< Thessalonicenses Ii 2 >

1 Rogamus autem vos fratres per adventum Domini nostri Iesu Christi, et nostrae congregationis in ipsum:
Ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo mmaeɛ a ɔrebɛba ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔka ne ho no, mesrɛ mo, anuanom,
2 ut non cito moveamini a vestro sensu, neque terreamini, neque per spiritum, neque per sermonem, neque per epistolam tamquam per nos missam, quasi instet dies Domini.
mommma mo adwene mu nnyɛ mo nnaa sɛ ɛda a Awurade reba no aduru. Ebia, na obi rehyɛ saa nkɔm no anaa obi foforɔ nso gyina so reka asɛm. Anaasɛ nso wɔka sɛ yɛn nwoma a yɛtwerɛeɛ no bi mu na saa asɛm no wɔ.
3 Nequis vos seducat ullo modo: quoniam nisi venerit discessio primum, et revelatus fuerit homo peccati, filius perditionis,
Mommma obiara nnaadaa mo saa ɛkwan yi so. Saa Ɛda no remma da gye sɛ atuateɛ a ɛtwa toɔ no aba ama wɔada ɔbɔnefoɔ no a ɔbɛkɔ daa ɔsɛeɛ mu no adi.
4 qui adversatur, et extollitur supra omne, quod dicitur Deus, aut quod colitur, ita ut in templo Dei sedeat ostendens se tamquam sit Deus.
Biribiara a nnipa som na wɔbu no kronkron no, ɔbɛtia mu. Ɔbɛkorɔn ne ho wɔ ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka sɛ ɔno ne Onyankopɔn.
5 Non retinetis quod cum adhuc essem apud vos, haec dicebam vobis?
Monkae sɛ ɛberɛ a me ne mo wɔ hɔ no, na metaa ka yeinom nyinaa kyerɛ mo.
6 Et nunc quid detineat scitis, ut reveletur in suo tempore.
Nanso, biribi na atwe no asɛn, na sɛ ɛberɛ no duru a, ɔbɛba.
7 Nam mysterium iam operatur iniquitatis: tantum ut qui tenet nunc, teneat, donec de medio fiat.
Ɔbɔnefoɔ no di ne dwuma dada na deɛ ɛbɛba no remma da gye sɛ wɔayi deɛ ɔkura ne mu no afiri hɔ.
8 Et tunc revelabitur ille iniquus, quem Dominus Iesus interficiet spiritu oris sui, et destruet illustratione adventus sui eum:
Ɛno ansa na ɔbɔnefoɔ no bɛba, na Awurade Yesu nam nʼanom home so bɛtu no agu, na ɔde ne ba a ɔbɛba no mu animuonyam asɛe no.
9 cuius est adventus secundum operationem satanae in omni virtute, et signis, et prodigiis mendacibus,
Ɔbɔnefoɔ no nam ɔbonsam tumi so na ɛbɛba na wabɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ,
10 et in omni seductione iniquitatis iis, qui pereunt: eo quod charitatem veritatis non receperunt ut salvi fierent.
na ɔnam bɔne so adaadaa wɔn a wɔbɛyera no. Wɔbɛyera, ɛfiri sɛ, wɔannye nokorɛ no anto mu, annɔ nokorɛ no amma wɔannya nkwa.
11 Ideo mittet illis Deus operationem erroris ut credant mendacio,
Yei enti, Onyankopɔn resoma nnaadaa tumi ma akɔhyɛ wɔn mu ama wɔagye nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ adi.
12 ut iudicentur omnes, qui non crediderunt veritati, sed consenserunt iniquitati.
Awieeɛ no ara ne sɛ, wɔn a wɔnnye nokorɛ no nni na wɔn ani gye bɔne ho no, wɔbɛbu wɔn atɛn.
13 Nos autem debemus gratias agere Deo semper pro vobis fratres dilecti a Deo, quod elegerit vos Deus primitias in salutem in sanctificatione spiritus, et in fide veritatis:
Anuanom, ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo a Awurade dɔ mo no. Ɛfiri sɛ, ɛnam Honhom no tumi so na Onyankopɔn yii mo sɛ nnipa a modi ɛkan a wɔbɛgye mo nkwa na wɔayɛ mo Onyankopɔn nkurɔfoɔ kronkron wɔ mo gyidie a mowɔ wɔ nokorɛ mu no mu.
14 in qua et vocavit vos per Evangelium nostrum in acquisitionem gloriae Domini nostri Iesu Christi.
Onyankopɔn nam Asɛmpa no so frɛɛ mo sɛdeɛ mo ne Awurade Yesu Kristo bɛtena nʼanimuonyam no mu.
15 Itaque fratres state: et tenete traditiones, quas didicistis, sive per sermonem, sive per epistolam nostram.
Enti, anuanom, monnyina pintinn na monka mo ho mmata nokorɛ a yɛkyerɛɛ mo wɔ asɛnka ne yɛn nwoma no mu no.
16 Ipse autem Dominus noster Iesus Christus, et Deus et Pater noster, qui dilexit nos, et dedit consolationem aeternam, et spem bonam in gratia, (aiōnios g166)
Yɛn Awurade Yesu Kristo no ankasa ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na ɔnam nʼadom mu ahyɛ yɛn daa nkuran ne anidasoɔ pa no, (aiōnios g166)
17 exhortetur corda vestra, et confirmet in omni opere, et sermone bono.
nkyekyere mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.

< Thessalonicenses Ii 2 >