< اول تواریخ 20 >

و واقع شد در وقت تحويل سال، هنگام بيرون رفتن پادشاهان، که يوآب قوت لشکر را بيرون آورد، و زمين بني عَمُّون را ويران ساخت و آمده، رَبَّه را محاصره نمود. اما داود در اورشليم ماند و يوآب رَبَّه را تسخير نموده، آن را منهدم ساخت. ۱ 1
Asusow bere, afe mu bere a ahemfo kɔ ɔko no, Yoab dii Israel asraafo anim, kɔtow hyɛɛ Amonfo nkurow ne nkuraa so, dii wɔn so nkonim. Akodi no mu no, wotuaa Raba kuropɔn no, sɛee no. Saa bere no na Dawid te akyi wɔ Yerusalem.
و داود تاج پادشاه ايشان را از سرش گرفت که وزنش يک وزنه طلا بود و سنگهاي گرانبها داشت و آن را بر سر داود گذاشتند و غنيمت از حد زياده از شهر بردند. ۲ 2
Bere a Dawid duu Raba no, otuu ɔhene no ahenkyɛw, na wɔde hyɛɛ Dawid. Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ahenkyɛw no na wɔde aboɔdemmo abobɔ mu. Na emu duru bɛyɛ kilogram aduasa anan. Dawid faa asade bebree fii kurow no mu.
و خلق آنجا را بيرون آورده، ايشان را به ارّه ها و چومهاي آهنين و تيشه ها پاره پاره کرد؛ و داود به همين طور با جميع شهرهاي بني عَمُّون رفتار نمود. پس داود و تمامي قوم به اورشليم برگشتند. ۳ 3
Ɔde Rabafo no yɛɛ nkoa, hyɛɛ wɔn ma wɔde ɔwan, famtunnade ne mmonnua yɛɛ adwuma. Saa ara nso na ɔyɛɛ nnipa a wɔwɔ Amon nkuropɔn nyinaa so. Na Dawid ne nʼakofo san kɔɔ Yerusalem.
و بعد از آن جنگي با فلسطينيان در جازَر، واقع شد که در آن سِبکاي حُوشاتي سِفّاي را که از اولاد رافا بود کشت و ايشان مغلوب شدند. ۴ 4
Eyi akyi, ɔko sii wɔne Filistifo ntam wɔ Geser. Ɔko no mu no, Sibekai a ofi Husa kum Sipai a ɔyɛ abran no aseni ma wɔkaa Filistifo no hyɛe.
و باز جنگ با فلسطينيان واقع شد و اَلحانان بن ياعير لحميرا که برادر جُليات جَتِّي بود کُشت که چوب نيزه اش مثل نورد جولاهکان بود. ۵ 5
Ɔko foforo bi a wɔne Filistifo koe no mu no, Yair babarima Elhanan kum Gatni Goliat nuabarima Lahmi. Na Lahmi peaw nsa mu pipiripi te sɛ ntamanwemfo abaa.
و باز جنگ در جَتّ واقع شد که در آنجا مردي بلند قد بود که بيست وچهار انگشت، شش بر هر دست و شش بر هر پا داشت و او نيز براي رافا زاييده شده بود. ۶ 6
Ɔko foforo bi nso a wɔne Filistifo koe wɔ Gat no, ɔbran bi a ɔyɛ abran asefo no bi a ɔyɛ nsansia yɛ nansia wɔ ne nsa ne ne nan biara so no
و چون او اسرائيل را به تنگ آورد، يهُوناتان بن شِمعا برادر داود او را کُشت. ۷ 7
buu Israel animtiaa, twitwaa mpoa. Na Dawid nuabarima Simea babarima Yonatan kum no.
اينان براي رافا در جَتّ زاييده شدند و به دست داود و به دست بندگانش افتادند. ۸ 8
Na saa Filistifo yi yɛ Gat abran no asefo nanso Dawid ne nʼakofo kunkum wɔn.

< اول تواریخ 20 >