< Iosue 23 >

1 evoluto autem multo tempore postquam pacem Dominus dederat Israheli subiectis in gyro nationibus universis et Iosue iam longevo et persenilis aetatis
Mfeɛ bebree twaam a Awurade maa Israelfoɔ no ahotɔ a wɔn atamfoɔ no mu biara anha wɔn bio. Yosua a afei na wanyini yie no
2 vocavit Iosue omnem Israhelem maioresque natu et principes ac duces et magistros dixitque ad eos ego senui et progressioris aetatis sum
frɛɛ mpanimfoɔ, ntuanofoɔ, atemmufoɔ ne adwumayɛfoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Seesei, mabɔ akɔkoraa.
3 vosque cernitis omnia quae fecerit Dominus Deus vester cunctis per circuitum nationibus quomodo pro vobis ipse pugnaverit
Moahunu biribiara a Awurade, mo Onyankopɔn ayɛ ama mo me nkwa nna yi mu. Awurade, mo Onyankopɔn ako atia mo atamfoɔ.
4 et nunc quia vobis sorte divisit omnem terram ab orientali parte Iordanis usque ad mare Magnum multaeque adhuc supersunt nationes
Mede amanaman no nsase a yɛnnya nnii soɔ ne deɛ yɛadi soɔ ama mo sɛ mo agyapadeɛ, ɛfiri Asubɔnten Yordan kɔsi Ɛpo Kɛseɛ a ɛwɔ atɔeɛ fam no.
5 Dominus Deus vester disperdet eas et auferet a facie vestra et possidebitis terram sicut vobis pollicitus est
Saa asase yi bɛyɛ mo dea, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn bɛpamo nnipa a wɔtete so seesei no nyinaa. Mobɛsi wɔn anan mu atena hɔ, sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn hyɛɛ mo bɔ no.
6 tantum confortamini et estote solliciti ut custodiatis cuncta quae scripta sunt in volumine legis Mosi et non declinetis ab eis nec ad dextram nec ad sinistram
“Enti, monyɛ den! Monhwɛ na monni nkyerɛkyerɛ a wɔatwerɛ wɔ Mose Mmara Nwoma no mu no so pɛpɛɛpɛ. Monntwe mo ho mfiri ho kwan biara so.
7 ne postquam intraveritis ad gentes quae inter vos futurae sunt iuretis in nomine deorum earum et serviatis eis et adoretis illos
Monhwɛ yie sɛ mo ne nnipa foforɔ a wɔda so te asase no so no nnya ayɔnkofa biara. Mpo, mommmɔ wɔn anyame din na moabɔ wɔn din aka ntam anaasɛ moasom wɔn.
8 sed adhereatis Domino Deo vestro quod fecistis usque in diem hanc
Na monni Awurade, mo Onyankopɔn no nokorɛ sɛdeɛ moayɛ abɛsi ɛnnɛ yi.
9 et tunc auferet Dominus in conspectu vestro gentes magnas et robustissimas et nullus vobis resistere poterit
“Ɛfiri sɛ, Awurade apamo amanaman akɛseɛ a wɔyɛ dene ama mo, enti obiara nni hɔ a watumi adi mo so nkonim.
10 unus e vobis persequetur hostium mille viros quia Dominus Deus vester pro vobis ipse pugnabit sicut pollicitus est
Mo mu biara bɛtumi atu atamfoɔ apem agu, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn ko ma mo sɛdeɛ wahyɛ bɔ no.
11 hoc tantum diligentissime praecavete ut diligatis Dominum Deum vestrum
Enti, monhwɛ yie na monnɔ Awurade, mo Onyankopɔn no.
12 quod si volueritis gentium harum quae inter vos habitant erroribus adherere et cum eis miscere conubia atque amicitias copulare
“Nanso sɛ motwe mo ho firi ne ho, na mone saa amanaman yi nkaeɛfoɔ a wɔwɔ mo mu yi di awadeɛ a,
13 iam nunc scitote quod Dominus Deus vester non eas deleat ante faciem vestram sed sint vobis in foveam ac laqueum et offendiculum ex latere vestro et sudes in oculis vestris donec vos auferat atque disperdat de terra hac optima quam tradidit vobis
ɛnneɛ akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Awurade, mo Onyankopɔn rempamo wɔn mfiri mo asase so. Mmom, wɔbɛyɛ afidie ama mo, ɔyea wɔ mo mfe mu ne kasɛɛ a ɛhyɛ mo aniwa mu, na wɔbɛtɔre mo ase afiri asase pa yi a Awurade, mo Onyankopɔn de ama mo yi so.
14 en ego hodie ingrediar viam universae terrae et toto animo cognoscetis quod de omnibus verbis quae se Dominus praestaturum nobis esse pollicitus est unum non praeterierit in cassum
“Ɛrenkyɛre biara mɛwu, sɛdeɛ obiara korɔ no. Mo akoma mu no monim sɛ ɛbɔ biara a Awurade, mo Onyankopɔn hyɛeɛ no aba mu. Bɔhyɛ no mu biara nni hɔ a amma mu!
15 sicut ergo implevit opere quod promisit et prospera cuncta venerunt sic adducet super vos quicquid malorum comminatus est donec vos auferat atque disperdat de terra hac optima quam tradidit vobis
Nanso, sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn de nnepa a ɔhyɛɛ ho bɔ maa mo no, saa ara na sɛ moannyɛ ɔsetie amma no a ɔde amanehunu bɛba mo so. Ɔbɛpra mo afiri saa asase pa a ɔde ama mo yi so.
16 eo quod praeterieritis pactum Domini Dei vestri quod pepigit vobiscum et servieritis diis alienis et adoraveritis eos cito atque velociter consurget in vos furor Domini et auferemini de terra hac optima quam tradidit vobis
Sɛ mobu Awurade, mo Onyankopɔn apam no so na mosɔre anaa mosom anyame foforɔ a, nʼabufuo bɛhye mo na ɔbɛpra mo ntɛm so afiri asase pa a ɔde ama mo no so.”

< Iosue 23 >