< اول پادشاهان 8 >

آنگاه سلیمان، مشایخ اسرائیل و جمیع روسای اسباط و سروران خانه های آبای بنی‌اسرائیل را نزد سلیمان پادشاه در اورشلیم جمع کرد تا تابوت عهد خداوند را از شهر داودکه صهیون باشد، برآورند. ۱ 1
Afei, Salomo frɛɛ Israel mmusuakuw ne mmusua biara mu ntuanofo nyinaa, sɛ wonhyia wɔ Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ wɔfa Awurade Apam Adaka no fi baabi a ɛwɔ wɔ Dawid kurow a wɔfrɛ no Sion no mu, de ba baabi foforo wɔ Asɔredan mu hɔ.
و جمیع مردان اسرائیل در ماه ایتانیم که ماه هفتم است در عیدنزد سلیمان پادشاه جمع شدند. ۲ 2
Wɔn nyinaa behyiaa wɔ ɔhene anim wɔ afirihyia afahyɛ a wɔfrɛ no Guankɔbea Afahyɛ no ase wɔ ɔsram Bul (bɛyɛ Ahinime) mu.
و جمیع مشایخ اسرائیل آمدند و کاهنان تابوت را برداشتند. ۳ 3
Bere a ntuanofo no duu Israel no, asɔfo no maa adaka no so.
وتابوت خداوند و خیمه اجتماع و همه آلات مقدس را که در خیمه بود آوردند و کاهنان ولاویان آنها را برآوردند. ۴ 4
Afei, asɔfo no ne Lewifo maa Awurade Adaka no ne Ntamadan no so, soa de kɔɔ Asɔredan no mu a ɛho nkuku ne nkaka a wɔatew ho no ka ho.
و سلیمان پادشاه وتمامی جماعت اسرائیل که نزد وی جمع شده بودند، پیش روی تابوت همراه وی ایستادند، واینقدر گوسفند و گاو را ذبح کردند که به شمار وحساب نمی آمد. ۵ 5
Ɔhene Salomo ne Israelfo no nyinaa twaa nguan ne anantwi a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn, de bɔɔ afɔre wɔ adaka no anim.
و کاهنان تابوت عهد خداوندرا به مکانش در محراب خانه، یعنی درقدس‌الاقداس زیر بالهای کروبیان درآوردند. ۶ 6
Afei, asɔfo no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no Kronkron mu Kronkron hɔ. Wɔde sii kerubim no ntaban ase.
زیرا کروبیان بالهای خود را بر مکان تابوت پهن می‌کردند و کروبیان تابوت و عصاهایش را از بالامی پوشانیدند. ۷ 7
Kerubim no trɛw wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so, ma ɛyɛɛ sɛ kyinii wɔ Adaka no ne ne nnua a esuso mu no so.
و عصاها اینقدر دراز بود که سرهای عصاها از قدسی که پیش محراب بود، دیده می‌شد اما از بیرون دیده نمی شد و تا امروزدر آنجا هست. ۸ 8
Na nnua a esuso mu no woware ara kosi sɛ, sɛ obi gyina Asɔredan no kwan a ɛwɔ anim dan kɛse a ɛyɛ kronkronbea no ano a, ohu, nanso sɛ ogyina akyi de a, onhu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ besi nnɛ.
و در تابوت چیزی نبود سوای آن دو لوح سنگ که موسی در حوریب در آن گذاشت، وقتی که خداوند با بنی‌اسرائیل در حین بیرون آمدن ایشان از زمین مصر عهد بست. ۹ 9
Na biribiara nni Adaka no mu ka abo apon abien a Mose de guu mu wɔ Horeb no, faako a Awurade ne Israelfo yɛɛ apam, bere a wofii Misraim no.
وواقع شد که چون کاهنان از قدس بیرون آمدند ابر، خانه خداوند را پر ساخت. ۱۰ 10
Asɔfo no refi Kronkron mu Kronkron hɔ no, omununkum bɛhyɛɛ Awurade Asɔredan no ma.
و کاهنان به‌سبب ابر نتوانستند به جهت خدمت بایستند، زیرا که جلال یهوه، خانه خداوند را پر کرده بود. ۱۱ 11
Asɔfo no antumi antoa wɔn dwumadi no so, efisɛ Awurade anuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma.
آنگاه سلیمان گفت: «خداوند گفته است که در تاریکی غلیظ ساکن می‌شوم. ۱۲ 12
Na Salomo bɔɔ mpae se, “Awurade, woaka se wobɛtena omununkum kabii mu.
فی الواقع خانه‌ای برای سکونت تو و مکانی را که در آن تا به ابد ساکن شوی بنا نموده‌ام.» ۱۳ 13
Nanso masi Asɔredan a ɛwɔ anuonyam ama wo a wubetumi atena mu afebɔɔ.”
و پادشاه روی خود را برگردانیده، تمامی جماعت اسرائیل را برکت داد و تمامی جماعت اسرائیل بایستادند. ۱۴ 14
Na ɔhene no dan ne ho de kyerɛɛ Israelfo a wogyinagyina nʼanim no, hyiraa wɔn se,
پس گفت: «یهوه خدای اسرائیل متبارک باد که به دهان خود به پدر من داود وعده داده، و به‌دست خود آن را به‌جاآورده، گفت: ۱۵ 15
“Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn a wadi bɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so.
از روزی که قوم خود اسرائیل رااز مصر برآوردم، شهری از جمیع اسباط اسرائیل برنگزیدم تا خانه‌ای بنا نمایم که اسم من در آن باشد، اما داود را برگزیدم تا پیشوای قوم من اسرائیل بشود. ۱۶ 16
Na ɔka kyerɛɛ mʼagya se, ‘Efi da a mede me nkurɔfo Israel fi Misraim bae no, manyi kurow biara wɔ Israel mmusuakuw no mu a ɛsɛ sɛ wosi asɔredan, de hyɛ me din anuonyam. Nanso mprempren, mayi Dawid sɛ onni hene wɔ me nkurɔfo so.’”
و در دل پدرم، داود بود که خانه‌ای برای اسم یهوه، خدای اسرائیل، بنانماید. ۱۷ 17
Na Salomo kaa se, “Mʼagya Dawid pɛɛ sɛ osi Asɔredan yi de hyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn din anuonyam.
اما خداوند به پدرم داود گفت: چون دردل تو بود که خانه‌ای برای اسم من بنا نمایی، نیکوکردی که این را در دل خود نهادی. ۱۸ 18
Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, ‘Eye sɛ wopɛ sɛ wusi Asɔredan de hyɛ me din anuonyam,
لیکن توخانه را بنا نخواهی نمود بلکه پسر تو که از صلب تو بیرون آید، او خانه را برای اسم من بنا خواهدکرد. ۱۹ 19
nanso ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmabarima no mu baako na obesi.’
پس خداوند کلامی را که گفته بود ثابت گردانید، و من به‌جای پدر خود داود برخاسته، وبر وفق آنچه خداوند گفته بود بر کرسی اسرائیل نشسته‌ام، و خانه را به اسم یهوه، خدای اسرائیل، بنا کرده‌ام. ۲۰ 20
“Na mprempren, Awurade ayɛ nea ɔhyɛɛ ho bɔ no, efisɛ madi ade sɛ ɔhene, asi mʼagya anan mu. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn din anuonyam.
و در آن، مکانی مقرر کرده‌ام برای تابوتی که عهد خداوند در آن است که آن را باپدران ما حین بیرون آوردن ایشان از مصر بسته بود.» ۲۱ 21
Na masiesie baabi wɔ hɔ ama Adaka a Awurade Apam a ɔne yɛn agyanom yɛɛ wɔ bere a oyii wɔn fii Misraim no.”
و سلیمان پیش مذبح خداوند به حضورتمامی جماعت اسرائیل ایستاده، دستهای خودرا به سوی آسمان برافراشت ۲۲ 22
Na Salomo gyinaa hɔ, pagyaw ne nsa kyerɛɛ ɔsoro wɔ Awurade afɔremuka no anim wɔ Israelfo no nyinaa anim.
و گفت: «ای یهوه، خدای اسرائیل، خدایی مثل تو نه بالا درآسمان و نه پایین بر زمین هست که با بندگان خودکه به حضور تو به تمامی دل خویش سلوک می‌نمایند، عهد و رحمت را نگاه می‌داری. ۲۳ 23
Ɔbɔɔ mpae se, “Awurade, Israel Nyankopɔn, Onyame biara nni hɔ a ɔte sɛ wo wɔ ɔsoro anaa asase so. Wudi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a enni awiei adi kyerɛ wɔn a wotie wo, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wʼapɛde nso.
وآن وعده‌ای که به بنده خود، پدرم داود داده‌ای، نگاه داشته‌ای زیرا به دهان خود وعده دادی و به‌دست خود آن را وفا نمودی چنانکه امروز شده است. ۲۴ 24
Wo bɔ a wohyɛɛ wo somfo Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ bɔ no, na nnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu.
پس الان‌ای یهوه، خدای اسرائیل، بابنده خود، پدرم داود، آن وعده‌ای را نگاه دار که به او داده و گفته‌ای کسی‌که بر کرسی اسرائیل بنشیند برای تو به حضور من منقطع نخواهد شد، به شرطی که پسرانت طریق های خود را نگاه داشته، به حضور من سلوک نمایند چنانکه تو به حضورم رفتار نمودی. ۲۵ 25
“Afei, Awurade, Israel Nyankopɔn kɔ so di wo bɔ a woahyɛ wo somfo, mʼagya Dawid, no so. Efisɛ woka kyerɛɛ no se, ‘Sɛ wʼasefo hwɛ wɔn abrabɔ yiye, sɛnea woayɛ yi a, daa wobedi Israel so.’
و الان‌ای خدای اسرائیل تمنا اینکه کلامی که به بنده خود، پدرم داود گفته‌ای، ثابت بشود. ۲۶ 26
Enti afei, Israel Nyankopɔn, di bɔ a woahyɛ wo somfo, mʼagya Dawid no so.
«اما آیا خدا فی الحقیقه بر زمین ساکن خواهد شد؟ اینک فلک و فلک الافلاک تو راگنجایش ندارد تا چه رسد به این خانه‌ای که من بناکرده‌ام. ۲۷ 27
“Ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu wɔ asase so? Ɔsorosoro nohɔ mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masi yi betumi akora wo.
لیکن‌ای یهوه، خدای من، به دعا وتضرع بنده خود توجه نما و استغاثه و دعایی راکه بنده ات امروز به حضور تو می‌کند، بشنو، ۲۸ 28
Tie me mpaebɔ ne mʼadesrɛ, Awurade, me Nyankopɔn. Tie sufrɛ a wo somfo resu ne mpae a wo somfo rebɔ akyerɛ wo nnɛ.
تاآنکه شب و روز چشمان تو بر این خانه باز شود وبر مکانی که درباره‌اش گفتی که اسم من در آنجاخواهد بود و تا دعایی را که بنده ات به سوی این مکان بنماید، اجابت کنی. ۲۹ 29
Hwɛ saa Asɔredan yi so, baabi a woaka sɛ wode wo din bɛto so no, awia ne anadwo. Daa, tie me mpae a mebɔ wɔ ha no.
و تضرع بنده ات و قوم خود اسرائیل را که به سوی این مکان دعامی نمایند، بشنو و از مکان سکونت خود، یعنی ازآسمان بشنو و چون شنیدی عفو نما. ۳۰ 30
Tie mʼahobrɛase ne nokware abisade a efi me ne wo nkurɔfo Israelfo nkyɛn, bere a yɛrebɔ mpae wɔ beae ha no. Yiw, tie yɛn fi ɔsoro a wote hɔ no, na sɛ wote a, fa kyɛ.
«اگر کسی به همسایه خود گناه ورزد وقسم بر او عرضه شود که بخورد و او آمده پیش مذبح تو در این خانه قسم خورد، ۳۱ 31
“Sɛ obi fom obi, na ɛho hia sɛ ɔka ho ntam sɛ onnim ho hwee wɔ afɔremuka no anim wɔ Asɔredan no mu a,
آنگاه ازآسمان بشنو و عمل نموده، به جهت بندگانت حکم نما و شریران را ملزم ساخته، راه ایشان را به‌سر ایشان برسان و عادلان را عادل شمرده، ایشان را بر‌حسب عدالت ایشان جزا ده. ۳۲ 32
ɛno de, tie fi ɔsoro, na bu wʼasomfo baanu no a ɛyɛ nea wɔabɔ no sobo no ne sobobɔfo no ntam atɛn. Nea odi fɔ no, twe nʼaso na gyaa nea odi bem no.
«و هنگامی که قوم تو اسرائیل به‌سبب گناهی که به تو ورزیده باشند به حضور دشمنان خود مغلوب شوند اگر به سوی تو بازگشت نموده، اسم تو را اعتراف نمایند و نزد تو در این خانه دعا و تضرع نمایند، ۳۳ 33
“Sɛ atamfo di wo nkurɔfo Israel so, efisɛ wɔayɛ bɔne atia wo, na sɛ wɔdan ba wo nkyɛn, na wɔbɔ wo din frɛ wo, na wɔbɔ wo mpae wɔ Asɔredan mu ha a,
آنگاه از آسمان بشنوو گناه قوم خود، اسرائیل را بیامرز و ایشان را به زمینی که به پدران ایشان داده‌ای بازآور. ۳۴ 34
ɛno de, tie fi ɔsoro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsan nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so.
«هنگامی که آسمان بسته شود و به‌سبب گناهی که به تو ورزیده باشند باران نبارد، اگر به سوی این مکان دعا کنند و اسم تو را اعتراف نمایند و به‌سبب مصیبتی که به ایشان رسانیده باشی از گناه خویش بازگشت کنند، ۳۵ 35
“Sɛ ɔsoro mu to, na osu ntɔ, efisɛ wo nkurɔfo ayɛ bɔne atia wo, na afei, wɔbɔ mpae wɔ Asɔredan mu ha, bɔ wo din, ka wɔn bɔne, na wɔdan fi wɔn bɔne ho, efisɛ woatwe wɔn aso a,
آنگاه ازآسمان بشنو و گناه بندگانت و قوم خود اسرائیل را بیامرز و ایشان را به راه نیکو که در آن باید رفت، تعلیم ده و به زمین خود که آن را به قوم خویش برای میراث بخشیده‌ای، باران بفرست. ۳۶ 36
ɛno de, tie fi ɔsoro, na fa wʼasomfo, wo nkurɔfo Israelfo, bɔne kyɛ wɔn. Kyerɛ wɔn nea eye, na ma osu ntɔ ngu wʼasase a wode ama wo nkurɔfo sɛ wɔn agyapade sononko no so.
«اگر در زمین قحطی باشد و اگر وبا یا بادسموم یا یرقان باشد و اگر ملخ یا کرم باشد و اگردشمنان ایشان، ایشان را در شهرهای زمین ایشان محاصره نمایند، هر بلایی یا هر مرضی که بوده باشد، ۳۷ 37
“Sɛ ɔkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa nnɔbae nyarewa ba anaa mmoadabi ne asa begu nnɔbae so, anaa wo nkurɔfo atamfo ba asase no so betua wɔn nkurow a, sɛnea ɔhaw no te biara no,
آنگاه هر دعا و هر استغاثه‌ای که از هرمرد یا از تمامی قوم تو، اسرائیل، کرده شود که هریک از ایشان بلای دل خود را خواهند دانست، و دستهای خود را به سوی این خانه دراز نمایند، ۳۸ 38
sɛ wo nkurɔfo bɔ mpae wɔ wɔn haw ne awerɛhow ho, na wɔpagyaw wɔn nsa wɔ asɔredan yi mu a,
آنگاه از آسمان که مکان سکونت تو باشد بشنوو بیامرز و عمل نموده، به هر کس که دل او رامی دانی به حسب راههایش جزا بده، زیرا که تو به تنهایی عارف قلوب جمیع بنی آدم هستی. ۳۹ 39
tie fi ɔsoro, nea wote hɔ, na fa kyɛ. Fa biribiara a eye ma wo nkurɔfo ma wɔn, na wo nko ara na wunim onipa koma mu.
تاآنکه ایشان در تمام روزهایی که به روی زمینی که به پدران ما داده‌ای زنده باشند، از توبترسند. ۴۰ 40
Na wobesuro wo, na wɔanantew wʼakwan so, mmere dodow a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom no so.
«و نیز غریبی که از قوم تو، اسرائیل، نباشدو به‌خاطر اسم تو از زمین بعید آمده باشد، ۴۱ 41
“Na sɛ ananafo te wo nka, na wofi akyirikyiri nsase so ba bɛsom wo din kɛse no a,
زیراکه آوازه اسم عظیمت و دست قویت و بازوی دراز تو را خواهند شنید، پس چون بیاید و به سوی این خانه دعا نماید، ۴۲ 42
wɔbɛte wo nka, wo nsɛnkyerɛnne akɛse no ne wo tumi ho asɛm, na sɛ wɔbɔ mpae wɔ saa asɔredan yi mu a,
آنگاه از آسمان که مکان سکونت توست بشنو و موافق هر‌چه آن غریب از تو استدعا نماید به عمل آور تا جمیع قومهای جهان اسم تو را بشناسند و مثل قوم تو، اسرائیل، از تو بترسند و بدانند که اسم تو بر این خانه‌ای که بنا کرده‌ام، نهاده شده است. ۴۳ 43
tie fi ɔsoro hɔ a wote no, na yɛ wɔn abisade ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ahu, na wɔasuro wo, sɛnea wo ara wo nkurɔfo Israelfo yɛ no. Wɔn nso behu sɛ, wo din da saa Asɔredan a masi yi so.
«اگر قوم تو برای مقاتله با دشمنان خود به راهی که ایشان را فرستاده باشی بیرون روند وایشان به سوی شهری که تو برگزیده‌ای و خانه‌ای که به جهت اسم تو بنا کرده‌ام، نزد خداوند دعانمایند، ۴۴ 44
“Sɛ wohyɛ wo nkurɔfo ma wopue, kɔko tia wɔn atamfo, na sɛ wɔbɔ mpae, srɛ Awurade fa saa kurow yi a woayi yi, ne saa Asɔredan a masi de wo din ato so yi ho a,
آنگاه دعا و تضرع ایشان را از آسمان بشنو و حق ایشان را بجا آور. ۴۵ 45
ɛno de, tie wɔn mpaebɔ fi ɔsoro, na yɛ wɔn abisade ma wɔn.
«و اگر به تو گناه ورزیده باشند زیرا انسانی نیست که گناه نکند و تو بر ایشان غضبناک شده، ایشان را به‌دست دشمنان تسلیم کرده باشی واسیرکنندگان ایشان، ایشان را به زمین دشمنان خواه دور و خواه نزدیک به اسیری ببرند، ۴۶ 46
“Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo a, na hena na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo befuw wɔn, na woama wɔn atamfo adi wɔn so, na wɔafa wɔn nnommum de wɔn akɔ ananasase a ɛwɔ akyiri anaasɛ ɛbɛn so.
پس اگر ایشان در زمینی که در آن اسیر باشند به خودآمده، بازگشت نمایند و در زمین اسیری خود نزدتو تضرع نموده، گویند که گناه کرده، و عصیان ورزیده، و شریرانه رفتار نموده‌ایم، ۴۷ 47
Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu san ba wo nkyɛn, bɔ mpae se, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumɔyɛsɛm ne atirimɔdensɛm,’
و در زمین دشمنانی که ایشان را به اسیری برده باشند به تمامی دل و به تمامی جان خود به تو بازگشت نمایند، و به سوی زمینی که به پدران ایشان داده‌ای و شهری که برگزیده و خانه‌ای که برای اسم تو بنا کرده‌ام، نزد تو دعا نمایند، ۴۸ 48
na sɛ wɔde wɔn koma ne wɔn kra nyinaa dan ba wo nkyɛn, na wɔbɔ mpae ma asase a wode maa wɔn agyanom no ho, saa kurow a woayi ne saa Asɔredan a masi de ahyɛ wo din anuonyam yi a,
آنگاه ازآسمان که مکان سکونت توست، دعا و تضرع ایشان را بشنو و حق ایشان را بجا آور. ۴۹ 49
ɛno de, tie wɔn mpaebɔ fi ɔsoro baabi a wote hɔ. Yɛ wɔn apɛde ma wɔn,
و قوم خود را که به تو گناه ورزیده باشند، عفو نما وتمامی تقصیرهای ایشان را که به تو ورزیده باشندبیامرز و ایشان را در دل اسیرکنندگان ایشان ترحم عطا فرما تا بر ایشان ترحم نمایند. ۵۰ 50
na fa wo nkurɔfo a wɔayɛ bɔne atia wo no bɔne kyɛ wɔn. Ma wɔn nnommumfafo nhu wɔn mmɔbɔ,
زیراکه ایشان قوم تو و میراث تو می‌باشند که ازمصر از میان کوره آهن بیرون آوردی. ۵۱ 51
efisɛ wɔyɛ wo nkurɔfo, wʼagyapade sononko a wuyii wɔn fii Misraim dadenan nyansramma mu.
تاچشمان تو به تضرع بنده ات و به تضرع قوم تواسرائیل گشاده شود و ایشان را در هر‌چه نزدتو دعا نمایند، اجابت نمایی. ۵۲ 52
“Bue wʼani ma mʼabisade ne wo nkurɔfo Israelfo abisade. Bere biara a wobesu afrɛ wo no, tie wɔn, na gye wɔn so.
زیرا که توایشان را از جمیع قومهای جهان برای ارثیت خویش ممتاز نموده‌ای چنانکه به واسطه بنده خود موسی وعده دادی هنگامی که تو‌ای خداوند یهوه پدران ما را از مصر بیرون آوردی.» ۵۳ 53
Efisɛ bere a wuyii yɛn agyanom fii Misraim no, Otumfo Awurade, woka kyerɛɛ wo somfo Mose se, woatew Israel afi aman a aka nyinaa a ɛwɔ asase yi so ho sɛ, wɔnyɛ wʼagyapade sononko.”
و واقع شد که چون سلیمان از گفتن تمامی این دعا و تضرع نزد خداوند فارغ شد، از پیش مذبح خداوند از زانو زدن و دراز نمودن دستهای خود به سوی آسمان برخاست، ۵۴ 54
Bere a Salomo wiee saa mpaebɔ ne nʼabisade a ɔde dan Awurade no, ogyinaa Awurade afɔremuka anim, faako a na ɔtaa bu nkotodwe no, na ɔmaa ne nsa so kyerɛɛ ɔsoro.
و ایستاده، تمامی جماعت اسرائیل را به آواز بلند برکت دادو گفت: ۵۵ 55
Ogyinaa hɔ teɛɛ mu, hyiraa Israelfo no se,
«متبارک باد خداوند که قوم خود، اسرائیل را موافق هر‌چه وعده کرده بود، آرامی داده است زیرا که از تمامی وعده های نیکو که به واسطه بنده خود، موسی داده بود، یک سخن به زمین نیفتاد. ۵۶ 56
“Ayeyi nka Awurade a wama ne nkurɔfo Israelfo ɔhome, sɛnea ɔhyɛɛ ho bɔ no. Trenee bɔ a ɔnam Mose so daa no adi no mu baako koraa nni hɔ a amma mu.
یهوه خدای ما با ما باشد چنانکه با پدران مامی بود و ما را ترک نکند و رد نماید. ۵۷ 57
Awurade, yɛn Nyankopɔn, nka yɛn ho sɛnea ɔkaa yɛn agyanom ho no; ɔrennyaw yɛn da biara da.
و دلهای مارا به سوی خود مایل بگرداند تا در تمامی طریق هایش سلوک نموده، اوامر و فرایض واحکام او را که به پدران ما امر فرموده بود، نگاه داریم. ۵۸ 58
Ɔmma yenya ɔpɛ a yɛde bɛyɛ nʼapɛde wɔ biribiara mu, na yenni mmara ne ahyɛde a ɔhyɛ de maa yɛn agyanom no nyinaa so.
و کلمات این دعایی که نزد خداوندگفته‌ام، شب و روز نزدیک یهوه خدای ما باشد تاحق بنده خود و حق قوم خویش اسرائیل را برحسب اقتضای هر روز بجا آورد. ۵۹ 59
Na ma ɔnkae saa nsɛm a magyina so de abɔ saa mpae wɔ Awurade anim yi daa awia ne anadwo, sɛnea Awurade, yɛn Nyankopɔn, betie me ne Israelfo, na wayɛ nea ehia yɛn daa ama yɛn.
تا تمامی قوم های جهان بدانند که یهوه خداست و دیگری نیست. ۶۰ 60
Ma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa nhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn, na onyame foforo biara nni hɔ.
پس دل شما با یهوه خدای ما کامل باشد تا در فرایض او سلوک نموده، اوامر او رامثل امروز نگاه دارید.» ۶۱ 61
Na mo a moyɛ ne nkurɔfo no, nni Awurade, yɛn Nyankopɔn, no nokware daa. Munni ne mmara ne nʼahyɛde so daa, sɛnea moyɛ no nnɛ yi.”
پس پادشاه و تمامی اسرائیل با وی به حضور خداوند قربانی‌ها گذرانیدند. ۶۲ 62
Na ɔhene no ne Israelfo a wɔka ne ho no bɔɔ afɔre maa Awurade.
و سلیمان به جهت ذبایح سلامتی که برای خداوند گذارنید، بیست و دو هزار گاو و صد و بیست هزار گوسفندذبح نمود و پادشاه و جمیع بنی‌اسرائیل، خانه خداوند را تبریک نمودند. ۶۳ 63
Salomo bɔɔ asomdwoe afɔre maa Awurade. Nʼafɔrebɔde no yɛ anantwi mpem aduonu abien ne nguan mpem ɔha aduonu. Na ɔhene no ne Israel nyinaa daa Asɔredan no adi, de maa Awurade.
و در آن روز پادشاه وسط صحن را که پیش خانه خداوند است تقدیس نمود زیرا چونکه مذبح برنجینی که به حضور خداوند بود به جهت گنجایش قربانی های سوختنی و هدایای آردی و پیه قربانی های سلامتی کوچک بود، از آن جهت قربانی های سوختنی و هدایای آردی و پیه ذبایح سلامتی را در آنجا گذرانید. ۶۴ 64
Saa da no ara, ɔhene no tew Asɔredan no adiwo no mfimfini a ɛka Awurade Asɔredan ho no ho. Ɔbɔɔ ɔhyew afɔre, atoko afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade no wɔ hɔ, efisɛ na kɔbere mfrafrae afɔremuka a ɛwɔ Awurade anim no sua dodo sɛ ebetumi akora afɔrebɔde bebree.
و در آن وقت سلیمان و تمامی اسرائیل باوی عید را نگاه داشتند و آن انجمن بزرگ ازمدخل حمات تا وادی مصر هفت روز و هفت روز یعنی چهارده روز به حضور یهوه، خدای مابودند. ۶۵ 65
Na Salomo ne Israel nyinaa bɔɔ mu, dii Guankɔbea Afahyɛ wɔ Awurade, wɔn Nyankopɔn, anim. Nnipadɔm no fi Lebo Hamat wɔ atifi fam kosi Misraim asuwa wɔ anafo fam, na wɔbae. Afahyɛ yi kɔɔ so ara nnafua dunan. Emu nnanson na wɔde daa afɔremuka no adi, na wɔde mu nnanson nso dii Guankɔbea Afahyɛ no.
و در روز هشتم، قوم را مرخص فرمودو ایشان برای پادشاه برکت خواسته، و با شادمانی و خوشدلی به‌سبب تمامی احسانی که خداوند به بنده خود، داود و به قوم خویش اسرائیل نموده بود، به خیمه های خود رفتند. ۶۶ 66
Afahyɛ no twaa mu no, Salomo maa ɔmanfo no kɔɔ wɔn kurom. Wɔrekɔ no nyinaa na wɔrehyira ɔhene no. Na wɔn nyinaa nyaa ahosɛpɛw ne ahotɔ, efisɛ Awurade ne ne somfo Dawid ne Israelfo adi no yiye.

< اول پادشاهان 8 >