< Liber Numeri 30 >

1 et locutus est ad principes tribuum filiorum Israhel iste est sermo quem praecepit Dominus
Afei, Mose hyiaa Israel mmusua no mu mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade ahyɛ sɛ,
2 si quis virorum votum Domino voverit aut se constrinxerit iuramento non faciet irritum verbum suum sed omne quod promisit implebit
sɛ obi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ no, ɛnsɛ sɛ ɔbu so. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ deɛ ɔka sɛ ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ.
3 mulier si quippiam voverit et se constrinxerit iuramento quae est in domo patris sui et in aetate adhuc puellari si cognoverit pater votum quod pollicita est et iuramentum quo obligavit animam suam et tacuerit voti rea erit
“Sɛ ababaawa bi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ ɛberɛ a ɔda so te nʼagya fie,
4 quicquid pollicita est et iuravit opere conplebit
na nʼagya no te sɛ ne ba no ahyɛ bɔ, na wanka hwee a, ne bɔhyɛ no di mu.
5 sin autem statim ut audierit contradixerit pater et vota et iuramenta eius irrita erunt nec obnoxia tenebitur sponsioni eo quod contradixerit pater
Nanso sɛ ɛba sɛ nʼagya no si no bɔhyɛ no ho ɛkwan ɛda a ɔbɛte no a, ɔde sɛe bɔhyɛ no. Awurade de bɛkyɛ ababaawa no, ɛfiri sɛ, nʼagya ampene sɛ ɔbɛdi so.
6 si maritum habuerit et voverit aliquid et semel verbum de ore eius egrediens animam illius obligaverit iuramento
“Sɛ ɔhyɛ bɔ a ɛnyɛ na akyire no ɔkɔware
7 quo die audierit vir et non contradixerit voti rea erit reddet quodcumque promiserat
na ne kunu no te saa bɔhyɛ no ho asɛm nanso wanka ho hwee ɛda no ara a, ne bɔhyɛ no di dwuma.
8 sin autem audiens statim contradixerit et irritas fecerit pollicitationes eius verbaque quibus obstrinxerat animam suam propitius ei erit Dominus
Na sɛ ne kunu no po bɔhyɛ bɔne no a, po a ɔpoeɛ no di mu enti, Awurade de bɛkyɛ no.
9 vidua et repudiata quicquid voverint reddent
“Sɛ ɔbaa yɛ okunafoɔ anaa wɔagyaa no aware a, ɛkwan biara so, ɛsɛ sɛ ɔdi ne bɔhyɛ nyinaa so.
10 uxor in domo viri cum se voto constrinxerit et iuramento
“Sɛ waware na ɔte ne kunu fie a ɛhɔ na ɔhyɛɛ ɛbɔ no,
11 si audierit vir et tacuerit nec contradixerit sponsioni reddet quodcumque promiserat
na ne kunu no teeɛ na wanka ho hwee a, ne bɔhyɛ no di mu.
12 sin autem extemplo contradixerit non tenebitur promissionis rea quia maritus contradixit et Dominus ei propitius erit
Na sɛ ɛda no ara a ɔteeɛ no, sɛ wampene so a, ne bɔhyɛ no nni mu na Awurade de bɛkyɛ no.
13 si voverit et iuramento se constrinxerit ut per ieiunium vel ceterarum rerum abstinentiam adfligat animam suam in arbitrio viri erit ut faciat sive non faciat
Enti, ne kunu na ɔbɛsi so dua anaasɛ ɔbɛkasa atia bɔhyɛ no.
14 quod si audiens vir tacuerit et in alteram diem distulerit sententiam quicquid voverat atque promiserat reddet quia statim ut audivit tacuit
Sɛ ɛda mu no nyinaa wanka ho hwee deɛ a, na ɛkyerɛ sɛ, ɔpene so.
15 sin autem contradixerit postquam rescivit portabit ipse iniquitatem eius
Sɛ ɔtwɛn ma ɛda koro fa so na sɛ ɔbɛka sɛ bɔhyɛ no nni mu a, ɛho asotwe biara a ɔbaa no penee so no bɛba ɔbarima no so.”
16 istae sunt leges quas constituit Dominus Mosi inter virum et uxorem inter patrem et filiam quae in puellari adhuc aetate est vel quae manet in parentis domo
Yei ne mmara a Awurade nam Mose so de maa ɔbarima ne ne yere ne agya ne ne babaa a wɔn nyinaa te efie baako mu no.

< Liber Numeri 30 >