< 2 Timoteus 3 >

1 Men dette skal du vita, at i dei siste dagar skal det koma vande tider.
Kae saa asɛm yi. Nna a ɛdi akyire no mu mmerɛ no mu bɛyɛ den.
2 For folk skal vera sjølvkjære, pengekjære, storordige, stormodige, spottsame, ulyduge mot foreldre, utakksame, vanheilage,
Nnipa bi bɛyɛ pɛsɛmenkomenya, aniberefoɔ, ahohiahiafoɔ ne ahantanfoɔ; wɔbɛyɛ abususɛnkafoɔ, asoɔdenfoɔ wɔ wɔn awofoɔ so; wɔbɛyɛ bonniayɛ na wɔrempɛ nyamesom nso,
3 ukjærlege, upålitande, baktalande, umåtelege, umilde, utan kjærleik til det gode,
wɔbɛyɛ atirimuɔdenfoɔ, wɔrenhu mmɔbɔ, wɔbɛyɛ nnipa edinsɛefoɔ basabasa ne abufupɛfoɔ, wɔbɛtane wɔn mfɛfoɔ a wɔyɛ nnipa pa no,
4 svikefulle, framfuse, ovmodige, slike som elskar lysterne sine meir enn Gud,
wɔbɛyɛ afatwafoɔ, aniɛdenfoɔ, wɔn a wɔhoran; wɔbɛpɛ anikadeɛ sene sɛ wɔdɔ Onyankopɔn.
5 som hev skin av gudlegdom, men forneittar hans kraft. Vend deg frå desse!
Wɔbɛyɛ aniani asomfoɔ a wɔbɛpo tumi a ɛwɔ ɔsom no mu no. Twe wo ho firi saa nnipa no ho.
6 For til deim høyrer dei som snikjer seg inn i husi og fangar kvinnfolk som er tyngde med synder og vert drivne av mangeslag lyster
Wɔn mu bi kɔ afie mu kɔhyɛ mmaa a wɔn bɔne ama wɔdi fɔ na akɔnnɔ ahodoɔ bebree hyɛ wɔn so no so;
7 og alltid lærer og aldri kann koma til å kjenna sanningi.
saa mmaa no yɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsua nneɛma foforɔ, nanso wɔnhunu nokorɛ no akyiri kwan.
8 Som Jannes og Jambres stod imot Moses, so stend dei og imot sanningi, menneskje som er øydelagde i hugen, duglause i trui.
Sɛdeɛ Yane ne Yambre ne Mose dii asie no, saa ara nso na saa nnipa yi ne nokorɛ di asie, nnipa a wɔn adwene asɛe na wɔnnka hwee wɔ gyidie mu.
9 Men dei skal ikkje koma lenger; for deira fåvit skal verta audsynt for alle, liksom det og vart med hine.
Wɔnnya nkɔsoɔ biara ɛfiri sɛ, obiara bɛhu nkwasea a wɔyɛ te sɛ Yane ne Yambre ara pɛ.
10 Men du hev fylgt etter mi læra, mi ferd, mitt forset, mi tru, mitt langmod, min kjærleik, mitt tolmod,
Na wo deɛ, woadi me nkyerɛkyerɛ, me suban ne me botaeɛ so. Woahunu gyidie a mewɔ ne me boasetɔ, me dɔ,
11 mine forfylgjingar, mine lidingar, slike som møtte meg i Antiokia, i Ikonium, i Lystra; slike forfylgjingar hev eg halde ut, og Herren hev fria meg ut or deim alle.
taa a wɔtaa me ne mʼamanehunu nyinaa. Wonim nsɛm a ɛtotoo me wɔ Antiokia, Ikoniom ne Listra, ne ɔtaa denden a metumi gyinaa ano no. Nanso, Awurade yii me firii ne nyinaa mu.
12 Og alle som vil liva gudleg i Kristus Jesus, skal verta forfylgde.
Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔbɛtaa wɔn,
13 Men vonde menneskje og slike som kverver syni på folk, gjeng fram til det som er verre, med di dei fører vilt og fer vilt.
nanso nnipa bɔne bɛkɔ so asɛe daa na wɔadaadaa afoforɔ ne wɔn ankasa wɔn ho.
14 Men du, vert du standande i det som du hev lært, og som du er yvertydd um, då du veit kven du hev lært det av,
Nanso, wo deɛ, kɔ so tena ase nokorɛ mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wo no, na gye di yie. Wonim wɔn a wosua firii wɔn nkyɛn,
15 og då du alt frå barndomen kjenner dei heilage skrifter som kann gjera deg vis til frelsa ved trui på Kristus Jesus.
na wokae nso sɛ ɛfiri wo mmɔfraase woahunu Atwerɛsɛm no a ɛtumi ma wo hunu nyansa, na ɛma wo nya gyidie wɔ Kristo Yesu mu, na ɛgye wo nkwa.
16 Heile skrifti er innanda av Gud og er dugleg til lærdom, til yvertyding, til rettleiding, til uppseding i rettferd,
Atwerɛsɛm nyinaa firi Onyankopɔn home mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu yɛn,
17 so gudsmannen kann verta fullkomen, dugleg til all god gjerning.
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn onipa bɛyɛ deɛ wɔasiesie no yie ama nnwuma pa nyinaa.

< 2 Timoteus 3 >