< Jeremiæ 16 >

1 et factum est verbum Domini ad me dicens
Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 non accipies uxorem et non erunt tibi filii et filiae in loco isto
“Ɛnsɛ sɛ wo ware na wowo mmammarima anaa mmammaa wɔ ha.”
3 quia haec dicit Dominus super filios et filias qui generantur in loco isto et super matres eorum quae genuerunt eos et super patres eorum de quorum stirpe sunt nati in terra hac
Yei ne deɛ Awurade ka fa mmammarima ne mmammaa a wɔwo wɔn asase yi so mmaa a wɔyɛ wɔn maamenom ne mmarima a wɔyɛ wɔn agyanom no ho:
4 mortibus aegrotationum morientur non plangentur et non sepelientur in sterquilinium super faciem terrae erunt et gladio et fame consumentur et erit cadaver eorum in escam volatilibus caeli et bestiis terrae
“Owuyareɛ bɛkunkum wɔn. Wɔrensu wɔn na wɔrensie wɔn, mmom wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam. Wɔbɛtotɔ akofena ano na ɛkɔm bɛkunkum wɔn na wɔn afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa.”
5 haec enim dicit Dominus ne ingrediaris domum convivii neque vadas ad plangendum neque consoleris eos quia abstuli pacem meam a populo isto dicit Dominus misericordiam et miserationes
“Nhyɛne efie a ayie yɛ apontoɔ wo mu; nkɔsu wɔn abia, na mma wɔn hyɛden, ɛfiri sɛ mayi me nhyira, me dɔ ne mʼahummɔborɔ afiri saa nnipa yi so,” Awurade na ɔseɛ.
6 et morientur grandes et parvi in terra ista non sepelientur neque plangentur et non se incident neque calvitium fiet pro eis
“Atitire ne mpapahwekwaa bɛwu wɔ asase yi so. Wɔrensie wɔn, na wɔrensu wɔn, na obiara remmɔ ne ho akam, na wɔn enti, obiara renyi ne ti mfa nkae wɔn.
7 et non frangent inter eos lugenti panem ad consolandum super mortuo et non dabunt eis potum calicis ad consolandum super patre suo et matre
Obiara remma wɔn a wɔdi awufoɔ no ho awerɛhoɔ no aduane mfa nkyekye wɔn werɛ, owufoɔ no agya anaa ne maame mpo, na obiara mma wɔn nsã nso mfa nkyekye wɔn werɛ.
8 et domum convivii non ingredieris ut sedeas cum eis et comedas et bibas
“Na nhyɛne efie a apontoɔ kɔ so wɔ mu nkɔtena ase, nnidi na nnom.
9 quia haec dicit Dominus exercituum Deus Israhel ecce ego auferam de loco isto in oculis vestris et in diebus vestris vocem gaudii et vocem laetitiae vocem sponsi et vocem sponsae
Na yei ne deɛ Awurade Otumfoɔ, Israel Onyankopɔn no seɛ: Wo nkwanna mu a, wʼani tua no, mede ahosɛpɛ ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔkunu ne ayeforɔyere ahosɛpɛ nne a ɛwɔ ha no, bɛba awieeɛ.
10 et cum adnuntiaveris populo huic omnia verba haec et dixerint tibi quare locutus est Dominus super nos omne malum grande istud quae iniquitas nostra et quod peccatum nostrum quod peccavimus Domino Deo nostro
“Sɛ woka yeinom nyinaa kyerɛ saa nnipa yi na wɔbisa wo sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade abɔ mmɔm a ɛyɛ hu sei atia yɛn? Ɛdeɛn mfomsoɔ na yɛayɛ? Bɔne bɛn na yɛayɛ atia Awurade, yɛn Onyankopɔn’ a,
11 dices ad eos quia dereliquerunt patres vestri me ait Dominus et abierunt post deos alienos et servierunt eis et adoraverunt eos et me dereliquerunt et legem meam non custodierunt
ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɛfiri sɛ mo agyanom gyaa me hɔ kɔdii anyame foforɔ akyi, kɔsom wɔn sɔree wɔn, Awurade asɛm nie. Wogyaa me na wɔanni me mmara so.
12 sed et vos peius operati estis quam patres vestri ecce enim ambulat unusquisque post pravitatem cordis sui mali ut me non audiat
Na mo deɛ, moayɛ amumuyɛsɛm asene mo agyanom. Monhwɛ sɛdeɛ mo mu biara di nʼakoma bɔne asoɔden akyi wɔ ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔsetie ma me.
13 et eiciam vos de terra hac in terram quam ignoratis vos et patres vestri et servietis ibi diis alienis die ac nocte qui non dabunt vobis requiem
Ɛno enti, mɛtu mo afiri saa asase yi so de mo akɔ asase a, mo anaa sɛ mo agyanom nnim so, na ɛhɔ mobɛsom anyame foforɔ awia ne anadwo, na merenhunu mo mmɔbɔ.’
14 propterea ecce dies veniunt dicit Dominus et non dicetur ultra vivit Dominus qui eduxit filios Israhel de terra Aegypti
“Nanso nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a nnipa renka bio sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israelfoɔ firii Misraim,’
15 sed vivit Dominus qui eduxit filios Israhel de terra aquilonis et de universis terris ad quas eieci eos et reducam eos in terram suam quam dedi patribus eorum
mmom wɔbɛka sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi deɛ ɔyii Israelfoɔ firii atifi fam asase ne aman a ɔtuu wɔn kɔɔ so nyinaa.’ Ɛfiri sɛ mɛsane de wɔn aba asase a mede maa wɔn tete agyanom no so.
16 ecce ego mittam piscatores multos dicit Dominus et piscabuntur eos et post haec mittam eis multos venatores et venabuntur eos de omni monte et de omni colle et de cavernis petrarum
“Na seesei, mɛsoma apofofoɔ bebree a wɔbɛkyere wɔn.” Awurade na ɔseɛ. “Ɛno akyi, mɛsoma akɔfa abɔmmɔfoɔ bebree a wɔbɛtaataa wɔn wɔ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu.
17 quia oculi mei super omnes vias eorum non sunt absconditae a facie mea et non fuit occulta iniquitas eorum ab oculis meis
Mʼani tua wɔn akwan nyinaa; ɛnsumaa me, na wɔn bɔne nso nhintaeɛ wɔ mʼani so.
18 et reddam primum duplices iniquitates et peccata eorum quia contaminaverunt terram meam in morticinis idolorum suorum et abominationibus suis impleverunt hereditatem meam
Mɛtua wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne so ka mprenu, ɛfiri sɛ wɔde aniwudeɛ nsɛsodeɛ a ɛnni nkwa ne wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ abɛhyɛ mʼagyapadeɛ so ma de agu mʼasase ho fi.”
19 Domine fortitudo mea et robur meum et refugium meum in die tribulationis ad te gentes venient ab extremis terrae et dicent vere mendacium possederunt patres nostri vanitatem quae eis non profuit
Ao Awurade, mʼahoɔden ne mʼaban, mʼahohia mu dwanekɔbea, wo nkyɛn na amanaman no bɛba wɔbɛfiri nsase ano aka sɛ, “Yɛn agyanom annya biribiara sɛ anyame huhuo, ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ na wɔammoa wɔn.
20 numquid faciet sibi homo deos et ipsi non sunt dii
Nnipa yɛ wɔn ankasa anyame anaa? Aane, nanso wɔnyɛ nokorɛ anyame!”
21 idcirco ecce ego ostendam eis per vicem hanc ostendam eis manum meam et virtutem meam et scient quia nomen mihi Dominus
“Ɛno enti mɛkyerɛkyerɛ wɔn, saa ɛberɛ yi deɛ mɛkyerɛ wɔn me tumi ne mʼahoɔden. Afei wɔbɛhunu sɛ me din ne Awurade.

< Jeremiæ 16 >