< Salmenes 12 >

1 Til sangmesteren, efter Sjeminit; en salme av David. Frels, Herre! for de fromme er borte, de trofaste er forsvunnet blandt menneskenes barn.
Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no wɔ “Seminit” sanku nne so. Dawid dwom. Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofo asa; nokwafo ayera wɔ nnipa mu.
2 Løgn taler de, hver med sin næste, med falske leber; med tvesinnet hjerte taler de.
Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.
3 Herren utrydde alle falske leber, den tunge som taler store ord,
Ma Awurade ntwa nnaadaa ano ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene;
4 dem som sier: Ved vår tunge skal vi få overhånd, våre leber er med oss, hvem er herre over oss?
nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim; yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?”
5 For de elendiges ødeleggelses skyld, for de fattiges sukks skyld vil jeg nu reise mig, sier Herren; jeg vil gi dem frelse som stunder efter den.
“Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni ne ohiani apinisi no nti, mɛsɔre afei,” Awurade na ose. “Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.”
6 Herrens ord er rene ord, likesom sølv som er renset i en smeltedigel i jorden, syv ganger renset.
Awurade asɛm yɛ nokware te sɛ dwetɛ a wɔasɔn so wɔ fononoo mu, na wɔahoa ho mpɛn ason.
7 Du, Herre, vil bevare dem, du vil vokte dem for denne slekt evindelig.
Awurade, wobɛkora mmɔborɔni na woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ.
8 Rundt omkring svermer de ugudelige, når skarn er ophøiet blandt menneskenes barn.
Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ, bere a adesamma de nidi ma afide.

< Salmenes 12 >