< 1 Kongebok 11 >

1 Men kong Salomo elsket mange fremmede kvinner foruten Faraos datter, moabittiske, ammonittiske, edomittiske, sidoniske, hetittiske,
Farao babea no akyi no, ɔhene Salomo dɔɔ ananafo mmea bebree a na wɔyɛ Moabfo, Amonfo, Edomfo, Sidonfo ne Hetifo.
2 kvinner av de hedningefolk om hvilke Herren hadde sagt til Israels barn: I skal ikke gi eder i lag med dem, og de ikke med eder; ellers kommer de visselig til å vende eders hjerte til sine guder. Til dem holdt Salomo sig og elsket dem.
Na Awurade aka no pefee akyerɛ ne nkurɔfo se, wɔne saa aman no nni aware, efisɛ mmea a wɔbɛware wɔn no bɛtwetwe wɔn ama wɔakɔsom wɔn anyame. Nanso Salomo waree wɔn ara.
3 Han hadde syv hundre hustruer av fyrstelig rang og tre hundre medhustruer; disse hans hustruer bøide hans sinn.
Na ɔwɔ yerenom ahanson ne mpenanom ahaasa. Na ampa ara wɔtwee ne kra fii Awurade ho.
4 Og da Salomo blev gammel, vendte hustruene hans hjerte til andre guder, og hans hjerte var ikke helt med Herren hans Gud, således som hans far Davids hjerte hadde vært.
Bere a Salomo bɔɔ akwakoraa no, wɔtwee ne koma kɔɔ anyame afoforo so, na wamfa ne ho anto Awurade, ne Nyankopɔn so, sɛnea nʼagya Dawid yɛe no.
5 Og Salomo fulgte Astarte, sidoniernes guddom, og Milkom, ammonittenes vederstyggelighet.
Salomo dii Sidonfo bosombea Astoret ne Amonfo nyame Molek a na wokyi no no akyi.
6 Og Salomo gjorde hvad ondt var i Herrens øine, og fulgte ikke trolig efter Herren, således som hans far David hadde gjort.
Enti Salomo yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wanni Awurade akyi, sɛnea nʼagya Dawid yɛe no.
7 På den tid bygget Salomo en offerhaug for Kamos, Moabs vederstyggelighet, på det fjell som ligger midt imot Jerusalem, og for Molok, Ammons barns vederstyggelighet.
Salomo sii abosonnan maa Moabfo nyame Kemos, a na ɔyɛ akyiwade, wɔ Ngo Bepɔw a ɛwɔ Yerusalem apuei fam, na osii bi nso maa Amonfo nyame Molek, a na ɔyɛ akyiwade.
8 Og det samme gjorde han for alle sine fremmede hustruer, som brente røkelse og ofret til sine guder.
Salomo sisii abosonnan yi maa nʼananayerenom nyinaa, sɛ wɔnhyew nnuhuam, na wɔmmɔ afɔre mma wɔn anyame wɔ hɔ.
9 Da blev Herren vred på Salomo fordi han hadde vendt sitt hjerte bort fra Herren, Israels Gud, som hadde åpenbaret sig for ham to ganger
Na Awurade bo fuw Salomo, efisɛ ne koma adan afi Awurade, Israel Nyankopɔn, a wada ne ho adi akyerɛ no mprenu no ho.
10 og uttrykkelig forbudt ham å følge andre guder; men han hadde ikke holdt sig efter Herrens bud.
Ɔbɔɔ Salomo kɔkɔ sɛ onni anyame afoforo akyi, nanso Salomo anni Awurade ahyɛde so.
11 Da sa Herren til Salomo: Siden dette er kommet dig i sinne, og du ikke har holdt min pakt og mine lover, som jeg har gitt dig, så vil jeg rive riket fra dig og gi det til din tjener.
Enti Awurade ka kyerɛɛ Salomo se, “Esiane sɛ woanni mʼapam so, na woapo me mmara nti, ampa ara, mɛtew ahemman no afi wo ho, na mede ama wʼasomfo no mu baako.
12 Men for din far Davids skyld vil jeg ikke gjøre det i din tid - fra din sønn vil jeg rive riket.
Nanso esiane wʼagya Dawid nti, merenyɛ saa bere a wote ase. Megye ahemman no afi wo babarima nsam.
13 Dog vil jeg ikke rive hele riket fra ham; en stamme vil jeg gi din sønn for min tjener Davids skyld og for Jerusalems skyld, som jeg har utvalgt.
Ɛno mpo, mɛma wadi abusuakuw baako so, esiane me somfo Dawid ne kuropɔn Yerusalem a mayi asi hɔ no nti.”
14 Og Herren opreiste Salomo en motstander i edomitten Hadad; han var av kongeætten i Edom.
Na Awurade pagyaw Edomni Hadad a na ofi Edom adehyebusua mu, sɛ ɔnyɛ ɔtamfo ntia Salomo.
15 For dengang David var i Edom, og hærføreren Joab drog op for å begrave de falne og slo ihjel alle menn i Edom.
Mfe bi a atwa mu no, Dawid ne Yoab a na ɔyɛ nʼakofo so sahene no kɔɔ Edom kosiee Israelfo bi a wɔtotɔɔ akono no. Bere a wɔwɔ hɔ no, anka Israel asraafo no reyɛ akunkum mmarima a wɔwɔ Edom nyinaa.
16 i seks måneder blev Joab og hele Israel der, til han hadde utryddet alle menn i Edom -
Yoab ne asraafo no tenaa hɔ asram asia kunkum wɔn.
17 da flyktet Hadad med nogen edomittiske menn som hørte til hans fars tjenere, og tok veien til Egypten. Hadad var dengang en liten gutt.
Nanso Hadad ne nʼagya adehye ntuanofo no mu kakra guanee. (Saa bere no na Hadad yɛ abofra ketewa bi.)
18 De brøt op fra Midian og kom til Paran; fra Paran tok de nogen menn med sig og kom så til Egypten til Farao, kongen i Egypten, og han gav ham et hus og tilsa ham livsophold og lot ham få jord.
Woguan fii Midian kɔɔ Paran. Paran hɔ na ebinom kɔkaa wɔn ho. Afei, wɔkɔɔ Misraim, Farao nkyɛn, na ɔmaa wɔn baabi a wɔbɛtena, aduan ne asase.
19 Og Hadad fant stor nåde for Faraos øine, så han gav ham til hustru en søster av sin egen hustru, dronning Tahpenes.
Farao pɛɛ Hadad asɛm yiye, na ɔmaa no ɔyere a na ɔyɛ ɔhemmea Tapanhes nuabea.
20 Og Tahpenes' søster fødte ham sønnen Genubat; Tahpenes avvente ham i Faraos hus, og siden var Genubat i Faraos hus blandt Faraos egne barn.
Ɔne no woo ɔbabarima a wɔtoo no din Genubat, na wɔtetew no fraa Farao mmabarima mu wɔ Farao ahemfi.
21 Da nu Hadad i Egypten fikk høre at David hadde lagt sig til hvile hos sine fedre, og at hærføreren Joab var død, sa han til Farao: La mig fare, så jeg kan dra hjem til mitt land!
Bere a Hadad tee wɔ Misraim sɛ Dawid ne ne sahene Yoab awuwu no, ɔka kyerɛɛ Farao se, “Ma mensan nkɔ mʼankasa me man mu.”
22 Farao sa til ham: Hvad fattes dig her hos mig siden du ønsker å dra hjem til ditt land? Han svarte: Ingen ting; men du må endelig la mig få fare.
Farao bisaa no se, “Adɛn? Dɛn na ɛho hia wo wɔ ha? Dɛn ho na yɛadi wo huammɔ a nti wopɛ sɛ wokɔ wo kurom?” Obuae se, “Biribiara nkɔɔ bɔne, nanso kɔ ara na mepɛ sɛ mekɔ fie.”
23 Gud opreiste Salomo en annen motstander, Reson, Eliadas sønn, som var flyktet fra sin herre Hadadeser, kongen i Soba.
Onyankopɔn pagyaw Eliada babarima Reson nso ma ɔbɛyɛɛ ɔtamfo tiaa Salomo. Reson guan fii ne wura ɔhene Hadadeser a ofi Soba nkyɛn
24 Han samlet folk om sig og blev fører for en røverflokk, dengang David slo dem ihjel; og de drog til Damaskus og slo sig ned der og gjorde sig til herrer i Damaskus.
bɛyɛɛ atuatewfo panyin. Dawid dii Hadadeser so nkonim no, Reson ne ne mmarima guan kɔɔ Damasko, kodii hene wɔ hɔ.
25 Han var en motstander av Israel så lenge Salomo levde, og både han og Hadad voldte Israel skade. Han hatet Israel og var konge over Syria.
Reson bɛyɛɛ Israel tamfo kɛse wɔ Salomo ahenni nkae no nyinaa mu; na ɔyɛɛ ɔteeteefo sɛnea Hadad yɛe no. Reson kɔɔ so tan Israel denneennen, na ɔtoaa so dii hene wɔ Aram.
26 Så var det en av Salomos tjenere, Jeroboam, Nebats sønn, en efra'imitt fra Sereda: hans mor hette Serua og var enke. Han reiste sig også mot kongen.
Otuatewfo panyin foforo bi nso ne Nebat babarima Yeroboam. Na ɔyɛ Salomo ankasa mpanyimfo no mu baako. Na ofi kurow Sereda a ɛwɔ Efraim mu. Na wɔfrɛ ne na se Senua; na ɔyɛ okunafo.
27 Og således gikk det til at han reiste sig mot kongen: Salomo bygget på Millo - han vilde lukke det åpne sted i sin far Davids stad.
Nʼatuatew no nkyerɛase ni: Na Salomo rekyekyere Milo, na ogu so resiesie nʼagya Dawid kurow no afasu no,
28 Nu var Jeroboam en dyktig kar, og da Salomo så at den unge mann var en duelig arbeider, satte han ham til å ha tilsyn med alt det arbeid Josefs hus hadde å utføre.
na Yeroboam yɛ nsiyɛfo. Salomo huu no sɛ ɔyɛ mɔdemmɔfo no, ɔde no tuaa adwumayɛfo a wofi Efraim ne Manase mmusuakuw mu no ano.
29 På den tid hendte det engang da Jeroboam var gått ut fra Jerusalem, at profeten Akia fra Silo traff ham på veien; han hadde en ny kappe på, og de to var alene på marken.
Da bi a Yeroboam refi Yerusalem no, ohyiaa odiyifo Ahiya, Siloni, wɔ kwan so a ɔhyɛ atade foforo. Na wɔn baanu nko na wɔwɔ wuram hɔ.
30 Da tok Akia den nye kappe han hadde på, og rev den i tolv stykker.
Ɛhɔ na Ahiya worɔw nʼatade foforo a na ɛhyɛ no no, tetew mu asinasin dumien.
31 Og han sa til Jeroboam: Ta dig ti stykker! For så sier Herren, Israels Gud: Jeg river riket ut av Salomos hånd og gir dig de ti stammer;
Na ɔka kyerɛɛ Yeroboam se, “Fa asinasin yi mu du, na sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, reka: ‘Merebegye ahemman no afi Salomo nsam, na mede mmusuakuw no mu du bɛma wo.
32 men den ene stamme skal han få ha for min tjener Davids skyld og for Jerusalems skyld, den stad som jeg har utvalgt blandt alle Israels stammer.
Na esiane me somfo Dawid ne Yerusalem a mayi afi Israel mmusuakuw no nyinaa mu no nti, megyaw no abusua baako.
33 Så vil jeg gjøre fordi de har forlatt mig og tilbedt Astarte, sidoniernes guddom, og Kamos, Moabs gud, og Milkom, Ammons barns gud, og ikke vandret på mine veier og ikke gjort hvad rett er i mine øine, og ikke holdt mine lover og bud, således som hans far David gjorde.
Efisɛ Salomo agyaw me hɔ, akɔsom Astoret a ɔyɛ Sidonfo bosombea ne Kemos a ɔyɛ Moabfo nyame ne Amonfo nyame Molek. Wamfa mʼakwan so anyɛ nea ɛsɔ mʼani. Wanni me mmara ne mʼahyɛde so te sɛ nʼagya Dawid.
34 Dog vil jeg ikke ta noget av riket fra ham selv, men la ham være fyrste så lenge han lever, for min tjener Davids skyld, som jeg utvalgte, og som holdt sig efter mine bud og lover.
“‘Nanso merennye ahemman no nyinaa mfi Salomo nsam saa bere yi. Esiane me somfo Dawid, nea miyii no no, na otiee mʼahyɛde, dii me mmara so no nti, mɛma Salomo adi ade mfe a aka no wɔ ne nkwa mu.
35 Men jeg vil ta riket fra hans sønn og gi dig det - de ti stammer;
Na megye ahemman no afi ne babarima nsam, na mede mmusuakuw no mu du ama wo.
36 men hans sønn vil jeg gi en stamme, forat min tjener David alltid må ha en lampe brennende for mitt åsyn i Jerusalem, den stad jeg har utvalgt mig for å la mitt navn bo der.
Ne babarima benya abusuakuw baako, sɛnea ɛbɛyɛ a me somfo Dawid asefo bɛkɔ so adi hene wɔ Yerusalem, kurow a mayi sɛ me din nna so no.
37 Men dig vil jeg ta og la dig råde over alt hvad du attrår, og være konge over Israel.
Na mede wo besi Israel ahengua no so, na wubedi ade no sɛnea wʼankasa wo koma pɛ.
38 Og hvis du hører på alt det jeg byder dig, og vandrer på mine veier og gjør hvad rett er i mine øine, så du holder mine lover og bud, således som min tjener David gjorde, så vil jeg være med dig og bygge dig et hus som står fast, likesom jeg gjorde for David, og jeg vil gi dig Israel.
Sɛ wutie asɛm a meka kyerɛ wo, na wonantew mʼakwan mu, na woyɛ nea midwen sɛ eye, na wutie me mmara, di mʼahyɛde so, sɛnea me somfo Dawid yɛe no a, ɛno de, daa mɛka wo ho. Metim wo fi adedi ase, sɛnea meyɛ maa Dawid no, na mede Israel bɛma wo.
39 Og Davids ætt vil jeg ydmyke på grunn av det som er gjort, dog ikke for alle tider.
Nanso esiane Salomo bɔne a wayɛ nti, mɛtwe Dawid asefo aso, nanso ɛrenyɛ afebɔɔ.’”
40 Salomo søkte nu å drepe Jeroboam; men Jeroboam tok avsted og flyktet til Egypten, til Sisak, kongen i Egypten, og han blev i Egypten til Salomos død.
Salomo pɛɛ sɛ okum Yeroboam, nanso oguan kɔɔ Misraim, Misraimhene Sisak nkyɛn, kosii sɛ Salomo wui.
41 Hvad som ellers er å fortelle om Salomo, om alt det han gjorde, og om hans visdom, det er opskrevet i Salomos krønike.
Na Salomo ahenni ho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne ne nyansa no de, wɔankyerɛw wɔ Salomo Ho Nsɛm Nhoma no mu ana?
42 Den tid Salomo var konge i Jerusalem over hele Israel, var firti år.
Salomo dii hene wɔ Yerusalem ne Israel nyinaa so mfirihyia aduanan.
43 Så la Salomo sig til hvile hos sine fedre og blev begravet i sin far Davids stad, og hans sønn Rehabeam blev konge i hans sted.
Bere a Salomo wui no, wosiee no wɔ nʼagya Dawid kurom. Na ne babarima Rehoboam na odii nʼade sɛ ɔhene foforo.

< 1 Kongebok 11 >