< اول سموئیل 22 >

و داود از آنجا رفته، به مغاره عدلام فرارکرد و چون برادرانش و تمامی خاندان پدرش شنیدند، آنجا نزد او فرود آمدند. ۱ 1
Dawid guan fii Gat kɔtɛw ɔbodan a ɛwɔ Adulam no mu. Ankyɛ biara na ne nuanom mmarima ne ne fifo bi kɔkaa ne ho wɔ hɔ.
و هرکه در تنگی بود و هر قرض دار و هر‌که تلخی جان داشت، نزد او جمع آمدند، و بر ایشان سردار شدو تخمین چهار صد نفر با او بودند. ۲ 2
Afoforo bi nso kɔkaa ne ho wɔ hɔ. Na saa nnipa no yɛ nnipa a ɔhaw da wɔn so anaa wɔn a wɔdede aka ne wɔn a asetena nkɔ wɔn yiye. Wɔbae ara kosii sɛ Dawid bɛyɛɛ ɔkannifo maa nnipa bɛyɛ sɛ ahannan.
و داود از آنجا به مصفه موآب رفته، به پادشاه موآب گفت: «تمنا اینکه پدرم و مادرم نزد شمابیایند تا بدانم خدا برای من چه خواهد کرد.» ۳ 3
Akyiri no, Dawid kɔɔ Mispe a ɛwɔ Moab kobisaa Moabhene se, “Wobɛma mʼagya ne me na abɛtena wo nkyɛn kosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ ama me ana?”
پس ایشان را نزد پادشاه موآب برد و تمامی روزهایی که داود در آن ملاذ بود، نزد او ساکن بودند. ۴ 4
Ɔhene no penee so maa Dawid awofo tenaa Moab mmere dodow a na Dawid te ne hintabea hɔ.
و جاد نبی به داود گفت که «در این ملاذدیگر توقف منما بلکه روانه شده، به زمین یهودا برو.» پس داود رفت و به جنگل حارث درآمد. ۵ 5
Nanso odiyifo Gad ka kyerɛɛ Dawid se, “Ntena hintabea hɔ. Kɔ Yuda asase so.” Enti Dawid kɔɔ Heret kwae mu.
و شاول شنید که داود و مردمانی که با وی بودند پیدا شده‌اند، و شاول در جبعه، زیر درخت بلوط در رامه نشسته بود، و نیزه‌اش در دستش، وجمیع خادمانش در اطراف او ایستاده بودند. ۶ 6
Afei Saulo tee sɛ wɔahu Dawid ne ne nkurɔfo. Saa bere no, na ɔhene no te nnyedua bi ase wɔ Gibea bepɔw so a okura ne peaw na ne mpanyimfo atwa ne ho ahyia.
وشاول به خادمانی که در اطرافش ایستاده بودند، گفت: «حال‌ای بنیامینیان بشنوید! آیا پسر یسا به جمیع شما کشتزارها و تاکستانها خواهد داد و آیاهمگی شما را سردار هزاره‌ها و سردار صده هاخواهد ساخت؟ ۷ 7
Osee wɔn sɛ, “Muntie, Benyamin mmarima! Dawid ahyɛ mo mfuw ne bobe nturo ho bɔ bi ana? Wahyɛ mo bɔ sɛ mobɛyɛ nʼasafohene wɔ nʼakofo so ana?
که جمیع شما بر من فتنه انگیزشده، کسی مرا اطلاع ندهد که پسر من با پسر یساعهد بسته است و از شما کسی برای من غمگین نمی شود تا مرا خبر دهد که پسر من بنده مرابرانگیخته است تا در کمین بنشیند چنانکه امروزهست.» ۸ 8
Ɛno nti na mo nyinaa abɔ pɔw atia me yi? Na amfa mo mu biara ho sɛ morenka biribi nkyerɛ me se me ara me babarima wɔ Dawid afa. Munnwen ho! Me ara me babarima hyɛ mʼakoa nkuran sɛ ɔnkɔtɛw me mpɛ me nkum me!”
و دوآغ ادومی که با خادمان شاول ایستاده بود در جواب گفت: «پسر یسا را دیدم که به نوب نزد اخیملک بن اخیتوب درآمد. ۹ 9
Ɛhɔ na Edomni Doeg a na ɔne Saulo akofo gyina hɔ no kae se, “Mihuu Yisai ba no sɛ ɔbae Ahitub ba Ahimelek nkyɛn wɔ Nob.
و او ازبرای وی از خداوند سوال نمود و توشه‌ای به اوداد و شمشیر جلیات فلسطینی را نیز به او داد.» ۱۰ 10
Ahimelek bisaa Awurade nea Dawid nyɛ. Ɔsan maa no nnuan, na ɔde Filistini Goliat afoa no kaa ho maa no.”
پس پادشاه فرستاده، اخیملک بن اخیتوب کاهن و جمیع کاهنان خاندان پدرش را که در نوب بودند طلبید، و تمامی ایشان نزد پادشاه آمدند. ۱۱ 11
Ɔhene no somaa sɛ wɔnkɔfa ɔsɔfo Ahimelek ne ne fifo a na wɔyɛ asɔfo wɔ Nob no nyinaa mmra.
و شاول گفت: «ای پسر اخیتوب بشنو.» اوگفت: «لبیک‌ای آقایم!» ۱۲ 12
Wɔbae no, Saulo kae se, “Tie! Ahitub ba.” Obuae se, “Nana asɛm bɛn.”
شاول به او گفت: «تو وپسر یسا چرا بر من فتنه انگیختید به اینکه به وی نان و شمشیر دادی و برای وی از خدا سوال نمودی تا به ضد من برخاسته، در کمین بنشیندچنانکه امروز شده است.» ۱۳ 13
Na Saulo bisaa no se, “Adɛn nti na wo ne Dawid apam me ti so, na womaa no brodo ne afoa, san bisaa Awurade maa no. Adɛn nti na wohyɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ adɔm ntia me na ɔmmɛtow nhyɛ me so wɔ ha?”
اخیملک در جواب پادشاه گفت: «کیست ازجمیع بندگانت که مثل داود امین باشد و او دامادپادشاه است و در مشورت شریک تو و در خانه تومکرم است. ۱۴ 14
Ahimelek buae se, “Nana, mesrɛ mibisa sɛ, wʼasomfo yi nyinaa mu no, obi wɔ hɔ a ɔyɛ nokwafo te sɛ wʼase Dawid ana? Hwɛ ɔyɛ wʼawɛmfo nyinaa so safohene, na wobu no yiye wɔ wo fidua mu.
آیا امروز به سوال نمودن از خدابرای او شروع کردم، حاشا از من. پادشاه این کار رابه بنده خود و به جمیع خاندان پدرم اسناد ندهدزیرا که بنده ات از این چیزها کم یا زیاد ندانسته بود.» ۱۵ 15
Ɛnyɛ saa da no ne da a edi kan a mabisa Awurade ama no. Dabi da! Ɛnsɛ sɛ ɔhene no de sobo bɔ ne somfo ne ne fifo, efisɛ wʼakoa nnim saa asɛm yi ho biribiara.”
پادشاه گفت: «ای اخیملک تو و تمامی خاندان پدرت البته خواهید مرد.» ۱۶ 16
Na ɔhene kae se, “Ɔkwan biara so, wubewu. Ahimelek, wo ne wo fifo nyinaa bewuwu.”
آنگاه پادشاه به شاطرانی که به حضورش ایستاده بودند، گفت: «برخاسته، کاهنان خداوندرا بکشید زیرا که دست ایشان نیز با داود است و بااینکه دانستند که او فرار می‌کند، مرا اطلاع ندادند.» اما خادمان پادشاه نخواستند که دست خود را دراز کرده، بر کاهنان خداوند هجوم آورند. ۱۷ 17
Na ɔhene ka kyerɛɛ nʼawɛmfo a wɔwɔ hɔ no se, “Munkunkum Awurade asɔfo no nyinaa, efisɛ wɔn nso akɔ Dawid afa. Na wonim sɛ ɔreguan, nanso wɔanka ankyerɛ me.” Nanso na ɔhene asraafo no mpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka Awurade asɔfo no.
پس پادشاه به دوآغ گفت: «تو برگرد وبر کاهنان حمله آور.» و دوآغ ادومی برخاسته، برکاهنان حمله آورد و هشتاد و پنج نفر را که ایفودکتان می‌پوشیدند در آن روز کشت. ۱۸ 18
Enti ɔhene hyɛɛ Doeg se, “Dan wo ho na kunkum asɔfo no.” Enti Edomni Doeg dan ne ho kunkum wɔn. Da no, okum mmarima a na wɔhyɛ sirikyi asɔfotade aduɔwɔtwe anum.
و نوب رانیز که شهر کاهنان است به دم شمشیر زد و مردان و زنان و اطفال و شیرخوارگان و گاوان و الاغان وگوسفندان را به دم شمشیر کشت. ۱۹ 19
Afei, ɔkɔɔ Nob a ɛyɛ asɔfo no kurom, kokunkum asɔfo no fifo mmarima, mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi, mfurum ne nguan nyinaa.
اما یکی از پسران اخیملک بن اخیتوب که ابیاتار نام داشت رهایی یافته، در عقب داود فرارکرد. ۲۰ 20
Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar guan kɔɔ Dawid nkyɛn.
و ابیاتار داود را مخبر ساخت که شاول کاهنان خداوند را کشت. ۲۱ 21
Bere a ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ Saulo akunkum Awurade asɔfo no,
داود به ابیاتار گفت: «روزی که دوآغ ادومی در آنجا بود، دانستم که اوشاول را البته مخبر‌خواهد ساخت، پس من باعث کشته شدن تمامی اهل خاندان پدرت شدم. ۲۲ 22
Dawid teɛɛ mu se, “Na minim! Bere a mihuu Doeg wɔ hɔ saa da no, na minim sɛ ɔbɛka akyerɛ Saulo. Mprempren, mama wʼagya fifo nyinaa awuwu.
نزد من بمان و مترس زیرا هر‌که قصد جان من دارد قصد جان تو نیز خواهد داشت. و لکن نزد من محفوظ خواهی بود.» ۲۳ 23
Wo ne me ntena ha, na mede me nkwa bɛbɔ wo ho ban, efisɛ onipa koro no ara na ɔrehwehwɛ yɛn baanu akum yɛn.”

< اول سموئیل 22 >