< اول تواریخ 5 >

و پسران رؤبين نخست زاده اسرائيل اينانند: (زيرا که او نخست زاده بود و اما به سبب بي عصمت ساختن بستر پدرخويش، حق نخست زادگي او به پسران يوسف بن اسرائيل داده شد. از اين جهت نسب نامه او بر حسب نخست زادگي ثبت نشده بود. ۱ 1
Na Israel babarima panyin ne Ruben. Nanso esiane sɛ wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenanom no mu baako kɔdae no nti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmabarima. Esiane saa asɛm yi nti, wɔamfa Ruben din anka anato no ho sɛ abakan.
زيرا يهُودا بر برادران خود برتري يافت و پادشاه از او بود؛ اما نخست زادگي از آن يوسف بود). ۲ 2
Yuda asefo na wɔyɛɛ abusuakuw a wɔwɔ tumi pa ara; ne saa nti woyii ɔman no sodifo fii wɔn mu, nanso mpanyinni no de, na ɛyɛ Yosef dea.
پس پسران رؤبين نخست زاده اسرائيل: حَنوک و فَلُّو و حَصرون و کَرمي. ۳ 3
Israel abakan Ruben no mmabarima ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.
و پسران يوئيل: پسرش شَمَعيا و پسرش جوج و پسرش شِمعِي؛ ۴ 4
Yoel asefo ne Semaia, Gog, Simei,
و پسرش ميکا و پسرش رَآيا و پسرش بَعل؛ ۵ 5
Mika, Reaia, Baal,
و پسرش بَئيرَه که تِلغَت فِلناسَر پادشاه اَشُّور او را به اسيري بُرد و او رئيس رؤبينيان بود. ۶ 6
ne Beera. Bere a Asiriahene Tilgat-Pilneser de Rubenfo kɔɔ nnommumfa mu no, Beera na na odi Rubenfo no anim.
و برادرانش بر حسب قبايل ايشان وقتي که نسب نامه مواليد ايشان ثبت گرديد، مقدم ايشان يعِيئيل بود و زَکريا، ۷ 7
Wɔakyerɛw Beera nkurɔfo din sɛnea wɔn mmusua ne abusua no te: Yeiel ne wɔn ntuanoni, na Sakaria
و بالع بن عَزاز بن شامع بن يوئيل که در عَرُوعير تانَبُو و بَعل مَعُون ساکن بود، ۸ 8
ne Asas babarima Bela a ɔyɛ Sema babarima a ɔyɛ Yoel babarima. Saa Rubenfo yi tenaa beae a efi Aroer de kosi Nebo ne Baal-Meon.
و به طرف مشرق تا مدخل بيابان از نهر فرات سکنا گرفت، زيرا که مواشي ايشان در زمين جِلعاد زياده شد. ۹ 9
Esiane sɛ na wɔwɔ anantwi bebree wɔ Gilead asase so no nti, wodidi kɔɔ apuei fam wɔ nweatam a ɛtrɛw kɔ Asubɔnten Eufrate no ho.
و در ايام شاؤل ايشان با حاجريان جنگ کردند و آنها به دست ايشان افتادند و در خيمه هاي آنها در تمامي اطراف شرقي جِلعاد ساکن شدند. ۱۰ 10
Ɔhene Saulo bere so, Rubenfo dii Hagarfo so nkonim wɔ ɔko mu. Enti wotu kɔɔ Hagarfo atenae a ɛwɔ Gilead apuei fam hɔ no.
و بني جاد در مقابل ايشان در زمين باشان تا سَلخَه ساکن بودند. ۱۱ 11
Basan asase so no, na Gad asefo na wɔtete asase a edi Rubenfo de no so. Wɔtrɛw kɔɔ apuei fam kosii Saleka.
و مقدّم ايشان يوئيل بود و دومين شافام و يعناي و شافاط در باشان(ساکن بود). ۱۲ 12
Na Yoel na otua wɔn ano wɔ Basan asase so. Na Safam, Yanai ne Safat yɛ nʼaboafo.
و برادران ايشان بر حسب خانه هاي آباي ايشان، ميکائيل و مَشُلام و شَبَع و يوراي و يعکان و زِيع و عابَر که هفت نفر باشند. ۱۳ 13
Na wɔn abusuafo a wɔyɛ ntuanofo ma mmusua afoforo ason din ne: Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber.
اينانند پسران اَبيحايل بن حوري ابن ياروح بن جِلعاد بن ميکائيل بن يشيشاي بن يحدُو ابن بوز. ۱۴ 14
Eyinom nyinaa yɛ Huri babarima Abihail a ɔyɛ Yaroa babarima, Gilead babarima, Mikael babarima, Yesisai babarima Yahdo babarima, Bus babarima.
اَخي ابن عَبديئيل بن جوني رئيس خاندان آباي ايشان. ۱۵ 15
Abdiel babarima Ahi, Guni babarima no na na ɔyɛ wɔn mmusua no ntuano.
و ايشان در جِلعادِ باشان و قريه هايش و در تمامي نواحي شارون تا حدود آنها ساکن بودند. ۱۶ 16
Gadfo no tenaa Gilead asase a ɛwɔ Basan ne ne nkuraa ne Saron tataw no nyinaa so.
نسب نامه جميع اينها در ايام يوتام پادشاه يهودا و در ايام يرُبعام پادشاه اسرائيل ثبت گرديد. ۱۷ 17
Yudahene Yotam ne Israelhene Yeroboam bere so na wɔkyerɛw eyinom nyinaa guu abusuadua nkrataa mu.
از بني رؤبين و جاديان و نصف سبط مَنَّسي شجاعان و مرداني که سپر شمشير برمي داشتند و تيراندازان و جنگ آزمودگان که به جنگ بيرون مي رفتند، چهل و هزار و هفت صد و شصت نفر بودند. ۱۸ 18
Na akofo akɛse a wɔwɔ Ruben, Gad mmusua ne Manase abusua fa mu no ano si mpem aduanan anan ahanson ne aduosia. Wokurakura nkatabo, mfoa ne agyan, na wɔn nyinaa akwadaw wɔ akodi mu.
و ايشان با حاجريان و يطُور و نافيش و نوداب مقاتله نمودند. ۱۹ 19
Wɔko tiaa Hagarfo, Yeturfo, Nafisfo ne Nodabfo.
و بر ايشان نصرت يافتند و حاجريان و جميع رفقاي آنها به دست ايشان تسليم شدند زيرا که در حين جنگ نزد خدا استغاثه نمودند و او ايشان را چونکه بر او توکل نمودند، اجابت فرمود. ۲۰ 20
Wosu frɛɛ Onyankopɔn wɔ ɔko no mu, na otiee wɔn mpaebɔ, efisɛ wɔde wɔn ho too ne so. Enti wodii Hagarfo no ne wɔn dɔm nyinaa so nkonim.
پس از مواشي ايشان، پنجاه هزار شتر و دويست و پنجاه هزار گوسفند و دو هزار الاغ و صد هزار مرد به تاراج بردند. ۲۱ 21
Asade a wɔfa fii Hagarfo no nkyɛn no yɛ yoma mpem aduonum, nguan mpem ahannu aduonum, mfurum mpenu ne nneduafo mpem ɔha.
زيرا چونکه جنگ از جانب خدا بود، بسياري مقتول گرديدند. پس ايشان به جاي آنها تا زمان اسيري ساکن شدند. ۲۲ 22
Wokunkum Hagarfo no bebree wɔ ɔko no mu, efisɛ na Onyankopɔn reko tia wɔn. Enti wɔtenaa wɔn asase so kosii sɛ wotwaa wɔn asu.
و پسران نصف سبط مَنَّسي در آن زمين ساکن شده، از باشان تا بَعل حَرمون و سَنير و جَبَل حَرمون زياد شدند. ۲۳ 23
Manase abusua fa no trɛw wɔ asase no so fi Basan kosii Baal-Hermon, Senir ne bepɔw Hermon ho. Na wɔdɔɔso yiye.
و اينانند رؤساي خاندان آباي ايشان عافَر و يشعِي و اَليئيل وعَزريئيل و اِرميا و هُودَويا يحدييئل که مردان تنومند شجاع و ناموران و رؤساي خاندان آباي ايشان بودند. ۲۴ 24
Eyinom ne wɔn mmusua no ntuanofo: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel. Na wɔn mu biara agye din sɛ ɔkofo kɛse ne ɔkannifo.
اما به خداي پدران خود خيانت ورزيده، در پي خدايان قومهاي آن زمين که خدا آنها را به حضور ايشان هلاک کرده بود، زنا کردند. ۲۵ 25
Nanso na wonni nokware, na wobuu wɔn agyanom ne Onyankopɔn apam no so. Wɔsom aman a Onyankopɔn sɛee wɔn no anyame.
پس خداي اسرائيل روح فُول پادشاه اَشُّور و روح تِلغَت فِلناسَر پادشاه اَشُّور را برانگيخت که رؤبينيان و جاديان و نصف سبط مَنَّسي را اسير کرده، ايشان را به حَلَح و خابور و هارا و نهر جوزان تا امروز بُرد. ۲۶ 26
Enti Israel Nyankopɔn de hyɛɛ Asiriahene Pul (a na wɔsan frɛ no Tilgat-Pilneser) koma mu sɛ ɔnko mfa asase no, na ɔnkyekyere Rubenfo, Gadfo ne Manasefo abusua fa sɛ nneduafo. Asiriafo no twaa wɔn asu kɔɔ Halah, Habor, Hara ne Asubɔnten Gosan ho a wɔda so te hɔ besi nnɛ.

< اول تواریخ 5 >