< Psalmorum 8 >

1 in finem pro torcularibus psalmus David Domine Dominus noster quam admirabile est nomen tuum in universa terra quoniam elevata est magnificentia tua super caelos
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “gittit” sankuo nne so. Dawid dwom. Ao Awurade, yɛn Awurade, wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa. Wode wʼanimuonyam atimtim ɔsoro nohoa,
2 ex ore infantium et lactantium perfecisti laudem propter inimicos tuos ut destruas inimicum et ultorem
mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano kamfo wo, wʼatamfoɔ nti; na wode bɔ atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano.
3 quoniam videbo caelos tuos; opera digitorum tuorum lunam et stellas quae tu fundasti
Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma; ɔsrane ne nsoromma a wode obiara asi nʼafa a,
4 quid est homo quod memor es eius aut filius hominis quoniam visitas eum
onipa ne hwan a wokae no, na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?
5 minuisti eum paulo minus ab angelis gloria et honore coronasti eum
Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire.
6 et constituisti eum super opera manuum tuarum
Woyɛɛ no sodifoɔ maa wo nsa ano adwuma wode nneɛma nyinaa ahyɛ ne nan ase:
7 omnia subiecisti sub pedibus eius oves et boves universas insuper et pecora campi
nnwankuo ne nantwikuo nyinaa ne wiram mmoa nso,
8 volucres caeli et pisces maris qui perambulant semitas maris
ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa, deɛ ɛnenam ɛpo mu akwan so nyinaa.
9 Domine Dominus noster quam admirabile est nomen tuum in universa terra
Ao, Awurade, yɛn Awurade, wo din yɛ kɛseɛ wɔ asase nyinaa so!

< Psalmorum 8 >