< دوم سموئیل 17 >

و اخیتوفل به ابشالوم گفت: «مرا اذن بده که دوازده هزار نفر را برگزیده، برخیزم و شبانگاه داود را تعاقب نمایم. ۱ 1
Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom se, “Meyi asraafo mpem dumien, na mafi ha anadwo yi akɔtaa Dawid.
پس در حالتی که او خسته و دستهایش سست است بر اورسیده، او را مضطرب خواهم ساخت و تمامی قومی که همراهش هستند، خواهند گریخت، وپادشاه را به تنهایی خواهم کشت. ۲ 2
Mɛto no wɔ bere a ɔbrɛ nti, nʼaba mu abu. Ɔne nʼakofo nyinaa bɛbɔ hu na wɔaguan. Ɔhene no nko ara na mɛbɔ no ahwe,
و تمامی قوم را نزد تو خواهم برگردانید زیرا شخصی که او رامی طلبی مثل برگشتن همه است، پس تمامی قوم در سلامتی خواهند بود.» ۳ 3
na mede nnipa no asan abrɛ wo. Onipa a wohwehwɛ no no wu bɛma wɔn nyinaa asan aba; nnipa no mu biara ho rentɔ kyima.”
و این سخن در نظرجمیع مشایخ اسرائیل پسند آمد. ۴ 4
Saa nhyehyɛe yi sɔɔ Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa ani.
و ابشالوم گفت: «حوشای ارکی را نیزبخوانید تا بشنویم که او چه خواهد گفت.» ۵ 5
Nanso Absalom kae se, “Momfrɛ Husai a ofi Arki no mmra na yentie nea ɔwɔ ka.”
وچون حوشای نزد ابشالوم آمد، ابشالوم وی راخطاب کرده، گفت: «اخیتوفل بدین مضمون گفته است، پس تو بگو که بر‌حسب رای او عمل نماییم یا نه.» ۶ 6
Husai bae no, Absalom kaa nea Ahitofel aka no kyerɛɛ no. Afei obisaa no se, “Wʼadwene ne dɛn? Yɛmfa Ahitofel afotu no ana? Na sɛ ɛnte saa a, kyerɛ yɛn wʼadwene.”
حوشای به ابشالوم گفت: «مشورتی که اخیتوفل این مرتبه داده است، خوب نیست.» ۷ 7
Husai buaa Absalom se, “Afotu a Ahitofel ama wo no nnye saa bere yi.
و حوشای گفت: «می‌دانی که پدرت ومردانش شجاع هستند و مثل خرسی که بچه هایش را در بیابان گرفته باشند، در تلخی جانند، و پدرت مرد جنگ آزموده است، و شب را در میان قوم نمی ماند. ۸ 8
Wunim wʼagya ne ne dɔm; wɔyɛ akofo akɛse, na wɔn ho yɛ hu sɛ sisi a wɔawia ne mma. Ɛno da nkyɛn a, wʼagya nim de wɔ akodi mu; ɔne nʼakofo no rentena anadwo yi.
اینک او الان درحفره‌ای یا جای دیگر مخفی است، و واقع خواهد شد که چون بعضی از ایشان در ابتدابیفتند، هر کس که بشنود خواهد گفت: در میان قومی که تابع ابشالوم هستند، شکستی واقع شده است. ۹ 9
Sesɛɛ mpo, wakɔtɛw ɔbodan bi mu anaa baabi foforo. Na sɛ odi kan tow hyɛ mo so a, nea ɔbɛte biara no bɛka se, ‘Wɔakunkum asraafo a wodi Absalon akyi no.’
و نیز شجاعی که دلش مثل دل شیرباشد، بالکل گداخته خواهد شد، زیرا جمیع اسرائیل می‌دانند که پدر تو جباری است ورفیقانش شجاع هستند. ۱۰ 10
Na sɛ ɛba saa a, ɔsraani a ɔyɛ nnam a ne koma te sɛ gyata no koraa, ehu bɛma wabɔ hu. Na Israel nyinaa nim sɛ wʼagya yɛ ɔkofo, na wɔn a wɔka ne ho no nso koko yɛ duru.
لهذا رای من این است که تمامی اسرائیل از دان تا بئرشبع که مثل ریگ کناره دریا بی‌شمارند، نزد تو جمع شوند، وحضرت تو همراه ایشان برود. ۱۱ 11
“Enti mitu wo fo sɛ, boa Israel nyinaa ano, efi Dan kosi Beer-Seba. Woyɛ saa a wubenya asraafo a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea. Na migye di sɛ wʼankasa bedi asraafo no anim.
پس در مکانی که یافت می‌شود بر او خواهیم رسید، و مثل شبنمی که بر زمین می‌ریزد بر او فرود خواهیم آمد، و از او و تمامی مردانی که همراه وی می‌باشند، یکی هم باقی نخواهد ماند. ۱۲ 12
Na sɛ yehu Dawid a, yɛbɛtow ahyɛ no so, sɛnea obosu gu asase so, a ɔno ne mmarima no mu baako mpo nka.
و اگر به شهری داخل شود، آنگاه تمامی اسرائیل طنابهابه آن شهر خواهند‌آورد و آن شهر را به نهرخواهند کشید تا یک سنگ ریزه‌ای هم در آن پیدانشود.» ۱۳ 13
Na sɛ Dawid aguan kɔ kuropɔn bi so a, wode Israel asraafo nyinaa bɛkɔ hɔ. Afei, yebetumi afa ntampehama de atwe kurow no afasu, akogu obon a ɛbɛn mu, kosi sɛ ɔbo biara a ɛwɔ mu no bɛyam.”
پس ابشالوم و جمیع مردان اسرائیل گفتند: «مشورت حوشای ارکی از مشورت اخیتوفل بهتر است.» زیرا خداوند مقدر فرموده بود که مشورت نیکوی اخیتوفل را باطل گرداند تا آنکه خداوند بدی را بر ابشالوم برساند. ۱۴ 14
Afei, Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa kae se, “Husai afotu no ye sen Ahitofel de no.” Efisɛ Awurade ahyehyɛ sɛ Ahitofel afotu pa a ɔde ama no bɛsɛe, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛba Absalom so.
و حوشای به صادوق و ابیاتار کهنه گفت: «اخیتوفل به ابشالوم و مشایخ اسرائیل چنین و چنان مشورت داده، و من چنین و چنان مشورت داده‌ام. ۱۵ 15
Na Husai kɔkaa asɛm a Ahitofel aka ne ɔno ankasa adwenkyerɛ no kyerɛɛ asɔfo Sadok ne Abiatar.
پس حال به زودی بفرستید و داود رااطلاع داده، گویید: امشب در کناره های بیابان توقف منما بلکه به هر طوری که توانی عبور کن، مبادا پادشاه و همه کسانی که همراه وی می‌باشند، بلعیده شوند.» ۱۶ 16
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ntɛm! Monkɔhwehwɛ Dawid, na monka nkyerɛ no se, ɔnntena Asubɔnten Yordan aworoe so hɔ anadwo yi. Ɛsɛ sɛ otwa kɔ sare no so akyi, anyɛ saa a, ɔne nʼakofo nyinaa bewuwu.”
و یوناتان و اخیمعص نزد عین روجل توقف می‌نمودند و کنیزی رفته، برای ایشان خبرمی آورد، و ایشان رفته، به داود پادشاه خبرمی رسانیدند، زیرا نمی توانستند به شهر داخل شوند که مبادا خویشتن را ظاهر سازند. ۱۷ 17
Yonatan ne Ahimaas tenaa En-Rogel, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrenkɔ kurow no mu na wɔnnsan mpue. Na wɔayɛ nhyehyɛe bi sɛ abaawa bi de nkra a ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔhene Dawid no bɛbrɛ wɔn.
اماغلامی ایشان را دیده، به ابشالوم خبر داد، و هردوی ایشان به زودی رفته، به خانه شخصی دربحوریم داخل شدند و در حیاط او چاهی بود که در آن فرود شدند. ۱۸ 18
Nanso abarimaa bi huu wɔn sɛ wɔrefi En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn nti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na woguan kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kosiee abura bi a ɛwɔ nʼadiwo mu.
و زن، سرپوش چاه راگرفته، بر دهنه‌اش گسترانید و بلغور بر آن ریخت. پس چیزی معلوم نشد. ۱۹ 19
Ɔbarima no yere de ntama kataa abura no so, de atoko guu so te sɛnea ɔrehata no owia so, na obiara ansusuw sɛ nnipa hyɛ abura no mu.
و خادمان ابشالوم نزدآن زن به خانه درآمده، گفتند: «اخیمعص ویوناتان کجایند؟» زن به ایشان گفت: «از نهر آب عبور کردند.» پس چون جستجو کرده، نیافتند، به اورشلیم برگشتند. ۲۰ 20
Bere a Absalom mmarima no duu hɔ no, wobisaa ɔbea no se, “Woahu Ahimaas ne Yonatan ana?” Obuaa wɔn se, “Na wɔwɔ ha de, nanso wɔatwa asuwa no kɔ.” Absalom mmarima no hwehwɛɛ wɔn, nanso wɔanhu wɔn nti, wɔsan kɔɔ Yerusalem.
و بعد از رفتن آنها، ایشان از چاه برآمدند ورفته، داود پادشاه را خبر دادند و به داود گفتند: «برخیزید و به زودی از آب عبور کنید، زیرا که اخیتوفل درباره شما چنین مشورت داده است.» ۲۱ 21
Afei mmarima baanu no fii abura no mu, de mmirika kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn kɔbɔɔ no amanneɛ se, “Fi ha twa asu no ntɛm anadwo yi!” Wɔkaa Ahitofel afotu a ɛbɛma wɔakyere no akum no no kyerɛɛ no.
پس داود و تمامی قومی که همراهش بودند، برخاستند و از اردن عبور کردند و تا طلوع فجریکی باقی نماند که از اردن عبور نکرده باشد. ۲۲ 22
Enti Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kotwaa Yordan. Eduu adekyee no, na obiara atwa Yordan kɔ nʼagya.
اما چون اخیتوفل دید که مشورت او بجاآورده نشد، الاغ خود را بیاراست و برخاسته، به شهر خود به خانه‌اش رفت و برای خانه خودتدارک دیده، خویشتن را خفه کرد و مرد و او را در قبر پدرش دفن کردند. ۲۳ 23
Ahitofel huu sɛ nʼanim agu ase, efisɛ wɔamfa nʼafotu no, ɔhyehyɛɛ nʼafurum tenaa ne so, kɔɔ ne kurom. Ɔtotoo ne nneɛma yiye, na ɔkɔsɛn ne ho. Enti owu ma wosiee no wɔ nʼagya ɔda mu.
اما داود به محنایم آمد و ابشالوم از اردن گذشت و تمامی مردان اسرائیل همراهش بودند. ۲۴ 24
Ankyɛ na Dawid duu Mahanaim. Saa bere no na Absalom aboaboa Israel asraafo no nyinaa ano a odi wɔn anim rekotwa Asubɔnten Yordan.
و ابشالوم، عماسا را به‌جای یوآب به‌سرداری لشکر نصب کرد، و عماسا پسر شخصی مسمی به یترای اسرائیلی بود که نزد ابیجایل، دخترناحاش، خواهر صرویه، مادر یوآب درآمده بود. ۲۵ 25
Absalom yii Amasa de no tuaa asraafo no ano, sii Yoab a na anka ɔyɛ Dawid sahene no anan mu. Amasa yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yitra, a ɔyɛ Israelni a ɔwaree Abigail a ɔyɛ Nahas babea, na ɔyɛ Seruia nuabea, a ɔyɛ Yoab na ba.
پس اسرائیل و ابشالوم در زمین جلعاد اردوزدند. ۲۶ 26
Israelfo no ne Absalom tenaa Gilead asase so.
و واقع شد که چون داود به محنایم رسید، شوبی ابن ناحاش از ربت بنی عمون و ماکیر بن عمیئیل از لودبار و برزلائی جلعادی از روجلیم، ۲۷ 27
Na Dawid duu Mahanaim no, Nahas a ofi Raba babarima Sobi Amonni no, kyiaa no fɛw so. Saa ara na Amiel a ofi Lo-debar babarima Makir ne Gileadni Barsilai a ofi Rogelim nso gyee no fɛw so.
بسترها و کاسه‌ها و ظروف سفالین و گندم وجو و آرد و خوشه های برشته و باقلا و عدس ونخود برشته، ۲۸ 28
Wɔbrɛɛ no kɛtɛ, nkuku ne nkaka, atoko, asikresiam, nkyewe, asɛ ne asedua,
و عسل و کره و گوسفندان و پنیرگاو برای خوراک داود و قومی که همراهش بودندآوردند، زیرا گفتند که قوم در بیابان گرسنه وخسته و تشنه می‌باشند. ۲۹ 29
ɛwo ne nufusu ani srade ne anantwi nufusu a akyenkyen mua. Wɔde brɛɛ Dawid ne ne nkurɔfo a wɔka ne ho no. Na wɔkae se, “Mo nyinaa moabrɛbrɛ, na ɔkɔm ne osukɔm de mo efisɛ moanantew kwan tenten wɔ sare so.”

< دوم سموئیل 17 >