< Psalmorum 64 >

1 in finem psalmus David exaudi Deus orationem meam cum deprecor a timore inimici eripe animam meam
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ao Onyankopɔn, tie me ɛberɛ a mereka me haw; bɔ me ɔkra ho ban firi ɔtamfoɔ ahunahuna ho.
2 protexisti me a conventu malignantium a multitudine operantium iniquitatem
Fa me sie firi amumuyɛfoɔ agyinatuo ho, ne nnebɔneyɛfoɔ dodoɔ no gyegyeegyeyɛ ho.
3 quia exacuerunt ut gladium linguas suas intenderunt arcum rem amaram
Wɔse wɔn tɛkrɛma sɛ akofena na wɔse wɔn ano sɛ mmɛmma kɔdiawuo.
4 ut sagittent in occultis inmaculatum
Wɔfiri atɛeɛ mu, to bɔ onipa a ne ho nni asɛm; wɔto bɔ no mpofirim a wɔnsuro.
5 subito sagittabunt eum et non timebunt firmaverunt sibi sermonem nequam narraverunt ut absconderent laqueos dixerunt quis videbit eos
Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumuyɛ nneyɛeɛ ho, wɔka sɛdeɛ wɔbɛsum afidie; wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛhunu yɛn?”
6 scrutati sunt iniquitates defecerunt scrutantes scrutinio accedet homo et cor altum
Wɔbɔ atɛnkyea ho pɔ na wɔka sɛ, “Yɛayɛ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ pɛ!” Ampa ara onipa akoma ne nʼadwene yɛ anifire.
7 et exaltabitur Deus sagittae parvulorum factae sunt plagae eorum
Nanso, Onyankopɔn bɛto bɛmma awɔ wɔn; na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ.
8 et infirmatae sunt contra eos linguae eorum conturbati sunt omnes qui videbant eos
Ɔbɛdane wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn na ɔde wɔn aba ɔsɛeɛ mu; na wɔn a wɔbɛhunu wɔn nyinaa bɛbɔ wɔn tiri nko wɔ animtiabuo so.
9 et timuit omnis homo et adnuntiaverunt opera Dei et facta eius intellexerunt
Adasamma nyinaa bɛsuro; wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma na wɔasusu deɛ wayɛ ho.
10 laetabitur iustus in Domino et sperabit in eo et laudabuntur omnes recti corde
Ma teneneefoɔ nni ahurisie wɔ Awurade mu na wɔmpɛ hintabea wɔ ne mu; ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa nyi no ayɛ!

< Psalmorum 64 >