< Timotheum Ii 2 >

1 Tu ergo fili mi confortare in gratia, quae est in Christo Iesu:
Na wo Timoteo, me ba, Kristo Yesu yɛ mmɔborɔhunufoɔ, enti ma ɔnhyɛ wo den.
2 et quae audisti a me per multos testes, haec commenda fidelibus hominibus, qui idonei erant et alios docere.
Fa nsɛm a wotee sɛ mereka akyerɛ adansedifoɔ bebree no, na fa hyɛ nnipa a wogye wɔn di na wɔbɛtumi akyerɛ afoforɔ nso nsa.
3 Labora sicut bonus miles Christi Iesu.
Sɛ amanehunu ba wo so a, mia wʼani tena sɛ Kristo Yesu sraani pa.
4 Nemo militans Deo implicat se negotiis saecularibus: ut ei placeat, cui se probavit.
Ɔsraani mfa ne ho nhyehyɛ afisɛm mu, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne panin ani.
5 Nam et qui certat in agone, non coronabitur nisi legitime certaverit.
Saa ara nso na obi a ɔfra akansie mu a ɔtu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ ɔdi akansie no mmara so.
6 Laborantem agricolam oportet primum de fructibus percipere.
Okuafoɔ a wadɔ nʼafuo no, ɛsɛ sɛ ɔnya mu nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan no.
7 Intellige quae dico: dabit enim tibi Dominus in omnibus intellectum.
Dwene nsɛm a mereka yi ho ɛfiri sɛ, Awurade bɛma woate biribiara ase.
8 Memor esto Dominum IESUM CHRISTUM resurrexisse a mortuis ex semine David, secundum Evangelium meum,
Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ wɔkaa no Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no.
9 in quo laboro usque ad vincula, quasi male operans: sed verbum Dei non est alligatum.
Esiane sɛ meka Asɛmpa no enti, mehunu amane, mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ. Nanso, Onyankopɔn asɛm no ngu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu;
10 Ideo omnia sustineo propter electos, ut et ipsi salutem consequantur, quae est in Christo Iesu, cum gloria caelesti. (aiōnios g166)
na yei enti, biribiara a ɛbɛba me so no, ɛsiane Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn no enti, megyina ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛnya nkwagyeɛ ne animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no. (aiōnios g166)
11 Fidelis sermo: Nam si commortui sumus, et convivemus:
Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so nie: “Sɛ yɛne no wuiɛ a, yɛne no bɛtena ase.
12 si sustinebimus, et conregnabimus: si negaverimus, et ille negabit nos:
Sɛ yɛampa aba a, yɛne no bɛdi ɔhene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.
13 si non credimus, ille fidelis permanet, negare seipsum non potest.
Sɛ yɛnnyɛ nokwafoɔ a, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ, ɛfiri sɛ, ɔrensesa nʼasɛm.”
14 Haec commone: testificans coram Deo. Noli contendere verbis: ad nihil enim utile est, nisi ad subversionem audientium.
Monkae mo nkurɔfoɔ wɔ yei ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim sɛ wɔnnni wɔn ho akasakasa. Ɛmfa asɛm pa mma. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛsɛe atiefoɔ no adwene.
15 Solicite cura teipsum probabilem exhibere Deo, operarium inconfusibilem, recte tractantem verbum veritatis:
Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛfoɔ a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho, na kyerɛ nokorɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim.
16 Profana autem, et vaniloquia devita: multum enim proficiunt ad impietatem:
Twe wo ho firi nsɛnhuhuo a ɛho nte ho ɛfiri sɛ, ɛno na ɛpam nnipa firi Onyankopɔn ho.
17 et sermo eorum ut cancer serpit: ex quibus est Hymenaeus, et Philetus,
Deɛ wɔkyerɛ no te sɛ akusikuro a ɛdidi fa honam no ani. Saa akyerɛkyerɛfoɔ yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto.
18 qui a veritate exciderunt, dicentes resurrectionem esse iam factam, et subverterunt quorundam fidem.
Wɔamane afiri nokorɛ no ho na wɔka kyerɛ agyidifoɔ bi sɛ, yɛn wusɔreɛ no atwam dada, na wɔnam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene.
19 Sed firmum fundamentum Dei stat, habens signaculum hoc: Cognovit Dominus qui sunt eius, et discedat ab iniquitate omnis, qui invocat nomen Domini.
Nanso, obi rentumi nhinhim fapem denden a Onyankopɔn ato no, ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ saa nsɛm yi wɔ so: “Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ,” na “Obiara a ɔka sɛ ɔyɛ Awurade dea no, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho firi bɔne ho.”
20 In magna autem domo non solum sunt vasa aurea, et argentea, sed et lignea, et fictilia: et quaedam quidem in honorem, quaedam autem in contumeliam.
Nkuku ne nkaka wɔ efi kɛseɛ mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, ebi nso wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforɔ nso wɔde dɔteɛ. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforɔ nso daa wɔde di dwuma.
21 Si quis ergo emundaverit se ab istis, erit vas in honorem sanctificatum, et utile Domino ad omne opus bonum paratum.
Sɛ obi te ne ho firi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko ɛfiri sɛ, watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ ɔdi no, ɔbɛdi.
22 Iuvenilia autem desideria fuge, sectare vero iustitiam, fidem, spem, charitatem, et pacem cum iis, qui invocant Dominum de corde puro.
Dwane firi mmeranteberɛ mu akɔnnɔ, na ti nneɛma a ɛho teɛ te sɛ: tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ a ɛka wo ne wɔn a wɔfiri akoma pa mu bom frɛ Awurade ma ɔboa no akyi.
23 Stultas autem, et sine disciplina quaestiones devita: sciens quia generant lites.
Mfa wo ho nhyehyɛ nkwasea akyinnyeɛ a ɛmfa hwee mma no mu, ɛfiri sɛ, ɛde akasakasa ba.
24 Servum autem Domini non oportet litigare: sed mansuetum esse ad omnes, docibilem, patientem,
Ɛnsɛ sɛ Awurade ɔsomfoɔ ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ayamyɛ ma obiara. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa a ɔwɔ boasetɔ nso
25 cum modestia corripientem eos, qui resistunt veritati: nequando Deus det illis poenitentiam ad cognoscendam veritatem,
a sɛ wɔn a wɔne no di asie fom a, ɔto ne bo ase tene wɔn so, sɛ ebia, Onyankopɔn bɛsakyera wɔn adwene na wɔahunu nokorɛ no.
26 et resipiscant a diaboli laqueis, a quo captivi tenentur ad ipsius voluntatem.
Na wɔn adwene mu ada hɔ na wɔadwane afiri ɔbonsam a wakyekyere wɔn ama wɔyɛ nʼapɛdeɛ no afidie mu.

< Timotheum Ii 2 >