< اول پادشاهان 5 >

و حیرام، پادشاه صور، خادمان خود را نزدسلیمان فرستاد، چونکه شنیده بود که او رابه‌جای پدرش به پادشاهی مسح کرده‌اند، زیرا که حیرام همیشه دوست داود بود. ۱ 1
Na Tirohene Huram yɛ ɔhene Dawid adamfo nokwafo, enti bere a ɔtee sɛ wɔasra Salomo ngo sɛ ɔhene sɛ onni nʼagya Dawid ade no, ɔsomaa nʼasomafo kɔɔ Salomo nkyɛn, kɔmaa no tirinkwa.
و سلیمان نزد حیرام فرستاده، گفت ۲ 2
Salomo de saa nkra yi maa sɛ wɔnsan mfa nkɔma Huram:
که «تو پدر من داود رامی دانی که نتوانست خانه‌ای به اسم یهوه، خدای خود بنا نماید به‌سبب جنگهایی که او را احاطه می‌نمود تا خداوند ایشان را زیر کف پایهای اونهاد. ۳ 3
“Wo ara wunim sɛ mʼagya Dawid antumi ansi asɔredan anhyɛ Awurade ne Nyankopɔn din anuonyam, esiane akokoakoko a ɔne aman a wɔatwa ne ho ahyia no dii nti. Wantumi anyɛ kosii sɛ Awurade de nʼatamfo hyɛɛ nʼanan ase.
اما الان یهوه، خدای من، مرا از هر طرف آرامی داده است که هیچ دشمنی و هیچ واقعه بدی وجود ندارد. ۴ 4
Nanso mprempren, Awurade, me Nyankopɔn ama me ahotɔ wɔ afa nyinaa, minni ɔtamfo biara na biribiara rekɔ yiye.
و اینک مراد من این است که خانه‌ای به اسم یهوه، خدای خود، بنا نمایم چنانکه خداوند به پدرم داود وعده داد و گفت که پسرت که او را به‌جای تو بر کرسی خواهم نشانید، خانه را به اسم من بنا خواهد کرد. ۵ 5
Ne saa nti, mayɛ adwene sɛ mesi asɔredan ama Awurade, me Nyankopɔn sɛnea Awurade ka kyerɛɛ mʼagya Dawid se me na mɛyɛ no. ‘Wo ba a mede no bɛtena ahengua so, asi wʼanan mu no besi asɔredan ahyɛ me din anuonyam.’
و حال امر فرما که سروهای آزاد از لبنان برای من قطع نمایند و خادمان من همراه خادمان تو خواهندبود، و مزد خادمانت را موافق هرآنچه بفرمایی به تو خواهم داد، زیرا تو می‌دانی که در میان ما کسی نیست که مثل صیدونیان در قطع نمودن درختان ماهر باشد.» ۶ 6
“Ɛno nti, hyɛ ma wonkotwa sida a efi Lebanon mmrɛ me. Me mmarima ne wo mmarima bɛyɛ adwuma, na akatua biara a wubegye ama wɔn no, metua. Wo ara wunim sɛ, obiara nkyɛn Sidonfo wɔ nnuabu mu.”
پس چون حیرام سخنان سلیمان را شنید، به غایت شادمان شده، گفت: «امروز خداوند متبارک باد که به داود پسری حکیم بر این قوم عظیم عطانموده است.» ۷ 7
Bere a Huram tee Salomo nkra no, nʼani sɔɔ yiye kae se, “Ayeyi nka Awurade nnɛ, efisɛ wama Dawid ɔba nyansafo sɛ ommedi saa ɔman kɛse Israel yi so.”
و حیرام نزد سلیمان فرستاده، گفت: «پیغامی که نزد من فرستادی اجابت نمودم و من خواهش تو را درباره چوب سرو آزاد وچوب صنوبر بجا خواهم آورد. ۸ 8
Enti Huram de nkra kɔmaa Salomo se, “Me nsa aka nkra a wode brɛɛ me no, na mɛyɛ wʼabisade a ɛfa nnua no ho no. Metumi de sida nnua ne ɔpepaw nnua abrɛ wo.
خادمان من آنهارا از لبنان به دریا فرود خواهند‌آورد و من آنها رابستنه خواهم ساخت در دریا، تا مکانی که برای من معین کنی و آنها را در آنجا از هم باز خواهم کرد تا آنها را ببری و اما تو درباره دادن آذوقه به خانه من اراده مرا به‌جا خواهی آورد.» ۹ 9
Mʼasomfo de nnua no befi Lebanon mmepɔw so aba Po Kɛse so, na mɛma atentɛn afa po ani sɛnea wɔde ayɛ ɔkorow no, de akɔ baabiara a wobɛkyerɛ. Ɛno akyi no, yɛbɛsan mu na yɛde nnua no abrɛ wo. Wobɛma me fifo aduan, sɛnea mehwehwɛ no.”
پس حیرام چوبهای سرو آزاد و چوبهای صنوبر را موافق تمامی اراده‌اش به سلیمان داد. ۱۰ 10
Huram faa saa ɔkwan yi so maa Salomo sida ne ɔpepaw nnua sɛnea ɔpɛ,
وسلیمان بیست هزار کر گندم و بیست هزار کرروغن صاف به حیرام به جهت قوت خانه‌اش داد، و سلیمان هرساله اینقدر به حیرام می‌داد. ۱۱ 11
na Salomo maa Huram fifo atoko tɔn 3,600 ne ngo kronkron galɔn 120,000.
وخداوند سلیمان را به نوعی که به او وعده داده بود، حکمت بخشید و در میان حیرام و سلیمان صلح بود و با یکدیگر عهد بستند. ۱۲ 12
Na Awurade maa Salomo nyansa a emu dɔ, sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no. Na Huram ne Salomo yɛɛ asomdwoe apam.
و سلیمان پادشاه از تمامی اسرائیل سخره گرفت و آن سخره سی هزار نفر بود. ۱۳ 13
Na ɔhene Salomo kyerɛw adwumayɛfo mpem aduasa a wofi Israel nyinaa din.
و از ایشان ده هزار نفر، هر ماهی به نوبت به لبنان می‌فرستاد. یک ماه در لبنان و دو ماه در خانه خویش می‌ماندند. و ادونیرام رئیس سخره بود. ۱۴ 14
Ɔsomaa wɔn akuwakuw kɔɔ Lebanon. Ɔsram biara mu, nnipa mpem du kɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbarima baako biara bedi ɔsram baako wɔ Lebanon, na wadi asram abien wɔ fie. Adoniram na na ɔhwɛ saa adwumayɛfo yi so.
وسلیمان را هفتاد هزار مرد باربردار و هشتاد هزارنفر چوب بر در کوه بود. ۱۵ 15
Salomo nso faa nnesoasoafo mpem aduɔson; faa abopaefo mpem aduɔwɔtwe fi bepɔw asase no so,
سوای سروران گماشتگان سلیمان که ناظر کار بود، یعنی سه هزارو سیصد نفر که بر عاملان کار ضابط بودند. ۱۶ 16
ne wɔn so sohwɛfo mpem ahaasa ne ahansia a wɔbɛhwɛ adwuma no so.
وپادشاه امر فرمود تا سنگهای بزرگ و سنگهای گرانبها و سنگهای تراشیده شده به جهت بنای خانه کندند. ۱۷ 17
Ɔhene no hyɛ ma abotwafo no paee, twaa aboɔdemmo no, yiyii ho sɛnea wɔde bɛhyɛ Asɔredan no fapem.
و بنایان سلیمان و بنایان حیرام وجبلیان آنها را تراشیدند، پس چوبها و سنگها را به جهت بنای خانه مهیا ساختند. ۱۸ 18
Mmarima a wofi Gebal kuropɔn mu boaa Salomo ne Huram adansifo no, ma wosiesiee nnua ne abo no maa Asɔredan no si.

< اول پادشاهان 5 >