< Romerne 2 >

1 Derfor er du uten undskyldning, menneske, hvem du enn er som dømmer. For idet du dømmer din næste, fordømmer du dig selv; for du gjør det samme, du som dog dømmer;
Mo a mubu afoforo atɛn no, munni anoyi biara. Ɔkwan biara a mobɛfa so abu afoforo atɛn no, ɛnam saa ɔkwan no ara so ma mode atemmu ba mo ho so. Efisɛ bɔne a ɛma mubu afoforo atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne koro no ara bi.
2 men vi vet at Guds dom, som sannhet byder, er over dem som gjør slikt.
Yenim sɛ, sɛ Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a na ne kwan so ara ne no.
3 Men mener du det, du menneske, du som dømmer dem som gjør slikt, og selv gjør det, at du skal undfly Guds dom?
Na wo, onipa, wubu afoforo atɛn wɔ nneɛma koro no ara a woyɛ bi no ho a, wususuw sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn ana?
4 Eller forakter du hans godhets og tålmods og langmods rikdom, og vet ikke at Guds godhet driver dig til omvendelse?
Anaasɛ, ebia wummu nʼayamye, nʼabodwokyɛre ne ne boasetɔ? Wunnim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo a ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so anu wo ho?
5 Ved din hårdhet og ditt ubotferdige hjerte ophoper du dig vrede på vredens dag, den dag da Guds rettferdige dom åpenbares,
Nanso esiane wo komaden ne komapirim nti, woboaboa abufuwhyew ano ma wo ho wɔ Onyankopɔn abufuwhyew da no, da no a ɔbɛda nʼatɛntrenee adi no.
6 han som skal betale enhver efter hans gjerninger:
Nea obiara ayɛ no so akatua na Onyankopɔn bɛma no anya.
7 dem som med utholdenhet i god gjerning søker herlighet og ære og uforgjengelighet, skal han gi evig liv, (aiōnios g166)
Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ papa de hwehwɛ anuonyam, nidi ne nea ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn nkwa a enni awiei. (aiōnios g166)
8 men dem som er gjenstridige og ulydige mot sannheten, men lydige mot urettferdigheten, dem skal times vrede og harme.
Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkominya ne wɔn a wɔpo nokware no kodi bɔne akyi no, abufuwhyew ne amanehunu bɛba wɔn so.
9 Trengsel og angst skal komme over hver menneskesjel som gjør det onde, både jøde først og så greker;
Yudafo ne amanamanmufo a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa behu amane na wɔn werɛ nso bɛhow.
10 men herlighet og ære og fred skal times hver den som gjør det gode, både jøde først og så greker.
Nanso wɔn a wotie no no, sɛ wɔyɛ Yudafo anaa amanamanmufo no, wobenya anuonyam, nidi ne asomdwoe afi Onyankopɔn nkyɛn.
11 For Gud gjør ikke forskjell på folk:
Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ nhwɛanim nso wɔ nʼatemmu mu.
12 alle som syndet uten loven, skal også gå fortapt uten loven, og alle som syndet under loven, skal dømmes ved loven;
Wɔn a wonnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara no abu wɔn atɛn ara, na wɔn a wonim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam mmara no so bebu wɔn atɛn.
13 for ikke de som hører loven, er rettferdige for Gud, men de som gjør efter loven, skal bli rettferdiggjort.
Ɛnyɛ mmaratiefo na wɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔyɛ osetie ma mmara no na wobebu wɔn bem.
14 For når hedningene, som ikke har loven, av naturen gjør det loven byder, da er disse, som dog ikke har loven, sig selv en lov;
Amanamanmufo no nni mmara, nanso wofi wɔn awosu mu yɛ nea mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ a, ɛwɔ mu sɛ wonni mmara de, nanso eyinom bɛyɛ mmara ama wɔn.
15 de viser at lovens gjerning er skrevet i deres hjerter, idet også deres samvittighet gir sitt vidnesbyrd, og deres tanker innbyrdes anklager eller også forsvarer dem -
Esiane sɛ wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ, nea mmara no hwehwɛ no, wɔakyerɛw wɔ wɔn koma mu no nti, wɔn ahonim di adanse sɛ wodi bem anaasɛ wɔabu wɔn fɔ.
16 på den dag da Gud skal dømme det skjulte hos menneskene efter mitt evangelium ved Jesus Kristus.
Enti asɛmpa a meka no kyerɛ sɛ, sɛ da no du a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bebu nnipa kokoamsɛm ho atɛn.
17 Men om du kalles jøde og setter din lit til loven og roser dig av Gud
Mo Yudafo de, mususuw sɛ mo ne Onyankopɔn te no yiye, efisɛ ɔde ne mmara a monam so benya nkwagye no maa mo. Na moka wɔ mo anofafa nso se, moyɛ ne nnamfonom sononko bi.
18 og kjenner hans vilje og dømmer om de forskjellige ting, idet du lærer av loven,
Munim nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ moyɛ. Moasua afi Mmara no mu ahu nea eye.
19 og trøster dig til å være en veiviser for blinde, et lys for dem som er i mørke,
Mofa mo ho sɛ moyɛ akwankyerɛfo ma anifuraefo, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte sum mu.
20 en opdrager for dårer, en lærer for umyndige, da du har den rette form for kunnskap og sannhet i loven:
Mugye di sɛ mubetumi akyerɛ adwenharefo ne mmofra Onyankopɔn akwan, efisɛ munim ne mmara a osuahu ne nokware ahyɛ no ma no.
21 du som altså lærer en annen, lærer du ikke dig selv? du som preker at en ikke skal stjele, stjeler du?
Mokyerɛkyerɛ afoforo. Na adɛn nti na muntumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho? Moka kyerɛ afoforo se wɔmmmɔ korɔn. Mo nso mobɔ korɔn ana?
22 du som sier at en ikke skal drive hor, driver du hor? du som har motbydelighet for avgudene, raner du avgudenes templer?
Mo a moka se aguamammɔ nye. Mo nso mobɔ aguaman ana? Mo a moka se mukyi ahoni no, mobɔ korɔn wɔ hyiadan mu ana?
23 Du som roser dig av loven, du vanærer Gud ved å bryte loven!
Mo a mohoahoa mo ho wɔ mmara no mu no, monam mmara no so bu so bu Onyankopɔn animtiaa ana?
24 For for eders skyld spottes Guds navn blandt hedningene, som skrevet er.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ Kyerɛwsɛm no ka se mo nti wiasefo kasa tia Onyankopɔn.
25 For omskjærelsen har vel sin nytte om du holder loven; men er du en lov-bryter, da er din omskjærelse blitt til forhud.
Sɛ woyɛ Yudani na wudi Onyankopɔn mmara no so a, ɛyɛ ade a ɛsom bo. Na sɛ moanni so a, nsonoe biara nni mo ne momonotofo ntam.
26 Om altså den uomskårne holder lovens bud, skal da ikke hans forhud bli regnet som omskjærelse?
Sɛ momonotofo di Onyankopɔn mmara so a, wɔremmu wɔn sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ana?
27 Og den av naturen uomskårne som opfyller loven, skal dømme dig, du som med bokstav og omskjærelse er en lov-bryter.
Enti momonotoni a odi mmara no so no bɛkasa atia mo, Yudafo a munim Onyankopɔn mmara a wɔakyerɛw no, nanso munni so no.
28 For ikke den er jøde som er det i det åpenbare; heller ikke er det omskjærelse som skjer i det åpenbare, på kjøttet;
Fa a wɔde mo afa Yudasom mu atwa mo twetia, anaasɛ Yudafo na wɔwoo mo no nkyerɛ sɛ moyɛ Yudafo kann.
29 men den som er jøde i det skjulte, han er jøde, og omskjærelsen er hjertets omskjærelse i Ånden, ikke i bokstaven; en sådan har sin ros, ikke av mennesker, men av Gud.
Yudani kann no ne nea ɔyɛ no wɔ ne mu. Ɛnyɛ ɔhonam mu twetiatwa ne twetiatwa turodoo, na mmom koma mu nsakrae a efi Onyankopɔn Honhom mu ba no. Nsakrae yi mfi di a obi di mmara bi a wɔakyerɛw mu. Saa onipa no ayeyi mfi nnipa afoforo bi, na mmom, efi Onyankopɔn.

< Romerne 2 >