< Psalmorum 52 >

1 in finem intellectus David cum venit Doec Idumeus et adnuntiavit Saul et dixit venit David in domo Achimelech quid gloriatur in malitia qui potens est iniquitate
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid “maskil” dwom. Ɔtoeɛ ɛberɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid akɔ Ahimelek fie” no. Ɔkɛseɛ, adɛn enti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho? Adɛn enti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa, wo a woyɛ animguasedeɛ wɔ Onyankopɔn ani so?
2 tota die iniustitiam cogitavit lingua tua sicut novacula acuta fecisti dolum
Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛeɛ ho pɔ; ɛte sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahwe. Wo a wotwa nkontompo nko ara.
3 dilexisti malitiam super benignitatem iniquitatem magis quam loqui aequitatem diapsalma
Wʼani gye bɔne ho sene papa, wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka nokorɛ.
4 dilexisti omnia verba praecipitationis linguam dolosam
Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba, Ao wo tɛkrɛma daadaafoɔ!
5 propterea Deus destruet te in finem evellet te et emigrabit te de tabernaculo et radicem tuam de terra viventium diapsalma
Ampa ara, Onyankopɔn de ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ bɛbrɛ wo; ɔbɛtwe wo afiri wo ntomadan mu na watete wo mu; Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefoɔ asase so.
6 videbunt iusti et timebunt et super eum ridebunt et dicent
Ateneneefoɔ bɛhunu yei na wɔasuro; wɔbɛsere no na wɔaka sɛ,
7 ecce homo qui non posuit Deum adiutorem suum sed speravit in multitudine divitiarum suarum et praevaluit in vanitate sua
“Hwɛ, onipa no nie deɛ wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandenden na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodoɔ so na ɔnyaa ahoɔden de sɛee afoforɔ no!”
8 ego autem sicut oliva fructifera in domo Dei speravi in misericordia Dei in aeternum et in saeculum saeculi
Nanso, mete sɛ ngo dua a ɛrenyini wɔ Onyankopɔn fie: mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so daa nyinaa.
9 confitebor tibi in saeculum quia fecisti et expectabo nomen tuum quoniam bonum in conspectu sanctorum tuorum
Mɛyi wo ayɛ daa wɔ deɛ woayɛ nti; wo din so na mʼani bɛda, ɛfiri sɛ ɛyɛ. Mɛyi wo ayɛ wɔ wʼahotefoɔ anim.

< Psalmorum 52 >