< Romerne 14 >

1 Tak dykk av den som er veik i trui, utan å setja dykk til doms yver tankarne hans!
Sɛ obi gyidie sua wɔ mo mu a, monnye no; mo ne no nnnye deɛ nʼadwene kyerɛ no no ho akyinnyeɛ.
2 Den eine hev tru til å eta alle slag, men den veike et berre urter.
Obi gyidie ma ɔtumi di biribiara, nanso obi a ne gyidie sua no di afuomduane nko ara.
3 Den som et, vanvyrde ikkje den som ikkje et; og den som ikkje et, døme ikkje den som et! For Gud hev teke seg av honom.
Ɛnsɛ sɛ deɛ ɔdi biribiara no bu deɛ ɔnni biribiara no animtia; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obi a ɔdi afuomduane nko ara no bu deɛ ɔdi biribiara no atɛn; ɛfiri sɛ, Onyankopɔn agye no.
4 Kven er du som dømer ein framand dreng? Han stend eller fell for sin eigen herre; men han skal verta standande, for Gud hev magt til å halda honom uppe.
Wo ne hwan a wobu obi ɔsomfoɔ atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka sɛ wadi nkonim anaasɛ wadi nkoguo. Na ɔbɛdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛtumi ama wadi nkonim.
5 Den eine gjer skil på dagarne, den andre held alle dagar like; kvar vere fullviss i sin eigen hug.
Obi dwene sɛ da bi wɔ hɔ a ɛho hia sene nna a aka no. Saa ara nso na onipa foforɔ nso dwene sɛ nna nyinaa yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si nʼadwene pi.
6 Den som agtar på dagen, gjer det for Herren, og den som ikkje agtar på dagen, gjer det for Herren. Og den som et, gjer det for Herren, for han takkar Gud; og den som ikkje et, gjer det for Herren og takkar Gud.
Obiara a ɔbɛbu da bi kɛseɛ no yɛ saa de hyɛ Awurade animuonyam; obiara a ɔwe nam no we wɔ Awurade din mu, ɛfiri sɛ ɔda Onyankopɔn ase; saa ara na wɔn a wɔnwe nso yɛ saa wɔ Awurade din mu de da Onyankopɔn ase.
7 For ingen av oss liver for seg sjølv, og ingen døyr for seg sjølv;
Yɛn mu biara nte ase mma ne nko ara ho na obiara nwu mma ne nko ara ho;
8 for um me liver, so liver me for Herren, og me døyr, so døyr me for Herren, so anten me liver eller døyr, høyrer me Herren til.
sɛ yɛte ase a yɛte ase ma Awurade; na sɛ yɛwu a, yɛwu ma Awurade. Enti, sɛ yɛte ase o, yɛwu o, yɛyɛ Awurade deɛ.
9 For Kristus døydde og vart livande att, for di at han skulde vera herre både yver livande og yver daude.
Na yei enti na Kristo wuiɛ, na ɔsɔreeɛ, na ɔnyaa nkwa sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔwura.
10 Men du, kvi dømer du bror din? eller du, kvi vanvyrder du bror din? me skal då alle fram for Guds domstol.
Na wo, afei, adɛn enti na wobu wo nua atɛn? Na wo, adɛn enti na wobu wo nua animtia? Yɛn nyinaa bɛgyina Onyankopɔn anim ama wabu yɛn atɛn.
11 For det stend skrive: «So sant eg liver, segjer Herren, for meg skal kvart kne seg bøygja, og kvar tunga skal prisa Gud.»
Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “‘Awurade ka sɛ, mete ase yi, obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim; na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.’”
12 So skal då kvar og ein av oss gjera Gud rekneskap for seg sjølv.
Yɛn mu biara bɛbu ne ho akonta akyerɛ Onyankopɔn.
13 Lat oss difor ikkje lenger døma kvarandre, men døm heller so, at de ikkje skal leggja støyt eller fella for bror dykkar!
Ɛno enti, momma yɛnnyae yɛn ho yɛn ho atemmuo. Mmom, deɛ ɛsɛ sɛ modwene ne sɛ, monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu.
14 Eg veit og er viss på det i Herren Jesus, at ingen ting er urein i seg sjølv; men dersom nokon held noko for ureint, so er det ureint for honom.
Ahotɔsoɔ a mewɔ wɔ mʼAwurade Yesu mu no ma mehunu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho nte. Na sɛ obi gye di sɛ biribiara ho nte a, na saa onipa no na ɛho nte mma no.
15 Fær bror din sorg for din mat skuld, so fer du ikkje lenger fram i kjærleik; før ikkje med din mat honom i fortaping som Kristus døydde for!
Sɛ biribiara a wodi ha wo nua a, ɛnneɛ na wonte hɔ ɔdɔ mu. Mma aduane a wodi no nsɛe onipa a ne enti Kristo wuiɛ no.
16 Lat då ikkje det gode de hev, verta til spott!
Mma adeɛ a wobu sɛ ɛyɛ no nnye din bɔne.
17 For Guds rike er ikkje eting og drikking, men rettferd og fred og gleda i den Heilage Ande;
Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ahennie no nyɛ adidie ne ɔnom na mmom, ɛyɛ tenenee, asomdwoeɛ ne ahosɛpɛ a ɛwɔ Honhom Kronkron mu.
18 for den som tener Kristus i det, han er hugnadleg for Gud og tekkjeleg for menneskje.
Obiara a ɔsom Kristo saa ɛkwan yi so no, Onyankopɔn agye no ato mu, na nnipa bu no.
19 Lat oss difor trå etter det som tener til fred og til uppbyggjing innbyrdes.
Ɛno enti, ɛsɛ sɛ yɛtumi tena asomdwoeɛ mu, na yɛboaboa yɛn ho yɛn ho ma obiara nya gyidie a emu yɛ den.
20 Riv ikkje ned Guds verk for mat skuld! Alt er vel reint, men det er vondt for det menneskje som et med samvitsagg.
Nnyina aduane so nsɛe deɛ Onyankopɔn ayɛ. Aduane biara yɛ aduane, nanso sɛ wodi aduane a ɛde ɔfoforɔ bɛkɔ bɔne mu a, ɛyɛ bɔne.
21 Det er godt å ikkje eta kjøt eller drikka vin eller gjera noko som bror din støyter seg på.
Ade tenenee a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ, wonwe ɛnam, nnom nsã anaasɛ wonyɛ biribi a ɛbɛto wo nua suntidua.
22 Du hev tru; hav henne hjå deg sjølv for Gud! Sæl er den som ikkje dømer seg sjølv i det han valet han gjer;
Deɛ wogye di wɔ saa asɛm yi ho no, ma ɛnka wo ne Onyankopɔn ntam. Nhyira ne deɛ ɔyɛ nʼapɛdeɛ a ɔnte nka sɛ wɔabu no atɛn.
23 men den som tvilar - et han, so er han dømd, av di det ikkje er gjort av tru; alt som ikkje er av tru, det er synd.
Na sɛ ne tirim ntene no deɛ ɔdi ho a, sɛ ɔdi a, Onyankopɔn bu no atɛn, ɛfiri sɛ, deɛ ɔyɛ no mfiri gyidie mu. Biribiara a ɛmfiri gyidie mu no nso yɛ bɔne.

< Romerne 14 >