< Hebræos 2 >

1 Propterea abundantius oportet observare nos ea, quae audivimus ne forte pereffluamus.
Yei enti na ɛsɛ sɛ yɛsɔ nokorɛ a yɛate no mu denden sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribi rentu yɛn aso.
2 Si enim qui per Angelos dictus est sermo, factus est firmus, et omnis praevaricatio, et inobedientia accepit iustam mercedis retributionem:
Nsɛm a abɔfoɔ no kaeɛ no yɛ nokorɛ enti obiara a wanni so no nyaa asotwe a ɛfata no.
3 quomodo nos effugiemus si tantam neglexerimus salutem? quae cum initium accepisset enarrari per Dominum ab eis, qui audierunt, in nos confirmata est,
Na sɛ yɛantie saa nkwagyesɛm yi a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adwane? Awurade no ankasa na ɔdii ɛkan kaa saa nkwagyeɛ yi ho asɛm na wɔn a wɔtiee no no, ama yɛahunu sɛ ɛyɛ nokorɛ.
4 contestante Deo signis et portentis, et variis virtutibus, et Spiritus sancti distributionibus secundum suam voluntatem.
Saa ɛberɛ korɔ no ara mu Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnneɛ ne nʼanwanwadwuma so dii ho adanseɛ. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛdeɛ ɔpɛ.
5 Non enim Angelis subiecit Deus orbem terrae futurum, de quo loquimur.
Onyankopɔn amma abɔfoɔ anni ewiase a na wayɛ nʼadwene sɛ ɔrebɛbɔ no so; saa ewiase a yɛka ho asɛm no.
6 Testatus est autem in quodam loco quis, dicens: Quid est homo quod memor es eius, aut filius hominis quoniam visitas eum?
Na mmom, wɔaka no Atwerɛsɛm no mu baabi sɛ: “Onipa ne hwan a wokae no; na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?
7 Minuisti eum paulominus ab Angelis: gloria et honore coronasti eum: et constituisti eum super opera manuum tuarum.
Wobɔɔ no maa ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ; na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire,
8 Omnia subiecisti sub pedibus eius: In eo enim quod omnia ei subiecit, nihil dimisit non subiectum ei. Nunc autem necdum videmus omnia subiecta ei.
sɛ ɔnni nneɛma nyinaa so.” Ɛka sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ “nneɛma nyinaa sodifoɔ.” Yei kyerɛ sɛ biribiara nni hɔ a wɔamfa anhyɛ nʼase. Nanso, seesei yɛnya nhunuu sɛ onipa di nneɛma nyinaa so.
9 Eum autem, qui modico quam Angeli minoratus est, videmus Iesum propter passionem mortis, gloria et honore coronatum: ut gratia Dei, pro omnibus gustaret mortem.
Na mmom, yɛhunu Yesu! Mmerɛ tiawa bi, wɔbrɛɛ no ase sene abɔfoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Onyankopɔn adom enti, ɔbɛwu ama nnipa nyinaa. Owuo a ɔwuiɛ no enti, Onyankopɔn de animuonyam abotire abɔ no.
10 Decebat enim eum, propter quem omnia, et per quem omnia, qui multos filios in gloriam adduxerat, auctorem salutis eorum per passionem consummari.
Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ɔwɔ tumi sɛ ɔyɛ biribiara. Ne saa enti, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔde ne mma nyinaa bɛba nʼanimuonyam mu no, ɔmaa Agyenkwa no faa amanehunu mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne mma no nsa bɛka nkwagyeɛ a ɛyɛ pɛ no. Ɛfiri sɛ, Yesu nko ara ne Onipa a ɔbɛtumi adi wɔn anim akɔ nkwagyeɛ mu.
11 Qui enim sanctificat, et qui sanctificantur, ex uno omnes. Propter quam causam non confunditur fratres eos vocare, dicens:
Ɔma nnipa yɛ kronkron firi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno enti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no.
12 Nunciabo nomen tuum fratribus meis: in medio Ecclesiae laudabo te.
Ɔka sɛ, “Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom, mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.”
13 Et iterum: Ego ero fidens in eum. Et iterum: Ecce ego, et pueri mei, quos dedit mihi Deus.
Ɔsane ka bio sɛ, “Mede me ho bɛto Onyankopɔn so.” Na ɔno nso ka sɛ, “Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie.”
14 Quia ergo pueri communicaverunt carni, et sanguini, et ipse similiter participavit eisdem: ut per mortem destrueret eum, qui habebat mortis imperium, id est, diabolum:
Esiane sɛ mma no wɔ honam ne mogya enti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne wuo no so bɛsɛe ɔbonsam a ɔkura owuo tumi no ahoɔden.
15 et liberaret eos, qui timore mortis per totam vitam obnoxii erant servituti.
Na ɔnam so agye wɔn a ɛsiane sɛ wɔsuro owuo enti, wɔn asetena mu nyinaa, wɔayɛ nkoa no.
16 Nusquam enim Angelos apprehendit, sed semen Abrahae apprehendit.
Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ ɛnyɛ abɔfoɔ na ɔboa wɔn. Na mmom, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, “Ɔboa Abraham asefoɔ.”
17 Unde debuit per omnia fratribus similari, ut misericors fieret, et fidelis pontifex ad Deum, et ut repropitiaret delicta populi.
Yei kyerɛ sɛ, ɛkwan biara so no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ sɛ ne nuanom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛyɛ wɔn nokwafoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ Ɔsɔfopanin wɔ Onyankopɔn anim, na ɛnam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn.
18 In eo enim, in quo passus est ipse et tentatus, potens est et eis, qui tentantur, auxiliari.
Enti afei, ɔbɛtumi aboa wɔn a wɔasɔ wɔn ahwɛ ɛfiri sɛ, ɔno ankasa wɔsɔɔ no hwɛeɛ maa ɔhunuu amane.

< Hebræos 2 >