< 1 Samuels 5 >

1 Filistrene tok Guds ark og førte den fra Eben-Eser til Asdod.
Filistifo no faa Onyankopɔn Apam Adaka no akyi, wɔmaa so fii Ebeneser akono hɔ kɔɔ kuropɔn Asdod mu.
2 Der tok filistrene Guds ark og førte den inn i Dagons hus og stilte den op ved siden av Dagon.
Wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Dagon abosonnan mu. Wɔde kosii ohoni Dagon nkyɛn.
3 Tidlig den følgende dag fikk asdodittene se at Dagon var falt ned med ansiktet mot jorden foran Herrens ark; og de tok Dagon og satte ham igjen på hans plass.
Nanso ade kyee a Asdod kurowmma no kɔhwɛe no, na Dagon ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butuw fam. Enti wɔmaa ohoni no so gyinaa hɔ bio.
4 Men tidlig om morgenen den næste dag fikk de se at Dagon var falt ned med ansiktet mot jorden foran Herrens ark, og at Dagons hode og begge hans hender lå avhugget på dørtreskelen; bare kroppen var tilbake av Dagon.
Nanso ade kyee anɔpa no, na asɛm koro no ara asi bio. Na Dagon no ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butuw fam. Saa bere yi de, na ne ti ne ne nsa abubu afi so deda ɔpon ano. Ne sin no na na aka da hɔ a ammubu.
5 Derfor er det at Dagons prester og alle som går inn i Dagons hus, like til denne dag ikke treder på Dagons dørtreskel i Asdod.
Ɛno nti na ebesi nnɛ yi, Dagon asɔfo anaa obiara a obewura abosonnan mu hɔ no ntia aponnua no so no.
6 Og Herrens hånd lå tungt på asdodittene, og han ødela dem og slo dem med bylder, både i Asdod selv og i de omliggende bygder.
Na Awurade maa pɔmpɔ bobɔɔ Asdodfo ne ne mpɔtam hɔfo no.
7 Da Asdods menn så at det gikk således, sa de: Israels Guds ark skal ikke bli hos oss; for hans hånd ligger hårdt på oss og på Dagon vår gud.
Bere a Asdodfo huu asɛm a aba no, wɔkae se, “Yɛrentumi mma Onyankopɔn Apam Adaka no ntena yɛn nkyɛn. Otia yɛn! Ɔbɛsɛe yɛn ne yɛn nyame, Dagon nyinaa.”
8 Og de sendte bud og samlet alle filistrenes høvdinger hos sig og sa: Hvad skal vi gjøre med Israels Guds ark? De svarte: La Israels Guds ark bli flyttet til Gat! Så flyttet de Israels Guds ark dit.
Enti wɔfrɛɛ Filistifo nkuropɔn anum mu asodifo nyinaa bisaa wɔn se, “Dɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn Apam Adaka yi?” Asodifo no susuw asɛm no ho na wobuae se, “Momfa Israel Nyankopɔn Apam Adaka no nkɔ Gat.” Enti wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Gat.
9 Men efterat de hadde flyttet den dit, kom Herrens hånd over byen og voldte stor forferdelse, og han slo byens folk, både små og store, så det brøt bylder ut på dem.
Nanso Bere a Onyankopɔn Apam Adaka no duu Gat no, Awurade maa pɔmpɔ bobɔɔ kurow no mufo, mpanyin ne mmofra, na wosuroo yiye.
10 Da sendte de Guds ark til Ekron. Men da Guds ark kom til Ekron, da skrek ekronittene: De har flyttet Israels Guds ark hit til mig for å drepe mig og mitt folk.
Enti wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Ekron kuropɔn mu, na wɔde rewura hɔ no, Ekronfo no suu se, “Wɔde Israel Nyankopɔn Apam Adaka no reba yɛn nkyɛn de abekunkum yɛn nso.”
11 Og de sendte bud og samlet alle filistrenes høvdinger og sa: Send Israels Guds ark bort, og la den komme tilbake til sin plass, så den ikke skal drepe mig og mitt folk! For det var kommet en dødsens forferdelse over hele byen; Herrens hånd lå meget tungt på den.
Enti nnipa no frɛɛ Filistifo asodifo no nyinaa, srɛɛ wɔn se, “Monsan mfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfi ha nkɔ ne man mu, anyɛ saa a, ebekunkum yɛn nyinaa.” Saa bere no na ɔyaredɔm a efi Onyankopɔn nkyɛn no afi ase dedaw ama huboa abɛtɔ kuropɔn no so.
12 De menn som ikke døde, blev slått med bylder, og skriket fra byen steg op til himmelen.
Wɔn a wɔanwuwu no, wɔmaa pɔmpɔ bobɔɔ wɔn. Na agyaadwotwa baa baabiara.

< 1 Samuels 5 >