< دوم تواریخ 15 >

و روح خدا به عزریا ابن عودید نازل شد. ۱ 1
Na Onyankopɔn honhom baa Oded babarima Asaria so,
و او برای ملاقات آسا بیرون آمده، وی را گفت: «ای آسا و تمامی یهودا وبنیامین از من بشنوید! خداوند با شما خواهد بودهر گاه شما با او باشید و اگر او را بطلبید او راخواهید یافت، اما اگر او را ترک کنید او شما راترک خواهد نمود. ۲ 2
na opue kohyiaa ɔhene Asa a ofi akono reba no. Ɔteɛɛ mu guu Asa so se, “Tie me, Asa, Yudamanfo nyinaa ne Benyamin muntie. Mmere dodow a mo ne Awurade te no, ɔno nso ne mo bɛtena. Bere biara a mobɛhwehwɛ no no, mubehu no. Nanso sɛ mugyaw no a, ɔno nso begyaw mo.
و اسرائیل مدت مدیدی بی‌خدای حق و بی‌کاهن معلم و بی‌شریعت بودند. ۳ 3
Teteete no, na Israel nni nokware Nyankopɔn no, na wonni ɔsɔfo a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn, na wonni Onyankopɔn mmara nso.
اما چون در تنگیهای خود به سوی یهوه خدای اسرائیل بازگشت نموده، او را طلبیدند او رایافتند. ۴ 4
Nanso bere biara a mobɛkɔ ahohia mu na mobɛkɔ Awurade Israel Nyankopɔn nkyɛn, na moahwehwɛ no no, muhuu no.
و در آن زمان به جهت هر‌که خروج ودخول می‌کرد هیچ امنیت نبود بلکه اضطراب سخت بر جمیع سکنه کشورها می‌بود. ۵ 5
Saa esum bere no mu, na akwantu yɛ hu. Na ɔhaw wɔ ɔman no afanan nyinaa.
و قومی از قومی و شهری از شهری هلاک می‌شدند، چونکه خدا آنها را به هر قسم بلا مضطرب می‌ساخت. ۶ 6
Akodi baa ɔman ne ɔman ntam, kuropɔn ne kuropɔn ntam, efisɛ Awurade maa ɔhaw ahorow bebree baa mo so.
اما شما قوی باشید و دستهای شماسست نشود زیرا که اجرت اعمال خود راخواهید یافت.» ۷ 7
Na afei, mo Yuda mmarima, mo ho nyɛ den, munnya akokoduru, na mubenya mo adwumayɛ so akatua.”
پس چون آسا این سخنان و نبوت (پسر)عودید نبی را شنید، خویشتن را تقویت نموده، رجاسات را از تمامی زمین یهودا و بنیامین و ازشهرهایی که در کوهستان افرایم گرفته بود دورکرد، و مذبح خداوند را که پیش روی رواق خداوند بود تعمیر نمود. ۸ 8
Bere a Asa tee saa asɛm yi fii odiyifo Asaria nkyɛn no, onyaa akokoduru, yiyii ahoni a ɛwɔ Yuda asase so ne Benyamin nyinaa ne nkurow a wako afa a ɛwowɔ Efraim bepɔw nsase so no so. Osiesiee Awurade afɔremuka a na esi Awurade Asɔredan ntwironoo anim no.
و تمامی یهودا وبنیامین و غریبان را که از افرایم و منسی و شمعون در میان ایشان ساکن بودند جمع کرد زیرا گروه عظیمی از اسرائیل چون دیدند که یهوه خدای ایشان با او می‌بود به او پیوستند. ۹ 9
Afei, Asa frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa. Ɔfrɛɛ nnipa a wofi Efraim, Manase ne Simeon a wɔabɛtena wɔn mu no nso. Bebree tutu kɔtenaa Yuda wɔ Ɔhene Asa bere so, efisɛ wohuu sɛ Awurade, ne Nyankopɔn, ka ne ho.
پس در ماه سوم از سال پانزدهم سلطنت آسا در اورشلیم جمع شدند. ۱۰ 10
Ɛrekɔ ɔsram a ɛto so abiɛsa awiei no mu a na Asa adi ade mfe dunum no, nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem.
و در آن روز هفتصد گاو و هفت هزار گوسفند از غنیمتی که آورده بودند برای خداوند ذبح نمودند. ۱۱ 11
Saa da no, wɔde mmoa a wɔkyekyeree wɔn ɔko mu no bi bɔɔ Awurade afɔre. Na mmoa no dodow yɛ anantwi ahanson a nguan ne mmirekyi nso dodow yɛ mpem ason.
و به تمامی دل و تمامی جان خود عهد بستند که یهوه خدای پدران خودرا طلب نمایند. ۱۲ 12
Afei, wofi wɔn koma ne wɔn kra nyinaa mu yɛɛ apam sɛ wɔbɛhwehwɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn.
و هر کسی‌که یهوه خدای اسرائیل را طلب ننماید، خواه کوچک و خواه بزرگ، خواه مرد و خواه زن، کشته شود. ۱۳ 13
Wɔpenee so se, obiara a ɔbɛpo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no, wobekum no, sɛ onnyinii anaa wanyin, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea.
و به صدای بلند و آواز شادمانی و کرناها و بوقها برای خداوند قسم خوردند. ۱۴ 14
Wɔhyɛn ntorobɛnto ne mmɛn denneennen, de dii Awurade nokwaredi ntam no ho adanse.
و تمامی یهودا به‌سبب این قسم شادمان شدند زیرا که به تمامی دل خودقسم خورده بودند، و چونکه او را به رضامندی تمام طلبیدند وی را یافتند و خداوند ایشان را ازهر طرف امنیت داد. ۱۵ 15
Wɔn nyinaa ani gyee saa apam yi ho, efisɛ wofi wɔn koma nyinaa mu na ɛyɛe. Wɔpere hwehwɛɛ Onyankopɔn, na wohuu no. Na Awurade maa wɔn ahomegye fii wɔn atamfo a wɔwɔ afanan nyinaa nsam.
و نیز آسا پادشاه مادر خود معکه را از ملکه بودن معزول کرد زیرا که او تمثالی به جهت اشیره ساخته بود و آسا تمثال او را قطع نمود و آن راخرد کرده، در وادی قدرون سوزانید. ۱۶ 16
Mpo ɔhene Asa tuu ne nena baa Maaka fii ahemmeagua no so, efisɛ osii Asera nnua a ɛyɛ atantanne. Otwaa dua no, bubuu mu, hyew no wɔ Kidron bon mu.
امامکانهای بلند از میان اسرائیل برداشته نشد. لیکن دل آسا در تمامی ایامش کامل می‌بود. ۱۷ 17
Ɛwɔ mu sɛ wɔantutu abosonsom nsɔre so no nyinaa amfi Israel de, nanso Asa de ne ho nyinaa maa Awurade ne nkwanna nyinaa.
وچیزهایی را که پدرش وقف کرده، و آنچه را که خودش وقف نموده بود از نقره و طلا و ظروف به خانه خداوند درآورده ۱۸ 18
Ɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nneɛma ahorow a ɔne nʼagya de maa Awurade no baa Onyankopɔn Asɔredan no mu.
و تا سال سی و پنجم سلطنت آسا جنگ نبود. ۱۹ 19
Enti ɔko ansi bio kosii Asa adedi afe a ɛto so aduasa anum no so.

< دوم تواریخ 15 >