< Jeremiæ 2 >

1 et factum est verbum Domini ad me dicens
Awurade asɛm baa me so:
2 vade et clama in auribus Hierusalem dicens haec dicit Dominus recordatus sum tui miserans adulescentiam tuam et caritatem disponsationis tuae quando secuta me es in deserto in terra quae non seminatur
“Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte: “Mekae sɛdeɛ wode wo ho maa me wo mmabunu berɛ mu, sɛdeɛ wo dɔɔ me wʼayeforɔ berɛ mu na wodii mʼakyi wɔ ɛserɛ so, asase a wɔnnuaa so hwee.
3 sanctus Israhel Domino primitiae frugum eius omnes qui devorant eum delinquunt mala venient super eos dicit Dominus
Na Israel yɛ kronkron ma Awurade, ne twaberɛ mu abukan; wɔn a wɔdii nʼani no, wɔbuu wɔn fɔ, na amanehunu baa wɔn so,” sɛdeɛ Awurade, seɛ nie.
4 audite verbum Domini domus Iacob et omnes cognationes domus Israhel
Montie Awurade asɛm, Ao Yakob fiefoɔ, mo Israel mmusuakuo nyinaa.
5 haec dicit Dominus quid invenerunt patres vestri in me iniquitatis quia elongaverunt a me et ambulaverunt post vanitatem et vani facti sunt
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Mfomsoɔ bɛn na mo agyanom hunuu wɔ me ho a ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sei? Wɔdii ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ akyi, ma wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufoɔ.
6 et non dixerunt ubi est Dominus qui ascendere nos fecit de terra Aegypti qui transduxit nos per desertum per terram inhabitabilem et inviam per terram sitis et imaginem mortis per terram in qua non ambulavit vir neque habitavit homo
Wɔammisa sɛ, ‘Ɛhe na Awurade wɔ? Deɛ ɔyii yɛn firii Misraim na ɔde yɛn faa ɛserɛ wesee so, anweatam ne amenamena asase a awo na ayɛ owubɔn no. Na ɛyɛ asase a obiara mfa so na obiara nte soɔ no.’
7 et induxi vos in terram Carmeli ut comederetis fructum eius et optima illius et ingressi contaminastis terram meam et hereditatem meam posuistis in abominationem
Mede mo bɛduaa asase bereɛ so sɛ monni so nnuaba ne ɛso nnepa. Nanso mobɛguu mʼasase ho fi na moyɛɛ mʼagyapadeɛ akyiwadeɛ.
8 sacerdotes non dixerunt ubi est Dominus et tenentes legem nescierunt me et pastores praevaricati sunt in me et prophetae prophetaverunt in Baal et idola secuti sunt
Asɔfoɔ no ammisa sɛ, ‘Ɛhe na Awurade wɔ?’ Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me; ntuanofoɔ sɔre tiaa me. Adiyifoɔ no de Baal hyɛɛ nkɔm, na wɔdii ahoni huhuo akyi.
9 propterea adhuc iudicio contendam vobiscum ait Dominus et cum filiis vestris disceptabo
“Ɛno enti, merebɔ mo kwaadu bio,” deɛ Awurade seɛ nie. “Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu.
10 transite ad insulas Cetthim et videte et in Cedar mittite et considerate vehementer et videte si factum est huiuscemodi
Montwa nkɔ Kitim mpoano nkɔ hwɛ, monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yie; monhwɛ sɛ biribi a ɛte sei asi wɔ hɔ:
11 si mutavit gens deos et certe ipsi non sunt dii populus vero meus mutavit Gloriam suam in idolum
Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn anaa? Nso wɔnnyɛ anyame mpo. Nanso me nkurɔfoɔ de wɔn animuonyam asesa ahoni huhuo.
12 obstupescite caeli super hoc et portae eius desolamini vehementer dicit Dominus
Ao ɔsorosoro, momma mo ho nnwiri mo yei ho, na mo ho nwoso akomatuo mu,” deɛ Awurade seɛ nie.
13 duo enim mala fecit populus meus me dereliquerunt fontem aquae vivae ut foderent sibi cisternas cisternas dissipatas quae continere non valent aquas
“Me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ahodoɔ mmienu: Wɔapa mʼakyi, me a meyɛ nkwa asutire no, na wɔatutu wɔn ankasa nsukora amena, amena a ɛho apaapae a ɛntumi nkora nsuo.
14 numquid servus est Israhel aut vernaculus quare ergo est factus in praedam
Israel yɛ akoa anaa ɔsomfoɔ firi awoɔ mu anaa? Adɛn enti na wayɛ afodeɛ yi?
15 super eum rugierunt leones et dederunt vocem suam posuerunt terram eius in solitudinem civitates eius exustae sunt et non est qui habitet in eis
Agyata abobɔ mu; wɔapɔ no so. Wɔasɛe nʼasase; wɔahyehye ne nkuro ayɛ no amanfo.
16 filii quoque Memfeos et Tafnes constupraverunt te usque ad verticem
Afei, Memfis ne Tapanhes mmarima ayi wo tiri so nwi.
17 numquid non istud factum est tibi quia dereliquisti Dominum Deum tuum eo tempore quo ducebat te per viam
Ɛnyɛ wo na woama yei aba wo so sɛ wopaa Awurade wo Onyankopɔn akyi, wɔ ɛberɛ a ɔrekyerɛ wo ɛkwan?
18 et nunc quid tibi vis in via Aegypti ut bibas aquam turbidam et quid tibi cum via Assyriorum ut bibas aquam Fluminis
Afei adɛn enti na mokɔ Misraim kɔnom Sihor mu nsuo? Na adɛn enti na mokɔ Asiria kɔnom Asubɔnten no mu nsuo?
19 arguet te malitia tua et aversio tua increpabit te scito et vide quia malum et amarum est reliquisse te Dominum Deum tuum et non esse timorem mei apud te dicit Dominus Deus exercituum
Wo amumuyɛ bɛtwe wʼaso; wʼakyirisane bɛka wʼanim. Enti dwene ho na hunu sɛ, sɛ wopa Awurade wo Onyankopɔn akyi na woannya ne ho suro a, ɛyɛ bɔne ne ɔyea ma wo.” Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ.
20 a saeculo confregisti iugum meum rupisti vincula mea et dixisti non serviam in omni enim colle sublimi et sub omni ligno frondoso tu prosternebaris meretrix
“Mmerɛ bi atwam, wobubuu wo kɔnnua mu, na wotetee wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na wokaa sɛ, ‘Merensom wo!’ Nokorɛm, wɔ kokoɔ biara so ne dua biara a adendan ase na wotena bɔɔ adwaman.
21 ego autem plantavi te vineam electam omne semen verum quomodo ergo conversa es in pravum vinea aliena
Meduaa wo sɛ bobe amapa a ɛfiri bobe ase a ɛyɛ pa ara mu. Na ɛyɛɛ dɛn na wodanee wʼakyi kyerɛɛ me bɛyɛɛ bobe a anyini asɛeɛ wɔ wura mu yi?
22 si laveris te nitro et multiplicaveris tibi herbam borith maculata es in iniquitate tua coram me dicit Dominus Deus
Sɛ wode soda ne samina bebree dware mpo a, wʼafɔdie nkekaawa da so wɔ hɔ ara,” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie.
23 quomodo dicis non sum polluta post Baalim non ambulavi vide vias tuas in convalle scito quid feceris cursor levis explicans vias tuas
“Ɛbɛyɛ dɛn na woaka sɛ, ‘Meho nguu fi; mennii Baalnom akyi’? Hwɛ sɛdeɛ woyɛɛ wo ho wɔ bɔnhwa no mu; dwene deɛ woayɛ no ho. Woyɛ yoma bereɛ hoɔharefoɔ a wotu mmirika kɔ ha ba ha,
24 onager adsuetus in solitudine in desiderio animae suae adtraxit ventum amoris sui nullus avertet eam omnes qui quaerunt eam non deficient in menstruis eius invenient eam
wiram afunumu a anweatam so tena akokwa no, ɔhuahua ɛberɛ a ɔpɛ sɛ onini hyia no. Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hwan na ɔbɛsianka no? Anini biara a wɔtaa no no nha wɔn ho bebree; ɛduru ɛberɛ a wɔhyia no a, wɔbɛnya no.
25 prohibe pedem tuum a nuditate et guttur tuum a siti et dixisti desperavi nequaquam faciam adamavi quippe alienos et post eos ambulabo
Ntu mmirika kɔsi sɛ wobɛyi wo mpaboa na wo mene mu bɛwe. Nanso wokaa sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ! Mepɛ ananafoɔ anyame, na ɛsɛ sɛ medi wɔn akyi.’
26 quomodo confunditur fur quando deprehenditur sic confusi sunt domus Israhel ipsi et reges eorum principes et sacerdotes et prophetae eorum
“Sɛdeɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ a wɔgu nʼanim ase no, saa na wɔagu Israel efie anim ase, wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfoɔ, wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ.
27 dicentes ligno pater meus es tu et lapidi tu me genuisti verterunt ad me tergum et non faciem et in tempore adflictionis suae dicent surge et libera nos
Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ ne ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’ Wɔadane wɔn akyi akyerɛ me na ɛnyɛ wɔn anim; nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka sɛ, ‘Bra bɛgye yɛn!’
28 ubi sunt dii tui quos fecisti tibi surgant et liberent te in tempore adflictionis tuae secundum numerum quippe civitatum tuarum erant dii tui Iuda
Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he? Momma wɔmmra sɛ wobɛtu agye mo ɛberɛ a mowɔ amanehunu mu! Ɛfiri sɛ mowɔ anyame bebree te sɛ deɛ mowɔ nkuro bebree no, Ao Yuda.
29 quid vultis mecum iudicio contendere omnes dereliquistis me dicit Dominus
“Adɛn enti na mobɔ me soboɔ? Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,” Awurade na ɔseɛ.
30 frustra percussi filios vestros disciplinam non receperunt devoravit gladius vester prophetas vestros quasi leo vastator
“Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa; wɔamfa me ntenesoɔ. Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔ te sɛ gyata a nʼani abereɛ.
31 generatio vestra videte verbum Domini numquid solitudo factus sum Israheli aut terra serotina quare ergo dixit populus meus recessimus non veniemus ultra ad te
“Mo nnɛmmafoɔ, monnwene Awurade asɛm ho: “Mayɛ sɛ anweatam ama Israel anaa? Anaasɛ asase a ɛso aduru sum kabii anaa? Adɛn enti na me nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Yɛwɔ ho ɛkwan sɛ yɛkyinkyin; yɛremma wo nkyɛn bio.’
32 numquid obliviscitur virgo ornamenti sui sponsa fasciae pectoralis suae populus vero meus oblitus est mei diebus innumeris
Ɔbaabunu werɛ firi ne mpompranneɛ, ayeforɔyere werɛ bɛfiri nʼahyehyɛdeɛ anaa? Nanso me nkurɔfoɔ werɛ afiri me, nna a wɔntumi nkan.
33 quid niteris bonam ostendere viam tuam ad quaerendam dilectionem quae insuper et malitias tuas docuisti vias tuas
Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfoɔ! Mmaa a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan.
34 et in alis tuis inventus est sanguis animarum pauperum et innocentium non in fossis inveni eos sed in omnibus quae supra memoravi
Mo aduradeɛ mu, nnipa hunu ahiafoɔ a wɔdi bem mogya, nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mo dan mu. Yeinom nyinaa akyi
35 et dixisti absque peccato et innocens ego sum et propterea avertatur furor tuus a me ecce ego iudicio contendam tecum eo quod dixeris non peccavi
woka sɛ, ‘Medi bem; ne bo mfuu me.’ Nanso mɛbu wo atɛn ɛfiri sɛ wo ka sɛ, ‘Menyɛɛ bɔne biara.’
36 quam vilis es facta nimis iterans vias tuas et ab Aegypto confunderis sicut confusa es ab Assur
Adɛn enti na wokyinkyini se, sesa wʼakwan? Misraim bɛdi wo hwammɔ sɛdeɛ Asiria yɛeɛ no.
37 nam et ab ista egredieris et manus tuae erunt super caput tuum quoniam obtrivit Dominus confidentiam tuam et nihil habebis prosperum
Afei wobɛfiri saa beaeɛ hɔ a wo nsa gu wo tiri so. Ɛfiri sɛ Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no; wɔremmoa wo.

< Jeremiæ 2 >