< دوم تواریخ 13 >

در سال هجدهم سلطنت یربعام، ابیا بریهودا پادشاه شد. ۱ 1
Bere a Yeroboam dii hene wɔ Israel no, ne mfe dunwɔtwe so, na Abia fii ase dii hene wɔ Yuda.
سه سال دراورشلیم پادشاهی کرد و اسم مادرش میکایادختر اوریئیل از جبعه بود. ۲ 2
Odii hene mfe abiɛsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Maaka a ɔyɛ Uriel a ofi Gibea no babea. Na ɔko baa Abia ne Yeroboam ntam.
و ابیا بافوجی از شجاعان جنگ آزموده یعنی چهارصدهزار مرد برگزیده تدارک جنگ دید، و یربعام باهشتصد هزار مرد برگزیده که شجاعان قوی بودند با وی جنگ را صف آرایی نمود. ۳ 3
Ɔhene Abia de akofo akɛse mpem ahannan dii Yuda anim, kohyiaa Yeroboam a ɔno nso akɔfa mmarima akofo akokodurufo mpem ahanwɔtwe afi Israel.
و ابیا برکوه صمارایم که در کوهستان افرایم است برپاشده، گفت: «ای یربعام و تمامی اسرائیل مراگوش گیرید! ۴ 4
Bere a Yuda asraafo no duu Efraim mmepɔw nsase no so no, Abia gyinaa bepɔw Semaraim so, teɛɛ mu kyerɛɛ Yeroboam ne Israelfo asraafo no se, “Muntie me!
آیا شما نمی دانید که یهوه خدای اسرائیل سلطنت اسرائیل را به داود و پسرانش باعهد نمکین تا به ابد داده است؟ ۵ 5
Munnim sɛ Awurade, Israel Nyankopɔn, ne Dawid yɛɛ daa apam de Israel ahengua maa ɔne nʼasefo afebɔɔ ana?
و یربعام بن نباطبنده سلیمان بن داود برخاست و بر مولای خودعصیان ورزید. ۶ 6
Nanso Nebat babarima Yeroboam a na ɔyɛ Dawid babarima Salomo somfo teta bi no bɛyɛɛ ne wura ɔfatwafo.
و مردان بیهوده که پسران بلیعال بودند نزد وی جمع شده، خویشتن را به ضدرحبعام بن سلیمان تقویت دادند، هنگامی که رحبعام جوان و رقیق القلب بود و با ایشان مقاومت نمی توانست نمود. ۷ 7
Na ɛmaa ahuhufo dɔm kɔboaa no, bu faa Salomo babarima Rehoboam so na esiane sɛ na onnyinii, na onni osuahu biara nti, wantumi annyina ne wɔn anni asi.
و شما الان گمان می‌برید که با سلطنت خداوند که در دست پسران داود است مقابله توانید نمود؟ و شما گروه عظیمی می‌باشید و گوساله های طلا که یربعام برای شما به‌جای خدایان ساخته است با شمامی باشد. ۸ 8
“Wugye di yiye sɛ wubetumi agyina, atia Awurade ahenni a Dawid asefo tua ano no? Wʼasraafodɔm no so yiye. Nantwimma a Yeroboam de sikakɔkɔɔ yɛɛ no ne mo anyame.
آیا شما کهنه خداوند را از بنی هارون و لاویان را نیز اخراج ننمودید و مثل قومهای کشورها برای خود کاهنان نساختید؟ و هرکه بیاید و خویشتن را با گوساله‌ای و هفت قوچ تقدیس نماید، برای آنهایی که خدایان نیستند کاهن می‌شود. ۹ 9
Woapam Awurade asɔfo ne Lewifo no, na woahyɛ wʼankasa asɔfo te sɛ abosomman no pɛ. Nnɛ yi, woma obiara bɛyɛ ɔsɔfo. Obiara a ɔde nantwi ba ne adwennini ason bɛba sɛ wonnyina so nhyɛ no sɔfo no, otumi bɛyɛ ɔsɔfo ma saa mo anyame no.
و اما ما یهوه خدای ماست و اورا ترک نکرده‌ایم و کاهنان از پسران هارون خداوند را خدمت می‌کنند و لاویان در کار خودمشغولند. ۱۰ 10
“Na yɛn de, Awurade ne yɛn Nyankopɔn, na yennyaa no da. Aaron asefo nko ara na wɔsom Awurade sɛ asɔfo, na Lewifo nko ara na wotumi boa wɔn wɔ wɔn dwumadi mu.
و هر صبح و هر شام قربانی های سوختنی و بخور معطر برای خداوند می‌سوزانندو نان تقدمه بر میز طاهر می‌نهند و شمعدان طلا وچراغهایش را هر شب روشن می‌کنند زیرا که ماوصایای یهوه خدای خود را نگاه می‌داریم اماشما او را ترک کرده‌اید. ۱۱ 11
Wɔde ɔhyew afɔrebɔde ne ɔhyew aduhuam brɛ Awurade daa anɔpa ne anwummere. Wɔde Daa Daa Brodo no to ɔpon kronkron no so, na daa anwummere, wɔsɔ sikakɔkɔɔ kaneadua no. Yɛredi Awurade, yɛn Nyankopɔn, nkyerɛkyerɛ so, nanso moagyaw no.
و اینک با ما خدارئیس است و کاهنان او با کرناهای بلند آوازهستند تا به ضد شما بنوازند. پس‌ای بنی‌اسرائیل با یهوه خدای پدران خود جنگ مکنید زیراکامیاب نخواهید شد.» ۱۲ 12
Enti ɛsɛ sɛ mote ase sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho. Ɔno ne yɛn kannifo. Nʼasɔfo hyɛn wɔn torobɛnto, di yɛn anim, de yɛn kɔ ɔko tia mo. Israelfo, monnko ntia Awurade, mo agyanom Nyankopɔn no, na morenni nkonim.”
اما یربعام کمین گذاشت که از عقب ایشان بیایند و خود پیش روی یهودا بودند و کمین درعقب ایشان بود. ۱۳ 13
Nanso na Yeroboam ayɛ nwaa ama nʼakofo a wɔwɔ hɔ no bi afa Yuda mmarima akyi akɔtetɛw wɔn.
و چون یهودا نگریستند، اینک جنگ هم از پیش و هم از عقب ایشان بود، پس نزد خداوند استغاثه نمودند و کاهنان کرناهارا نواختند. ۱۴ 14
Bere a Yuda huu sɛ wofi wɔn anim ne wɔn akyi atow ahyɛ wɔn so no, wosu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn. Na asɔfo no hyɛn ntorobɛnto,
و مردان یهودا بانگ بلند برآوردند، و واقع شد که چون مردان یهودا بانگ برآوردند، خدا یربعام و تمامی اسرائیل را به حضور ابیا ویهودا شکست داد. ۱۵ 15
na Yuda mmarima no fii ase teɛteɛɛ mu. Wɔn ko no mu nteɛteɛmu no mu no, Onyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel asraafo no gui, wɔ Abia ne Yuda asraafodɔm anim.
و بنی‌اسرائیل از حضوریهودا فرار کردند و خدا آنها را به‌دست ایشان تسلیم نمود. ۱۶ 16
Israel asraafo no guan fii Yuda, na Onyankopɔn maa Yuda dii nkonim.
و ابیا و قوم او آنها را به صدمه عظیمی شکست دادند، چنانکه پانصد هزار مردبرگزیده از اسرائیل مقتول افتادند. ۱۷ 17
Abia ne nʼakofo kunkum Israel asraafo no bebree. Da no, wɔn a wɔtotɔɔ wɔ Israel asraafo a wodi mu mu no yɛ mpem ahannum.
پس بنی‌اسرائیل در آن وقت ذلیل شدند و بنی یهوداچونکه بر یهوه خدای پدران خود توکل نمودند، قوی گردیدند. ۱۸ 18
Na Yuda dii Israel so nkonim, efisɛ wɔde wɔn ho too Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no so.
و ابیا یربعام را تعاقب نموده، شهرهای بیت ئیل را با دهاتش و یشانه را بادهاتش و افرون را با دهاتش از او گرفت. ۱۹ 19
Abia ne nʼakofo kɔɔ so taa Yeroboam asraafo no, faa wɔn nkurow no bi te sɛ Bet-El, Yesana ne Efron ne ɛho nkurow.
ویربعام در ایام ابیا دیگر قوت بهم نرسانید و خداوند او را زد که مرد. ۲۰ 20
Enti bere a Abia te ase no de, Yeroboam a ɔyɛ Israelhene annya tumi biara, na akyiri no, Awurade bɔɔ no ma owui.
و ابیا قوی می‌شد وچهارده زن برای خود گرفت و بیست و دو پسر وشانزده دختر به وجود آورد. ۲۱ 21
Yudahene Abia kɔɔ so nyaa tumi. Ɔwaree yerenom dunan. Ɔwoo mmabarima aduonu abien ne mmea dunsia.
پس بقیه وقایع ابیااز رفتار و اعمال او در مدرس عدوی نبی مکتوب است. ۲۲ 22
Abia ahenni ho nsɛm nkae ne ne nsɛm ne dwuma a odii no, wɔakyerɛw agu Odiyifo Ido Nkyeremu Nhoma no mu.

< دوم تواریخ 13 >