< 2 Krønikebok 5 >

1 Da nu alt det arbeid var ferdig som Salomo lot gjøre for Herrens hus, lot han bære inn der de ting som hans far David hadde helliget til Herren; både sølvet og gullet og alle karene la han ned i skattkammerne i Guds hus.
Bere a Salomo wiee Awurade Asɔredan no si ho dwumadi no, ɔde akyɛde a nʼagya, Ɔhene Dawid, de maa Awurade, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a aka no bae. Wɔkoraa eyinom nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan no sikakorabea hɔ.
2 Så kalte Salomo Israels eldste og alle stammehøvdingene, overhodene for Israels barns familier, sammen til Jerusalem for å føre Herrens pakts-ark op fra Davids stad, det er Sion.
Afei, Salomo frɛɛ mmusuakuw ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Israel nyinaa sɛ wommehyia wɔ Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ woyi Awurade Apam Adaka no fi baabi a esi wɔ Dawid kurow a na wɔsan frɛ hɔ Sion no, de kɔ beae foforo wɔ Asɔredan no mu hɔ.
3 Og alle Israels menn samlet sig hos kongen på festen i den syvende måned.
Ɔsram Bul (bɛyɛ Ahinime) a wɔredi afirihyia Asese Afahyɛ no, wɔn nyinaa behyiaa wɔ ɔhene anim.
4 Da nu alle Israels eldste var kommet, løftet levittene arken op.
Bere a Israel mpanyimfo beduu hɔ no, Lewifo no pagyaw Adaka no
5 Og de bar arken op og sammenkomstens telt og alle de hellige redskaper som var i teltet; det var de levittiske prester som bar dem op.
ne ntamadan sononko ne ɛho nneɛma kronkron no nyinaa. Lewifo asɔfo no soa kɔɔ Asɔredan no mu.
6 Og kong Salomo og hele Israels menighet, som hadde samlet sig hos ham, stod foran arken, og de ofret småfe og storfe i slik mengde at de ikke kunde telles eller regnes.
Ɔhene Salomo ne Israelfo no nyinaa twaa nguan ne anantwi a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn, de bɔɔ afɔre wɔ adaka no anim.
7 Prestene bar Herrens pakts-ark inn på dens plass i husets kor, i det Aller-helligste, under kjerubenes vinger.
Afei, asɔfo no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no kronkronbea a ɛhɔ yɛ Kronkron mu Kronkron hɔ. Wɔde sii kerubim no ntaban ase.
8 For kjerubene bredte sine vinger ut over det sted hvor arken stod, så at kjerubene ovenfra dekket både over arken og dens stenger.
Na kerubim no ntaban trɛw wɔ Adaka a ne nnua hyehyɛ ho no so, te sɛ kyinii.
9 Stengene var så lange at deres ender, som stod frem fra arken, kunde sees foran koret, men ikke utenfor. Og der har den vært til denne dag.
Na nnua no woware yiye; enti sɛ obi gyina Asɔredan no ano kwan ano a ohu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ besi nnɛ.
10 Det var intet i arken uten de to tavler som Moses hadde lagt ned i den ved Horeb, dengang Herren gjorde pakt med Israels barn da de drog ut av Egypten.
Na biribiara nni adaka no mu sɛ abo apon abien a Mose de guu mu wɔ Horeb, bere a Awurade ne Israelfo a na wɔatu afi Misraim no yɛɛ apam no.
11 Så skjedde det, at da prestene gikk ut av helligdommen - for alle de prester som var der, hadde helliget sig, så det ikke var mulig å iaktta skiftene -
Afei, asɔfo no fii kronkronbea hɔ. Saa bere yi, na asɔfo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, sɛ wɔwɔ dwuma bi di anaa wonni hwee yɛ, adwira wɔn ho.
12 og da alle de levittiske sangere, både Asaf, Heman, Jedutun og deres sønner og deres brødre stod i hvite bomullsklær med cymbler og harper og citarer på østsiden av alteret, og sammen med dem hundre og tyve prester som blåste i trompeter,
Lewifo nnwontofo, Asaf, Heman, Yedutun, wɔn mmabarima ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera batakari gyinagyinaa afɔremuka no apuei fam, na wɔbɔɔ kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten. Asɔfo ɔha aduonu a wɔrehyɛn torobɛnto bɛkaa wɔn ho.
13 og da trompetblåserne og sangerne alle som en og på en gang stemte i for å love og prise Herren, og de lot trompetene og cymblene og de andre musikkinstrumenter klinge og lovet Herren, fordi han er god, og hans miskunnhet varer evindelig - da blev huset - Herrens hus - fylt av en sky.
Ntorobɛntohyɛnfo ne nnwontofo no nyinaa bɔɔ mu too dwom de kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔde ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow bɛkaa wɔn ho, maa wɔn nne so kamfoo Awurade sɛ: “Oye! Na nʼadɔe wɔ hɔ daa!” Saa bere no mu ara, omununkum bɛhyɛɛ Awurade asɔredan no ma.
14 Og for skyens skyld kunde prestene ikke bli stående og gjøre tjeneste; for Herrens herlighet fylte Guds hus.
Asɔfo no antumi antoa wɔn adwuma no so, efisɛ Awurade anuonyam bɛhyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan no ma.

< 2 Krønikebok 5 >