خداوند را به آواز شادمانی وآواز کرنا آوردند. ۱۵ 15
Enti Dawid ne Israel nyinaa de nteɛteɛmu ne ntorobɛntohyɛn maa Awurade Adaka no so kɔe.
و چون تابوت خداوندداخل شهر داود می‌شد، میکال دختر شاول ازپنجره نگریسته، داود پادشاه را دید که به حضورخداوند جست وخیز و رقص می‌کند، پس او رادر دل خود حقیر شمرد. ۱۶ 16
Bere a wɔde Awurade Adaka no rewura Dawid Kuropɔn no mu no, Saulo babea a ne din de Mikal no kɔtɛwee mfɛnsere mu hwɛe. Ohuu sɛ ɔhene Dawid rehuruhuruw, resaw anigye so wɔ Awurade anim no, nʼani annye.
و تابوت خداوند را درآورده، آن را درمکانش در میان خیمه‌ای که داود برایش برپاداشته بود، گذاشتند، و داود به حضور خداوندقربانی های سوختنی و ذبایح سلامتی گذرانید. ۱۷ 17
Wɔde Awurade Adaka no kosii nʼafa wɔ ntamadan a ɛno nti, Dawid asi no mu, na Dawid bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ Awurade anim.
و چون داود از گذرانیدن قربانی های سوختنی و ذبایح سلامتی فارغ شد، قوم را به اسم یهوه صبایوت برکت داد. ۱۸ 18
Owiei no, ohyiraa nkurɔfo no wɔ Asafo Awurade din mu.
و به تمامی قوم، یعنی به جمیع گروه اسرائیل، مردان و زنان به هر یکی یک گرده نان و یک پاره گوشت و یک قرص کشمش بخشید، پس تمامی قوم هر یکی به خانه خودرفتند. ۱۹ 19
Afei, ɔmaa Israel dɔm no mu onipa biara brodo mua, namkum ne bobe aba ɔfam. Na wɔn mu biara kɔɔ ne fi.
اما داود برگشت تا اهل خانه خود را برکت دهد. و میکال دختر شاول به استقبال داود بیرون آمده، گفت: «پادشاه اسرائیل امروز چه قدرخویشتن را عظمت داد که خود را در نظر کنیزان بندگان خود برهنه ساخت، به طوری که یکی ازسفها خود را برهنه می‌کند.» ۲۰ 20
Bere a Dawid san kɔɔ ne fi sɛ ɔrekohyira ne fifo no, Mikal fii adi ba behyiaa no ka kyerɛɛ no abufuw so se, “Nnɛ de, na Israelhene nsɛ ha! Ɔpaa ne ho kyerɛɛ ne mfenaa te sɛ nea obiara a ommu ne ho bɛyɛ no ara pɛ.”
و داود به میکال گفت: «به حضور خداوند بود که مرا بر پدرت و برتمامی خاندانش برتری داد تا مرا بر قوم خداوند، یعنی بر اسرائیل پیشوا سازد، از این جهت به حضور خداوند بازی کردم. ۲۱ 21
Dawid buaa Mikal se, “Na meresaw wɔ Awurade a oyii me, na otwaa wʼagya ne nʼabusuafo gyawee no anim. Oyii me sɛ menyɛ Israel a wɔyɛ Awurade nkurɔfo ɔkannifo. Ɛno nti, ɛyɛ me pɛ sɛ meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, sɛnea ɛbɛma makyerɛ mʼahokeka a mewɔ wɔ Awurade mu.
و از این نیز خود رازیاده حقیر خواهم نمود و در نظر خود پست خواهم شد، لیکن در نظر کنیزانی که درباره آنهاسخن گفتی، معظم خواهم بود.» ۲۲ 22
Yiw, na mepɛ sɛ meyɛ ɔkwasea koraa sen eyi, na mmeawa koro yi ara a woreka wɔn ho asɛm yi bɛhyɛ me anuonyam.”
و میکال دخترشاول را تا روز وفاتش اولاد نشد. ۲۳ 23
Na Saulo babea Mikal anwo ba da wɔ ne nkwa nna nyinaa.

< دوم سموئیل 6 >