< Psalmorum 57 >

1 in finem ne disperdas David in tituli inscriptione cum fugeret a facie Saul in spelunca miserere mei Deus miserere mei quoniam in te confidit anima mea et in umbra alarum tuarum sperabo donec transeat iniquitas
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No.” Dawid dwom a ɔtooɛ ɛberɛ a ɔdwane firii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu. Hu me mmɔbɔ, Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ, na wo mu na me kra nya dwanekɔbea. Wo ntaban nwunu ase na mɛpɛ dwanekɔbea kɔsi sɛ amanehunu no bɛtwam.
2 clamabo ad Deum altissimum Deum qui benefecit mihi
Mesu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho.
3 misit de caelo et liberavit me dedit in obprobrium conculcantes me diapsalma misit Deus misericordiam suam et veritatem suam
Ɔsoma firi soro hɔ bɛgye me nkwa, ɔka wɔn a wɔtaa me anibereɛ so no anim; Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokorɛ.
4 et eripuit animam meam de medio catulorum leonum dormivi conturbatus filii hominum dentes eorum arma et sagittae et lingua eorum gladius acutus
Agyata atwa me ho ahyia; meda mmoa a wɔwe ɛnam mono mu, nnipa a wɔn se te sɛ mpea ne mmɛmma na wɔn tɛkrɛma te sɛ akofena a ɛyɛ nnam.
5 exaltare super caelos Deus et in omnem terram gloria tua
Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ; ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.
6 laqueum paraverunt pedibus meis et incurvaverunt animam meam foderunt ante faciem meam foveam et inciderunt in eam diapsalma
Wɔtrɛɛ asau mu de sum me nan afidie, ahohiahia brɛɛ me ase. Wɔtuu amena wɔ me kwan mu, nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.
7 paratum cor meum Deus paratum cor meum cantabo et psalmum dicam
Ao Onyankopɔn, mʼakoma agyina pintinn, mʼakoma nhinhim; mɛto dwom na mayi wo ayɛ.
8 exsurge gloria mea exsurge psalterium et cithara exsurgam diluculo
Me kra nyane! Sankuo ne bɛnta, monnyane! Me nso mɛnyane anɔpahema.
9 confitebor tibi in populis Domine psalmum dicam tibi in gentibus
Ao Awurade, mɛyi wo ayɛ wɔ amanaman no mu; mɛto wo ho dwom wɔ nnipa mu.
10 quoniam magnificata est usque ad caelos misericordia tua et usque ad nubes veritas tua
Wo dɔ yɛ kɛseɛ na ɛduru ɔsorosoro; wo nokorɛ kɔka ewiem.
11 exaltare super caelos Deus et super omnem terram gloria tua
Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ; ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.

< Psalmorum 57 >