< دوم سموئیل 23 >

و این است سخنان آخر داود: «وحی داود بن یسا. و وحی مردی که بر مقام بلند ممتاز گردید، مسیح خدای یعقوب، و مغنی شیرین اسرائیل. ۱ 1
Eyi ne Dawid nsɛm a etwaa to: “Dawid, Yisai ba barima a Onyankopɔn maa no nkɔso a ɛyɛ nwonwa, na Yakob Nyankopɔn sraa no ngo no, Israel nnwomhyehyɛfo mu otiban:
روح خداوند به وسیله من متکلم شد و کلام او بر زبانم جاری گردید. ۲ 2
“Awurade honhom kasa fa me mu; ne nsɛm wɔ me tɛkrɛma so.
خدای اسرائیل متکلم شد و صخره اسرائیل مراگفت: آنکه بر مردمان حکمرانی کند، عادل باشدو با خدا ترسی سلطنت نماید. ۳ 3
Israel Nyankopɔn kasae. Israel botan ka kyerɛɛ me se: ‘Onipa a odi hene trenee mu, na ɔde Onyamesuro di hene no,
و او خواهد بودمثل روشنایی صبح، وقتی که آفتاب طلوع نماید، یعنی صبح بی‌ابر، هنگامی که علف سبز از زمین می‌روید، به‌سبب درخشندگی بعد از باران. ۴ 4
ɔte sɛ anɔpa hann, ɔte sɛ anɔpa a omununkum nni hɔ apueiwia hann; ɔte sɛ osutɔ akyi hyerɛn, na ɛma sare foforo pue fi asase mu.’
یقین خانه من با خدا چنین نیست. لیکن عهدجاودانی با من بسته است، که در همه‌چیز آراسته و مستحکم است. و تمامی نجات و تمامی مسرت من این است، هرچند آن را نمو نمی دهد. ۵ 5
“Ɛyɛ me fi na Onyankopɔn ayi. Yiw, ɔne me ayɛ apam a ɛwɔ hɔ daa. Ne nhyehyɛe yɛ afebɔɔ, bi nni hɔ bio, na wɔasɔw ano. Ɔbɛhwɛ me yiyedi ne me nkɔso daa.
لیکن جمیع مردان بلیعال مثل خارهایند که دورانداخته می‌شوند. چونکه آنها را به‌دست نتوان گرفت. ۶ 6
Na wɔn a wonnim Onyame no te sɛ nsɔe a wɔbɛtow agu, efisɛ wɔwowɔ nsa a eso mu no.
و کسی‌که ایشان را لمس نماید، می‌بایدبا آهن و نی نیزه مسلح شود. و ایشان در مسکن خود با آتش سوخته خواهند شد.» ۷ 7
Ɛsɛ sɛ obi kɔ amia mu ansa na watwa wɔn agu; wɔde ogya bɛhyew wɔn dwerɛbee.”
و نامهای شجاعانی که داود داشت این است: یوشیب بشبت تحکمونی که سردار شالیشیم بودکه همان عدینو عصنی باشد که بر هشتصد نفرتاخت آورد و ایشان را در یک وقت کشت. ۸ 8
Din a edidi so yi yɛ Dawid dɔmmarima: Nea odi kan ne Yoseb-Basebet a ofi Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofo akɛse Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahanwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu no.
و بعد از او العازار بن دودو ابن اخوخی، یکی از آن سه مرد شجاع که با داود بودند، هنگامی که فلسطینیان را که در آنجا برای جنگ جمع شده، ومردان اسرائیل رفته بودند، به مقاتله طلبیدند. ۹ 9
Nea ɔto so abien wɔ baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahohi aseni. Bere bi Eleasar ne Dawid ka bɔɔ mu, tew gyinae, de tiaa Filistifo bere a Israel asraafo no nyinaa aguan no.
واما او برخاسته، با فلسطینیان جنگ کرد تا دستش خسته شد و دستش به شمشیر چسبید و خداونددر آن روز، ظفر عظیمی داد، و قوم در عقب اوفقط برای غارت کردن برگشتند. ۱۰ 10
Okunkum Filistifo no ara kosii sɛ afei, na ontumi mpagyaw ne peaw. Nanso Awurade maa no dii nkonim saa da no. Asraafo a wɔaka no ansan amma kosii bere a ɛsɛ sɛ wɔkɔtase wɔn asade no.
و بعد از او شمه بن آجی هراری بود وفلسطینیان، لشکری فراهم آوردند، در جایی که قطعه زمینی پر از عدس بود، و قوم از حضورفلسطینیان فرار می‌کردند. ۱۱ 11
Nea odi hɔ yɛ Sama a ɔyɛ Agee a ofi Harar babarima. Da koro bi, Filistifo no boaa wɔn ho ano wɔ Lehi, na wɔtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ aseduafuw bi mu. Israel asraafo no guanee,
آنگاه او در میان آن قطعه زمین ایستاد و آن را نگاه داشته، فلسطینیان را شکست داد و خداوند ظفر عظیمی داد. ۱۲ 12
nanso Sama gyinaa ne nan so pintinn wɔ afuw no mfimfini, kaa Filistifo no gui. Enti Awurade ma odii nkonim.
و سه نفر از آن سی سردار فرود شده، نزدداود در وقت حصاد به مغاره عدلام آمدند، ولشکر فلسطینیان در وادی رفائیم اردو زده بودند. ۱۳ 13
Twabere bi a na Dawid wɔ Adulam ɔbodan mu no, Filisti asraafo bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bon mu. Dawid akofo nimdefo aduasa no mu baasa sian kohyiaa no wɔ hɔ.
و داود در آن وقت در ملاذ خویش بود و قراول فلسطینیان در بیت لحم. ۱۴ 14
Saa bere no na Dawid te nsraban mu hɔ a na Filistifo asraafo no fa bi nso akɔtena Betlehem.
و داود خواهش نموده، گفت: «کاش کسی مرا از چاهی که نزددروازه بیت لحم است آب بنوشاند.» ۱۵ 15
Dawid daa nʼakɔnnɔ adi se, “Ao, sɛ minya nsu pa a ɛwɔ Betlehem abura a ɛwɔ kurow no pon no ano hɔ no bi a, anka mɛnom.”
پس آن سه مرد شجاع، لشکر فلسطینیان را از میان شکافته، آب را از چاهی که نزد دروازه بیت لحم است کشیده، برداشتند و آن را نزد داود آوردند، اما نخواست که آن را بنوشد و آن را به جهت خداوند ریخت. ۱۶ 16
Enti baasa no bu faa Filistifo no mu kɔsaw nsu no bi fii abura no mu, de brɛɛ Dawid. Nanso wannom. Mmom, ohwie guu Awurade anim.
و گفت: «ای خداوند حاشا ازمن که این کار را بکنم، مگر این خون آن کسان نیست که به خطر جان خود رفتند؟» از این جهت نخواست که بنوشد. کاری که این سه مرد کردند، این است. ۱۷ 17
Ɔteɛɛ mu se, “Awurade ma ɛmpare me sɛ mɛnom eyi! Saa nsu yi som bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn nkwa too hɔ, kɔsaw nsu yi brɛɛ me yi mogya.” Enti Dawid annom. Mmarimasɛm a Baasa no dii no nhwɛso bi ni.
و ابیشای، برادر یوآب بن صرویه، سردارسه نفر بود و نیزه خود را بر سیصد نفر حرکت داده، ایشان را کشت و در میان آن سه نفر اسم یافت. ۱۸ 18
Na Yoab nua Seruia babarima Abisai nso dii Aduasa no anim. Da bi, ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahaasa wɔ ɔsa baako pɛ mu. Saa akokodurusɛm yi nti ne din hyetaa sɛ Baasa no.
آیا از آن سه نفر مکرم تر نبود؟ پس سردار ایشان شد لیکن به سه نفر اول نرسید. ۱۹ 19
Abisai na ogyee din pa ara wɔ Aduasa no mu. Ɛwɔ mu, wannye din sɛ Baasa no ho de, nanso na ɔno ne Aduasa no safohene.
و بنایاهو ابن یهویاداع، پسر مردی شجاع قبصئیلی، که کارهای عظیم کرده بود، دو پسراریئیل موآبی را کشت و در روز برف به حفره‌ای فرود شده، شیری را بکشت. ۲۰ 20
Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔkofo kokodurufo a ofi Kabseel. Odii mmarimasɛm bebree a bi ne sɛ, okum Moab akofo akɛse baanu. Bere bi nso, ɔtaa gyata, ma wɔkɔtɔɔ amoa mu. Na sukyerɛmma atɔ, ama fam ayɛ toro de, nanso ɔkyeree gyata no, kum no.
و مرد خوش اندام مصری‌ای را کشت و آن مصری در دست خود نیزه‌ای داشت اما نزد وی با چوب دستی رفت و نیزه را از دست مصری ربود و وی را با نیزه خودش کشت. ۲۱ 21
Bere bi nso, ɔde abaaporiwa a na okura no kum Misraimni ɔkofo kɛse bi a na ɔno kura peaw. Benaia hwim peaw no fii Misraimni no nsam, na ɔde kum no.
و بنایاهو ابن یهویاداع این کارها را کرد و در میان آن سه مرد شجاع اسم یافت. ۲۲ 22
Eyinom na Yehoiada babarima Benaia yɛe, ma ogyee din te sɛ Baasa no.
و از آن سی نفر مکرمتر شد لیکن به آن سه نفر اول نرسید و داود او را بر اهل مشورت خود گماشت. ۲۳ 23
Na ɔwɔ anuonyam sen wɔn a na wɔfra Aduasa no mu no biara, nanso na ɔnka Baasa no ho. Na Dawid yɛɛ no nʼawɛmfo no so sahene.
و عسائیل برادر یوآب یکی از آن سی نفربود و الحانان بن دودوی بیت لحمی، ۲۴ 24
Wɔn a aka a na wɔfra Aduasa no mu no ni: Yoab nuabarima Asahel; Dodo a ofi Betlehem babarima Elhanan;
و شمه حرودی و الیقای حرودی، ۲۵ 25
Sama a ofi Harod; Elika a ofi Harod;
و حالص فلطی و عیرا ابن عقیش تقوعی، ۲۶ 26
Heles a ofi Palti; Ira, Ikes a ofi Tekoa babarima;
و ابیعزر عناتوتی ومبونای حوشاتی، ۲۷ 27
Abieser a ofi Anatot; Sibekai a ofi Husa;
و صلمون اخوخی و مهرای نطوفاتی، ۲۸ 28
Salmon a ofi Ahoa; Maharai a ofi Netofa;
و حالب بن بعنه نطوفاتی و اتای بن ریبای از جبعه بنی بنیامین، ۲۹ 29
Heleb, Baana a ofi Netofa babarima; Itai, Ribai a ofi Gibea (Benyamin abusuakuw mu) babarima;
و بنایای فرعاتونی و هدای از وادیهای جاعش، ۳۰ 30
Benaia a ofi Piraton; Hidai a ofi Nahale-Gaas;
و ابوعلبون عرباتی و عزموت برحومی، ۳۱ 31
Arbatini Abi-Albon; Asmawet a ofi Bahurim;
و الیحبای شعلبونی و از بنی یاشن یوناتان، ۳۲ 32
Eliahba a ofi Saalbon; Yaasen mmabarima;
و شمه حراری و اخیام بن شارر اراری، ۳۳ 33
Yonatan, Sama a ofi Harar babarima; Sarar, Ahiam a ofi Maaka babarima;
و الیفلط بن احسبای ابن معکاتی و الیعام بن اخیتوفل جیلونی، ۳۴ 34
Elifelet, Ahasbai a ofi Maaka babarima; Eliam, Ahitofel a ofi Gilo babarima;
وحصرای کرملی و فعرای اربی، ۳۵ 35
Hesro a ofi Karmel; Paarai a ofi Arba;
و یجال بن ناتان از صوبه و بانی جادی، ۳۶ 36
Igal, Natan a ofi Soba babarima; Bani a ofi Gad;
و صالق عمونی ونحرای بئیروتی که سلاحداران یوآب بن صرویه بودند، ۳۷ 37
Selek a ofi Amon; Naharai a ofi Beerot (Yoab akodekurafo);
و عیرای یتری و جارب یتری، ۳۸ 38
Ira a ofi Yitri; Gareb a ofi Yitri;
واوریای حتی، که جمیع اینها سی و هفت نفربودند. ۳۹ 39
Hetini Uria. Wɔn nyinaa dodow yɛ aduasa ason.

< دوم سموئیل 23 >