< اول سموئیل 3 >

و آن پسر، سموئیل، به حضور عیلی، خداوند را خدمت می‌نمود، و در آن روزهاکلام خداوند نادر بود و رویا مکشوف نمی شد. ۱ 1
Abarimaa Samuel dii Eli nan ase, som Awurade. Saa bere no na asɛm a wɔte fi Awurade nkyɛn ne anisoadehu yɛ ade a ɛho yɛ na.
و در آن زمان واقع شد که چون عیلی در جایش خوابیده بود و چشمانش آغاز تار شدن نموده، نمی توانست دید، ۲ 2
Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afura koraa no kɔdae nkyɛe koraa.
و چراغ خدا هنوز خاموش نشده، و سموئیل در هیکل خداوند، جایی که تابوت خدا بود، می‌خوابید، ۳ 3
Na Onyankopɔn kanea no nnya nnumii. Saa bere no na Samuel da Ahyiae Ntamadan no mu baabi a ɛbɛn Onyankopɔn adaka no.
خداوند سموئیل را خواند و او گفت: «لبیک.» ۴ 4
Prɛko pɛ, Awurade frɛe se, “Samuel! Samuel!” Samuel buae se, “Mini.”
پس نزد عیلی شتافته، گفت: «اینک حاضرم زیرا مرا خواندی.» او گفت: «نخواندم، برگشته، بخواب.» و او برگشته، خوابید. ۵ 5
Na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Mini; wofrɛɛ me.” Eli nso buaa no se, “Memfrɛɛ wo ɛ; san kɔda.” Enti ɔsan kɔdae.
و خداوند بار دیگر خواند: «ای سموئیل!» وسموئیل برخاسته، نزد عیلی آمده، گفت: «اینک حاضرم زیرا مرا خواندی.» او گفت: «ای پسرم تورا نخواندم، برگشته، بخواب.» ۶ 6
Awurade san frɛɛ bio se, “Samuel!” Bio, Samuel san yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Mini; wofrɛɛ me?” Eli buaa no se, “Me ba, memfrɛɛ wo ɛ; san kɔda.”
و سموئیل، خداوند را هنوز نمی شناخت وکلام خداوند تا حال بر او منکشف نشده بود. ۷ 7
Na Samuel nnya nhuu Awurade, efisɛ na Awurade asɛm mmaa ne nkyɛn da.
وخداوند باز سموئیل را بار سوم خواند و اوبرخاسته، نزد عیلی آمده، گفت: «اینک حاضرم زیرا مرا خواندی.» آنگاه عیلی فهمید که یهوه، پسر را خوانده است. ۸ 8
Awurade frɛɛ Samuel ne mprɛnsa so. Na Samuel yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae se, “Mini; wofrɛɛ me.” Ɛhɔ na Eli huu sɛ ɛyɛ Awurade na ɔrefrɛ abarimaa no.
و عیلی به سموئیل گفت: «برو و بخواب و اگر تو را بخواند، بگو‌ای خداوندبفرما زیرا که بنده تو می‌شنود.» پس سموئیل رفته، در جای خود خوابید. ۹ 9
Enti ɔka kyerɛɛ Samuel se, “Kɔ na kɔda bio, na sɛ wote sɛ obi refrɛ wo a, gye so se, ‘Awurade kasa na wʼakoa retie.’” Enti Samuel kɔdaa bio.
و خداوند آمده، بایستاد و مثل دفعه های پیش خواند: «ای سموئیل! ای سموئیل!» سموئیل گفت: «بفرما زیرا که بنده تو می‌شنود.» ۱۰ 10
Na Awurade ba bɛfrɛɛ bio se, “Samuel! Samuel!” Na Samuel buae se, “Awurade kasa na wʼakoa retie.”
و خداوند به سموئیل گفت: «اینک من کاری در اسرائیل می‌کنم که گوشهای هر‌که بشنود، صدا خواهد داد. ۱۱ 11
Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, “Merebɛyɛ akomatu ade bi wɔ Israel.
در آن روز هر‌چه درباره خانه عیلی گفتم بر او اجرا خواهم داشت، و شروع نموده، به انجام خواهم رسانید. ۱۲ 12
Merebɛyɛ nea maka atia Eli ne nʼabusuafo no nyinaa.
زیرا به او خبردادم که من بر خانه او تا به ابد داوری خواهم نمودبه‌سبب گناهی که می‌داند، چونکه پسرانش برخود لعنت آوردند و او ایشان را منع ننمود. ۱۳ 13
Mabɔ no kɔkɔ mpɛn bebree sɛ, atemmu reba ɔne nʼabusuafo so, efisɛ ne mmabarima abɔ mmusu atia Onyankopɔn, nanso wankasa ankyerɛ wɔn.
بنابراین برای خاندان عیلی قسم خوردم که گناه خاندان عیلی به قربانی و هدیه، تا به ابد کفاره نخواهد شد.» ۱۴ 14
Na maka ntam se, Eli ne ne mmabarima bɔne no, sɛ wɔbɔ okum afɔre anaa aduan afɔre koraa a, wɔremfa nkyɛ wɔn da.”
و سموئیل تا صبح خوابید و درهای خانه خداوند را باز کرد، و سموئیل ترسید که عیلی رااز رویا اطلاع دهد. ۱۵ 15
Samuel daa hɔ ara kosii sɛ ade kyee. Obuebuee ntamadan hɔ mfɛnsere sɛnea ɔtaa yɛ no. Na osuro sɛ ɔbɛka asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no akyerɛ Eli.
اما عیلی سموئیل راخوانده، گفت: «ای پسرم سموئیل!» او گفت: «لبیک» ۱۶ 16
Nanso Eli frɛɛ no se, “Samuel, me ba.” Samuel buae se, “Mini!”
گفت: «چه سخنی است که به تو گفته است؟ آن را از من مخفی مدار. خدا با تو چنین بلکه زیاده از این عمل نماید، اگر از هر‌آنچه به توگفته است چیزی از من مخفی داری.» ۱۷ 17
Eli bisaa no se, “Asɛm bɛn na Awurade ka kyerɛɛ wo? Ka biribiara kyerɛ me. Sɛ wode biribiara sie me a, Onyankopɔn ntwe wʼaso.”
پس سموئیل همه‌چیز را برای او بیان کرد و چیزی ازآن مخفی نداشت. و او گفت «خداوند است آنچه در نظر او پسند آید بکند.» ۱۸ 18
Enti Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee anhintaw no. Eli ka sɔw so se, “Ɔne Awurade; ma ɔnyɛ nea eye wɔ nʼani so.”
و سموئیل بزرگ می‌شد و خداوند با وی می‌بود و نمی گذاشت که یکی از سخنانش بر زمین بیفتد. ۱۹ 19
Awurade kaa Samuel ho wɔ ne nyin mu, na biribiara a Samuel kae no, na ɛyɛ nyansasɛm a ɛboa.
و تمامی اسرائیل از دان تا بئرشبع دانستند که سموئیل برقرار شده است تا نبی خداوند باشد. ۲۰ 20
Nnipa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa, efi Dan asase wɔ atifi kosi anafo no, na wonim sɛ wɔahyɛ Samuel Awurade diyifo.
و خداوند بار دیگر در شیلوه ظاهر شد، زیرا که خداوند در شیلوه خود را برسموئیل به کلام خداوند ظاهر ساخت. ۲۱ 21
Awurade kɔɔ so daa ne ho adi wɔ Silo, na ɔnam nʼasɛm so daa ne ho adi kyerɛɛ Samuel wɔ ntamadan mu hɔ. Na Samuel asɛm baa Israelman mu nyinaa

< اول سموئیل 3 >