< دوم سموئیل 14 >

و یوآب بن صرویه فهمید که دل پادشاه به ابشالوم مایل است. ۱ 1
Na Yoab huu sɛ ɔhene pɛ sɛ ohu Absalom.
پس یوآب به تقوع فرستاده، زنی دانشمند از آنجا آورد و به وی گفت: «تمنا اینکه خویشتن را مثل ماتم کننده ظاهر سازی، و لباس تعزیت پوشی و خود را به روغن تدهین نکنی و مثل زنی که روزهای بسیار به جهت مرده ماتم گرفته باشد، بشوی. ۲ 2
Enti ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbea nyansafo bi a wagye din yiye brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no se, “Hyɛ da yɛ wo ho sɛ wowɔ ayi mu, na fura ayitam. Nguare anaa mfa aduhuam mpete wo ho nso. Yɛ wo ho sɛ ɔbea a wadi awerɛhow nna bebree.
و نزدپادشاه داخل شده، او را بدین مضمون بگویی.» پس یوآب سخنان را به دهانش گذاشت. ۳ 3
Na kɔ ɔhene nkyɛn kɔka asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi kyerɛ no.” Na Yoab kaa asɛm a ɔpɛ sɛ ɔbea no kɔka no kyerɛɛ no.
و چون زن تقوعیه با پادشاه سخن گفت، به روی خود به زمین افتاده، تعظیم نمود و گفت: «ای پادشاه، اعانت فرما.» ۴ 4
Na Tekoani bea no duu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuw fam teɛɛ mu se, “Ao Nana! Boa me!”
و پادشاه به او گفت: «تو راچه شده است؟» عرض کرد: «اینک من زن بیوه هستم و شوهرم مرده است. ۵ 5
Ɔhene no bisaa no se, “Ɛyɛ asɛm bɛn?” Obuaa no se, “Meyɛ okunafo.
و کنیز تو را دو پسر بود و ایشان با یکدیگر در صحرا مخاصمه نمودند و کسی نبود که ایشان را از یکدیگر جداکند. پس یکی از ایشان دیگری را زد و کشت. ۶ 6
Me mma baanu twaa wɔn ho koe, a na obiara nni hɔ a ɔbɛpata wɔn. Ɔbaako bɔɔ ɔbaako kum no.
واینک تمامی قبیله بر کنیز تو برخاسته، و می‌گویندقاتل برادر خود را بسپار تا او را به عوض جان برادرش که کشته شده است، به قتل برسانیم، ووارث را نیز هلاک کنیم. و به اینطور اخگر مرا که باقی‌مانده است، خاموش خواهند کرد، و برای شوهرم نه اسم و نه اعقاب بر روی زمین واخواهند گذاشت.» ۷ 7
Nanso abusua no nkae no kae se, ‘Ma yɛn nsa nka wo ba no a okum ne nua no na yenkum no bi na wammedi agyapade so.’ Na sɛ meyɛ saa nso a, na minni obiara a waka, na me kunu din ne me fi bɛyera wɔ asase so ha.”
پادشاه به زن فرمود: «به خانه ات برو و من درباره ات حکم خواهم نمود.» ۸ 8
Ɔhene ka kyerɛɛ no se, “Gyae asɛm no ma me. Kɔ fie na mɛhwɛ sɛ obiara remfa ne nsa nka no.”
و زن تقوعیه به پادشاه عرض کرد: «ای آقایم پادشاه، تقصیر بر من و بر خاندان من باشد و پادشاه و کرسی اوبی تقصیر باشند.» ۹ 9
Ɔkae se, “Me wura, meda wo ase. Mmoa a wode ama me yi nti, sɛ obi kasa tia wo a, mɛfa ho sobo no.”
و پادشاه گفت: «هر‌که با توسخن گوید، او را نزد من بیاور، و دیگر به تو ضررنخواهد رسانید.» ۱۰ 10
Ɔhene no kae se, “Mma eyi nhaw wo. Sɛ nnipa bi mpene a, fa wɔn brɛ me wɔ ha. Na metumi ama wo awerehyɛmu sɛ, obiara renwiinwii wɔ ho bio.”
پس زن گفت: «ای پادشاه، یهوه، خدای خود را به یاد آور تا ولی مقتول، دیگر هلاک نکند، مبادا پسر مرا تلف سازند.» پادشاه گفت: «به حیات خداوند قسم که مویی ازسر پسرت به زمین نخواهد افتاد.» ۱۱ 11
Afei, ɔbea no kae se, “Fa Awurade, wo Nyankopɔn, no din ka ntam kyerɛ me sɛ, woremma obiara ntɔ me babarima no so were. Menhwehwɛ mogyahwiegu bio.” Ɔhene no nso kae se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, wo ba no tinwi a ɛwɔ ne ti so mu baako mpo ho renka.”
پس زن گفت: «مستدعی آنکه کنیزت باآقای خود پادشاه سخنی گوید.» گفت: «بگو.» ۱۲ 12
Afei, ɔbea no kae se, “Ma wo somfo nka biribi nkyerɛ me wura ɔhene.” Obuae se, “Kɔ so kasa.”
زن گفت: «پس چرا درباره قوم خدا مثل این تدبیر کرده‌ای و پادشاه در گفتن این سخن مثل تقصیرکار است، چونکه پادشاه آواره شده خود راباز نیاورده است. ۱۳ 13
Ɔbea no bisae se, “Adɛn nti na wonyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfo sɛnea wɔahyɛ bɔ sɛ wobɛyɛ ama me no. Woabu wo ho fɔ sɛ woasi saa gyinae yi. Wompɛ sɛ woma wʼankasa wo ba a wɔatwa no asu no ba fie.
زیرا ما باید البته بمیریم ومثل آب هستیم که به زمین ریخته شود، و آن رانتوان جمع کرد، و خدا جان را نمی گیرد بلکه تدبیرها می‌کند تا آواره شده‌ای از او آواره نشود. ۱۴ 14
Nea ɛte biara no, obiara bewu. Na sɛnea nsu hwie gu fam a wosesaw a ɛnyɛ yiye no, saa ara na nkwa te. Ɛno nti na Onyankopɔn san de yɛn ba ne nkyɛn bere a yɛatew yɛn ho afi ne ho no. Wɔn a ɔhwɛ wɔn no, ɔmma wɔnnhwere wɔn kra; enti wo nso, ɛnsɛ sɛ woyɛ saa.
و حال که به قصد عرض کردن این سخن، نزدآقای خود، پادشاه، آمدم، سبب این بود که خلق، مرا ترسانیدند، و کنیزت فکر کرد که چون به پادشاه عرض کنم، احتمال دارد که پادشاه عرض کنیز خود را به انجام خواهد رسانید. ۱۵ 15
“Na maba sɛ merebedi ama me babarima, efisɛ wɔde owu hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho se, ‘Ebia, ɔhene betie me,
زیراپادشاه اجابت خواهد نمود که کنیز خود را ازدست کسی‌که می‌خواهد مرا و پسرم را با هم ازمیراث خدا هلاک سازد، برهاند. ۱۶ 16
na wagye yɛn afi wɔn a wobetwa yɛn afi Onyankopɔn nkurɔfo ho no nsam.’
و کنیز تو فکرکرد که کلام آقایم، پادشاه، باعث تسلی خواهدبود، زیرا که آقایم، پادشاه، مثل فرشته خداست تانیک و بد را تشخیص کند، و یهوه، خدای توهمراه تو باشد.» ۱۷ 17
“Yiw, ɔhene no bɛma yɛn asomdwoe bio. ‘Minim sɛ wote sɛ Onyankopɔn bɔfo a wubetumi ahu papa ne bɔne ntam nsonoe. Awurade, wo Nyankopɔn, nka wo ho.’”
پس پادشاه در جواب زن فرمود: «چیزی راکه از تو سوال می‌کنم، از من مخفی مدار.» زن عرض کرد «آقایم پادشاه، بفرماید.» ۱۸ 18
Ɔhene no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Mepɛ sɛ mihu ade baako; mfa nhintaw me.” Ɔbea no kae se, “Ɛyɛ dɛn asɛm, me wura?”
پادشاه گفت: «آیا دست یوآب در همه این کار با تونیست؟» زن در جواب عرض کرد: «به حیات جان تو، ای آقایم پادشاه که هیچ‌کس از هرچه آقایم پادشاه بفرماید به طرف راست یا چپ نمی تواندانحراف ورزد، زیرا که بنده تو یوآب، اوست که مرا امر فرموده است، و اوست که تمامی این سخنان را به دهان کنیزت گذاشته است. ۱۹ 19
“Yoab na ɔsomaa wo ha ana?” Ɔbea no buae se, “Me wura, Daasebrɛ, ɛbɛyɛ dɛn na matwa eyi ho atoro? Obiara ntumi mfa biribiara nhintaw wo. Ɛyɛ nokware sɛ Yoab na ɔsomaa me, na ɔkyerɛɛ me asɛm a menka.
برای تبدیل صورت این امر، بنده تو، یوآب، این کار راکرده است، اما حکمت آقایم، مثل حکمت فرشته خدا می‌باشد تا هر‌چه بر روی زمین است، بداند.» ۲۰ 20
Ɔyɛɛ saa, sɛnea mɛfa ɔkwan foforo so de saa asɛm yi ato wʼanim. Na wo nso, wunim nyansa te sɛ Onyankopɔn bɔfo, na biribiara a esi yɛn ntam ha no nso, wote ase.”
پس پادشاه به یوآب گفت: «اینک این کار راکرده‌ام. حال برو و ابشالوم جوان را باز آور.» ۲۱ 21
Enti ɔhene no soma ma wɔkɔfaa Yoab bae, na ɔka kyerɛɛ no se, “Eye, kɔ na kɔfa aberante Absalom bra.”
آنگاه یوآب به روی خود به زمین افتاده، تعظیم نمود، و پادشاه را تحسین کرد و یوآب گفت: «ای آقایم پادشاه امروز بنده ات می‌داند که در نظر تو التفات یافته‌ام چونکه پادشاه کار بنده خود را به انجام رسانیده است.» ۲۲ 22
Yoab hwee ɔhene no nan ase, hyiraa no se, “Ne korakora mu no, woapene me so, na woayɛ mʼabisade ama me.”
پس یوآب برخاسته، به جشور رفت و ابشالوم را به اورشلیم بازآورد. ۲۳ 23
Na Yoab kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem.
و پادشاه فرمود که به خانه خودبرگردد و روی مرا نبیند. پس ابشالوم به خانه خودرفت و روی پادشاه را ندید. ۲۴ 24
Nanso ɔhene hyɛe se, “Absalom tumi kɔ ɔno ankasa ne fi, nanso ɔnhwɛ na wamma mʼanim ha.” Enti Absalom anhu ɔhene no.
و در تمامی اسرائیل کسی نیکو منظر وبسیار ممدوح مثل ابشالوم نبود که از کف پا تا فرق سرش در او عیبی نبود. ۲۵ 25
Israel nyinaa, na obiara nni hɔ a ne ho yɛ fɛ, te sɛ Absalom. Efi ne ti so kosi ne nan ase, na wuhu sɛ ɔyɛ ɔbarima ankasa.
و هنگامی که موی سرخود را می‌چید، (زیرا آن را در آخر هر سال می‌چید، چونکه بر او سنگین می‌شد و از آن سبب آن را می‌چید) موی سر خود را وزن نموده، دویست مثقال به وزن شاه می‌یافت. ۲۶ 26
Afe biara, na oyi ne ti pɛnkoro, efisɛ ne nwi no yɛ adesoa ma no. Na sɛ oyi na ɔkari a, na ɛyɛ kilogram abien ne fa.
و برای ابشالوم سه پسر و یک دختر مسمی به تامارزاییده شدند. و او دختری نیکو صورت بود. ۲۷ 27
Na ɔwɔ mmabarima baasa ne ɔbabea baako. Na ne babea no din de Tamar. Na Tamar nso wɔ ahoɔfɛ a ɛmma ɔka.
و ابشالوم دو سال تمام در اورشلیم مانده، روی پادشاه را ندید. ۲۸ 28
Absalom tenaa Yerusalem mfe abien a wanhu ɔhene no da.
پس ابشالوم، یوآب راطلبید تا او را نزد پادشاه بفرستد. اما نخواست که نزد وی بیاید. و باز بار دیگر فرستاد و نخواست که بیاید. ۲۹ 29
Afei, Absalom soma kɔfrɛɛ Yoab sɛ ɔnkɔka bi mma no, nanso Yoab ankɔ. Absalom somaa ne mprenu so, nanso Yoab ankɔ.
پس به خادمان خود گفت: «ببینید، مزرعه یوآب نزد مزرعه من است و در آنجا جودارد. بروید و آن را به آتش بسوزانید.» پس خادمان ابشالوم مزرعه را به آتش سوزانیدند. ۳۰ 30
Ɛno nti, Absalom ka kyerɛɛ nʼasomfo se, “Monkɔ na momfa ogya nkɔto Yoab atokofuw a ɛbɛn me de no ho mu.” Na wɔde ogya kɔtoo afuw no mu, sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
آنگاه یوآب برخاسته، نزد ابشالوم به خانه‌اش رفته، وی را گفت که «چرا خادمان تو مزرعه مراآتش زده‌اند؟» ۳۱ 31
Na Yoab baa Absalom nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na wʼasomfo akɔto mʼafuw mu gya?”
ابشالوم به یوآب گفت: «اینک نزد تو فرستاده، گفتم: اینجا بیا تا تو را نزد پادشاه بفرستم تا بگویی برای چه از جشور آمده‌ام؟ مرابهتر می‌بود که تابحال در آنجا مانده باشم، پس حال روی پادشاه را ببینم و اگر گناهی در من باشد، مرا بکشد.» ۳۲ 32
Na Absalom buaa no se, “Efisɛ na mepɛ sɛ wukobisa ɔhene ma me sɛ, adɛn nti na ɔmaa me san fii Gesur bae, nanso ɔmpɛ sɛ ohu mʼanim koraa? Ɛno de, sɛ anka metenaa me dedaw mu hɔ ara a, anka eye. Ma minhu ɔhene no, na sɛ midi fɔ wɔ biribi ho a, otumi kum me.”
پس یوآب نزد پادشاه رفته، او را مخبر ساخت. و او ابشالوم را طلبید که پیش پادشاه آمد و به حضور پادشاه رو به زمین افتاده، تعظیم کرده و پادشاه، ابشالوم را بوسید. ۳۳ 33
Enti Yoab kaa asɛm a Absalom aka akyerɛ no no kyerɛɛ ɔhene no. Afei, Dawid frɛɛ ne ba a watew ne ho no, ma ɔbaa nʼanim. Absalom beduu ɔhene no anim no, ɔbɔɔ ne mu ase, na Dawid few nʼano.

< دوم سموئیل 14 >