< ULukha 3 >

1 Kwathi ngomnyaka wetshumi lanhlanu wokubusa kukaTiberiyosi uKesari, uPontiyusi Pilatu engumbusi weJudiya, loHerodi engumtetrarki weGalili, loFiliphu umfowabo engumtetrarki weIturiya lelizweni iTrakoniti, loLisaniya engumtetrarki weAbilene,
Kaesare Tiberio dii adeɛ ne mfeɛ dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ ɛserɛ so.
2 uAnasi loKayafasi bengabapristi abakhulu, ilizwi likaNkulunkulu lafika kuJohane indodana kaZakariya enkangala.
Saa ɛberɛ no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinihene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansini so; na Lisania di Abilene mansinihene, ɛnna Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin.
3 Wasesiza esigabeni sonke seJordani esizingelezeleyo, etshumayela ubhabhathizo lokuphenduka kube yikuthethelelwa kwezono;
Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa sɛ, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfiri wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.
4 njengokulotshiweyo egwalweni lwamazwi kaIsaya umprofethi, ukuthi: Ilizwi lomemezayo enkangala lithi: Lungisani indlela yeNkosi; qondisani indledlana zayo.
Sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ, “Nne bi reteam wɔ ɛserɛ so sɛ, ‘Monsiesie ɛkwan mma Awurade; momma nʼatempɔn ntene.
5 Sonke isigodi sizagqitshwa, layo yonke intaba loqaqa kuzakwehliswa; njalo kuzaqondiswa amazombazombe, lamaxhakaxhaka ezindlela azalungiswa;
Bɔnhwa biara bɛyɛ ma. Bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam; asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa, na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata.
6 layo yonke inyama izabona usindiso lukaNkulunkulu.
Na nnipa nyinaa bɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ.’”
7 Ngakho wathi emaxukwini aphumela ukubhabhathizwa nguye: Nzalo yezinyoka, ngubani olixwayise ukubalekela ulaka oluzayo?
Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ a wɔbaa hɔ sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuhyeɛ a ɛreba no ho?
8 Ngakho thelani izithelo ezifanele ukuphenduka; njalo lingaqali ukuthi phakathi kwenu: SiloAbrahama ongubaba wethu; ngoba ngithi kini: UNkulunkulu ulamandla okumvusela uAbrahama abantwana kulamatshe.
Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakyera ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ.
9 Lakhathesi lehloka selibekiwe empandeni zezihlahla; ngakho sonke isihlahla esingatheli isithelo esihle siyaganyulwa siphoselwe emlilweni.
Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa nhini ho sɛ ɔde bɛtwa na ɔde agu ogya mu, ahye no.”
10 Amaxuku asembuza, athi: Pho thina sizakwenzani?
Nnipakuo no bisaa no sɛ, “Na ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛnyɛ?”
11 Wasephendula wathi kubo: Olezembatho ezimbili, kamuphe ongelaso; lolokudla kenze njalo.
Yohane buaa wɔn sɛ, “Sɛ wowɔ ntoma mmienu a, ma deɛ ɔnni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduane a, ma deɛ ɔnni bi no bi.”
12 Kwasekufika labathelisi ukuze babhabhathizwe, basebesithi kuye: Mfundisi, sizakwenzani?
Togyefoɔ a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnyɛ ɛdeɛn?”
13 Wasesithi kubo: Lingabizi okwedlula elikumiselweyo.
Ɔbuaa wɔn sɛ, “Monnnye mmoro deɛ wɔatwa ato hɔ sɛ monnye no.”
14 Lamabutho lawo ambuza, athi: Thina-ke sizakwenzani? Wasesithi kuwo: Lingenzi udlakela emuntwini, njalo lingacali ngamanga; njalo yeneliswani yimivuzo yenu.
Asraafoɔ bi nso bisaa sɛ, “Yɛn nso yɛnyɛ ɛdeɛn?” Yohane buaa wɔn sɛ, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!”
15 Kwathi abantu belindile, futhi bonke bezibuza enhliziyweni zabo ngoJohane, ukuthi kambe yena angaba enguKristu,
Esiane sɛ saa ɛberɛ no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan enti, na wɔsusu sɛ Yohane ne Agyenkwa no.
16 uJohane waphendula, esithi kubo bonke: Mina-ke ngilibhabhathiza ngamanzi; kodwa uyeza olamandla kulami, engingafanele ukuthukulula umchilo wamanyathela akhe; yena uzalibhabhathiza ngoMoya oNgcwele langomlilo;
Yei maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me deɛ mede nsuo na ɛrebɔ mo asu. Nanso, obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sene me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.
17 okhomane lwakhe lokwela lusesandleni sakhe, njalo uzahlambululisisa isibuya sakhe, abesebuthela amabele esiphaleni sakhe, kodwa amakhoba uzawatshisa ngomlilo ongacitshekiyo.
Ɔno na sɛ ɔba a, ɔbɛhuhu mo so sɛ ɛmo, ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu na ɔde aba pa no akɔsie na ɔde ogya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no.”
18 Langokulaya ngezinye izinto ezinengi, watshumayela ivangeli ebantwini.
Ɔnam afotuo ahodoɔ so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.
19 Kodwa uHerodi umtetrarki, owayesolwe nguye ngoHerodiyasi umkaFiliphu umfowabo, langakho konke okubi ayekwenzile uHerodi,
Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahodoɔ a na ɔyɛ no ho.
20 wengezelela lalokhu phezu kwakho konke, ukuthi wamvalela uJohane entolongweni.
Yei maa Herode de Yohane too afiase.
21 Kwasekusithi sebebhabhathiziwe bonke abantu, laye uJesu esebhabhathiziwe, ekhuleka, izulu lavulwa,
Ɛberɛ a Yohane bɔɔ nkurɔfoɔ pii asu wieeɛ no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wieeɛ a ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueɛ.
22 uMoya oyiNgcwele wasesehlela phezu kwakhe elesimo somzimba onjengowejuba, lelizwi lavela ezulwini, lisithi: Wena uyiNdodana yami ethandekayo, ngithokoza ngawe.
Honhom Kronkron sianee honam mu te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.”
23 Yena uJesu waseqala ukuba leminyaka engaba ngamatshumi amathathu, yena (njengokwakunakanwa) eyindodana kaJosefa, kaEli,
Yesu hyɛɛ nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfeɛ aduasa. Nkurɔfoɔ susuu sɛ, Yesu yɛ Yosef ba. Yosef agya ne Eli.
24 kaMathati, kaLevi, kaMeliki, kaJanayi, kaJosefa,
Eli agya ne Mattat; Mattat agya ne Lewi; Lewi agya ne Melki; Melki agya ne Yanai; Yanai agya ne Yosef;
25 kaMatathiya, kaAmosi, kaNahume, kaEseli, kaNagayi,
Yosef agya ne Matatia; Matatia agya ne Amos; Amos agya ne Nahum; Nahum agya ne Hesli; Hesli agya ne Nagai;
26 kaMahati, kaMatathiya, kaSemeyi, kaJosefa, kaJuda,
Nagai agya ne Mahat; Mahat agya ne Matatia; Matatia agya ne Semein; Semein agya ne Yosek; Yosek agya ne Yoda;
27 kaJohana, kaResa, kaZerubhabheli, kaSalatiyeli, kaNeri,
Yoda agya ne Yohanan; Yohanan agya ne Resa; Resa agya ne Serubabel; Serubabel agya ne Sealtiel; Sealtiel agya ne Neri;
28 kaMeliki, kaAdi, kaKosamu, kaElimodamu, kaEri,
Neri agya ne Melki; Melki agya ne Adi; Adi agya ne Kosam; Kosam agya ne Elmadam; Elmadam agya ne Er;
29 kaJose, kaEliyezeri, kaJorima, kaMathati, kaLevi,
Er agya ne Yosua; Yosua agya ne Elieser; Elieser agya ne Yorim; Yorim agya ne Matat; Matat agya ne Lewi;
30 kaSimeyoni, kaJuda, kaJosefa, kaJonanu, kaEliyakhimi,
Lewi agya ne Simeon; Simeon agya ne Yuda; Yuda agya ne Yosef; Yosef agya ne Yonam; Yonam agya ne Eliakim;
31 kaMeleya, kaMena, kaMathata, kaNathani, kaDavida,
Eliakim agya ne Melea; Melea agya ne Mena; Mena agya ne Matata; Matata agya ne Natan; Natan agya ne Dawid;
32 kaJese, kaObedi, kaBowosi, kaSalimoni, kaNashoni,
Dawid agya ne Yisai; Yisai agya ne Obed; Obed agya ne Boas; Boas agya ne Sala; Sala agya ne Nahson;
33 kaAminadaba, kaAramu, kaEsiromu, kaFaresi, kaJuda,
Nahson agya ne Aminadab; Aminadab agya ne Admin; Admin agya ne Arni; Arni agya ne Hesron; Hesron agya ne Peres; Peres agya ne Yuda;
34 kaJakobe, kaIsaka, kaAbrahama, kaThara, kaNahori,
Yuda agya ne Yakob; Yakob agya ne Isak; Isak agya ne Abraham; Abraham agya ne Tera; Tera agya ne Nahor;
35 kaSarugi, kaRagawu, kaFaleki, kaEberi, kaSala,
Nahor agya ne Serug; Serug agya ne Reu; Reu agya ne Peleg; Peleg agya ne Eber; Eber agya ne Sala;
36 kaKayinani, kaArpakishadi, kaShemu, kaNowe, kaLameki,
Sala agya ne Kainan; Kainan agya ne Arfaksad; Arfaksad agya ne Sem; Sem agya ne Noa; Noa agya ne Lamek;
37 kaMethusala, kaEnoki, kaJaredi, kaMaleleyeli, kaKayinani,
Lamek agya ne Metusela; Metusela agya ne Henok; Henok agya ne Yared; Yared agya ne Mahalalel; Mahalalel agya ne Kenan;
38 kaEnosi, kaSeti, kaAdamu, kaNkulunkulu.
Kenan agya ne Enos; Enos agya ne Set; Set agya ne Adam; Adam agya ne Onyankopɔn.

< ULukha 3 >