< 2 Korintierne 1 >

1 Paulus, Jesu Kristi apostel ved Guds vilje, og broderen Timoteus til Guds kyrkjelyd som er i Korint, med alle dei heilage i heile Akaia:
Krataa yi firi Paulo a Onyankopɔn ayi no sɛ Kristo Yesu ɔsomafoɔ no ne Timoteo a ɔyɛ yɛn nuanom no mu baako nkyɛn, Mede saa krataa yi rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefoɔ a wɔwɔ Akaiaman mu no nyinaa:
2 Nåde vere med dykk og fred frå Gud, vår Fader, og Herren Jesus Kristus!
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
3 Lova vere Gud og vår Herre Jesu Kristi Fader, miskunns Fader og all trøystings Gud,
Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekyerɛ nyinaa firi no no ase.
4 han som trøystar oss i all vår trengsla, so me kann trøysta deim som er i allslags trengsla, med den trøyst som me sjølve vert trøysta med av Gud!
Ɔkyekyere yɛn werɛ wɔ yɛn amaneɛ nyinaa mu na yɛnam awerɛkyekyerɛ a yɛn ankasa anya afiri Onyankopɔn nkyɛn no so atumi akyekyere afoforɔ a wɔwɔ amaneɛ ahodoɔ mu no werɛ.
5 For liksom Kristi lidingar kjem rikleg yver oss, so er og vår trøyst rikleg ved Kristus.
Sɛdeɛ yɛahunu amane wɔ Kristo mu no, saa ara nso na yɛnya Kristo awerɛkyekyerɛ a ɛdɔɔso no.
6 Men um me lid trengsla, so er det til dykkar trøyst og frelsa; vert me trøysta, so er det dykk til ei trøyst som viser seg verksam i tolmod i dei same lidingar som me lid;
Mo awerɛkyekyerɛ ne mo nkwagyeɛ enti yɛhunu amane. Ɛfiri sɛ, sɛ Kristo kyekye yɛn werɛ a, yɛn nso yɛnam so bɛtumi akyekye mo werɛ. Ɛno bɛma mo anya ntoboaseɛ ahunu amane sɛ yɛn nso.
7 og vår von um dykk er fast, av di me veit at liksom de hev lut i lidingarne, so skal de og hava lut i trøysti.
Enti, gyidie a yɛwɔ wɔ mo mu no nhinhim. Yɛnim sɛ, sɛdeɛ mo ne yɛn hunu amane no, saa ara nso na awerɛkyekyerɛ a yɛnya no, monya bi.
8 For me vil ikkje, brør, at de skal vera uvitande um den trengsla som kom yver oss i Asia, at me vart ovleg hardt nedtyngde, meir enn me kunde bera, so at me jamvel mistvila um livet;
Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛtwe mo adwene ba ɔhaw a ɛtoo yɛn wɔ Asia mantam mu no so. Amane a yɛfaa mu no so, na na emu yɛ duru enti yɛn asetena mu anidasoɔ nyinaa yeraeɛ.
9 ja, me hadde med oss sjølve gjort upp at me laut døy, so me ikkje skulde lita på oss sjølve, men på Gud, som vekkjer upp dei daude,
Nokorɛm yɛgye too mu sɛ yɛrebɛwu. Saa asɛm yi siiɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ankasa so, na mmom, yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a ɔma awufoɔ sɔre no so.
10 han som fria og friar oss frå slik daude, som me vonar og vil fria oss heretter,
Wayi yɛn afiri saa owuo amanehunu yi mu na ɔbɛkɔ so agye yɛn. Ɔno na yɛde yɛn ani ato no so sɛ, sɛ mokɔ so bɔ mpaeɛ ma yɛn a,
11 med di de og kjem oss til hjelp med bøn, so det frå mange munnar må koma rikleg takk for oss, for den nåde som er oss gjeven.
ɔbɛgye yɛn bio. Yei kyerɛ sɛ, ɔbɛbua mpaeɛ dodoɔ biara a mobɔ ma yɛn no, na Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na dodoɔ no ara ama wɔn nne so de ada no ase ama yɛn.
12 For vår ros er dette: Vitnemålet i vårt samvit um at me i Guds heilagdom og reinleik, ikkje i kjøtleg visdom, men i Guds nåde hev ferdast i verdi, og serleg hjå dykk.
Yɛhoahoa yɛn ho sɛ yɛn ahonim mmu yɛn fɔ, yɛatena ase nokorɛdie mu, ne titire ne ɛberɛ a yɛwɔ mo nkyɛn no. Ɛnyɛ ewiase nyansa na ɛkyerɛ yɛn kwan. Mmom, yɛn akwankyerɛ firi Onyankopɔn adom no mu.
13 For me skriv ikkje anna til dykk enn det som de les eller skynar, og eg vonar at de og skal skyna det til enden
Nsɛm a mobɛtumi akenkan, ate aseɛ nko na yɛtwerɛ de brɛ mo. Mewɔ anidasoɔ sɛ, mobɛte biribiara a
14 - liksom de og til deils hev skyna oss - at me er dykkar ros, liksom de og er vår på Herren Jesu dag.
monnte aseɛ yie no ase daakye sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, da a Awurade Yesu bɛba no, mode yɛn bɛhoahoa mo ho na yɛn nso yɛde mo ahoahoa yɛn ho.
15 Og i denne tillit rådde eg meg til å koma til dykk fyrst, so de kunde få endå ein nåde,
Na menim sɛ saa asɛm yi bɛba mu. Ɛno enti na mehyehyɛɛ sɛ mɛba abɛsra mo na moanya nhyira mprenu.
16 og fara frå dykk til Makedonia, og so koma frå Makedonia til dykk att og få fylgje av dykk til Judæa.
Meyɛɛ mʼadwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a, mɛba mo nkyɛn, na meresane nso a, mafa mo nkyɛn ansa na makɔ Yudea.
17 Då eg no tok denne rådi, for eg då kann henda fram med lauslynde, eller er det etter kjøtet eg tek dei råder som eg tek, so det hjå meg skulde vera både ja, ja og nei, nei?
Modwene sɛ mantumi ansi mʼadwene pi wɔ deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ anaa? Anaasɛ mete sɛ obi a ɔka sɛ “Aane” anaa “Dabi” sɛdeɛ ɛbɛsɔ afoforɔ ani?
18 So visst som Gud er trufast, so er vårt ord til dykk ikkje ja og nei.
Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. Enti sɛ meka sɛ yɛn mmuaeɛ yɛ “Aane” ɛberɛ biara a, ɛyɛ “Aane”, ɛnnyɛ “Dabi” da a.
19 For Guds Son, Kristus Jesus, som vart forkynt hjå dykk ved oss, ved meg og Silvanus og Timoteus, han var ikkje ja og nei, men ja hev det vorte i honom.
Ɛfiri sɛ, Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nsesa. Ɔnnka “Aane” ne “Dabi” da. Ɛberɛ biara ɔdi nʼasɛm so.
20 For so mange som Guds lovnader er, so hev dei i honom sitt ja og fær og i honom sitt amen, Gud til æra ved oss.
Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Yei enti, yɛnam Yesu Kristo so ka “Amen” de hyɛ Onyankopɔn animuonyam.
21 Men den som held oss faste saman med dykk i Kristus og salva oss, det er Gud,
Afei, Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn
22 han som sette sitt innsigle på oss og gav Anden til pant i våre hjarto.
faa yɛn sɛ ne deɛ, ɛnna ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn akoma mu de sii deɛ ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua.
23 Men eg kallar Gud til vitne for mi sjæl, at det var for di eg vilde spara dykk at eg ikkje endå er komen til Korint;
Mefrɛ Onyankopɔn sɛ mʼadanseɛ. Ɔnim mʼakoma mu. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya kwan agye mo ahome enti na mankɔ Korinto no.
24 ikkje at me er herrar yver dykkar tru, men me er medverkande til dykkar gleda; for de stend i trui.
Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛhyɛ mo ama mo agye biribi adi, na mmom, mo ahotɔ enti na yɛne mo yɛ adwuma. Ɛfiri sɛ, ɛnam mo ankasa gyidie so na mobɛgyina pintinn.

< 2 Korintierne 1 >