< Corinthios Ii 8 >

1 Notam autem facimus vobis, fratres, gratiam Dei, quae data est in Ecclesiis Macedoniae:
Anuanom, yɛpɛ sɛ muhu nea Onyankopɔn adom ayɛ wɔ Makedonia asafo ahorow no mu.
2 quod in multo experimento tribulationis abundantia gaudii ipsorum fuit, et altissima paupertas eorum abundavit in divitias simplicitatis eorum:
Wɔn ahokyere mu no wɔn anigye boroo so, na wɔn hia mu mpo, wuyii ayamye kɛse kyerɛe.
3 quia secundum virtutem testimonium illis reddo, et supra virtutem voluntarii fuerunt,
Midi ho adanse sɛ wɔmaa nea wobetumi ma ɛboroo so mpo. Wɔn ara fii wɔn pɛ mu
4 cum multa exhortatione obsecrantes nos gratiam, et communicationem ministerii, quod fit in Sanctos.
srɛɛ yɛn sɛ yɛmma wɔmfa sika no nkɔma Kristofo a wɔwɔ Yudea no bi.
5 Et non sicut speravimus, sed semetipsos dederunt primum Domino, deinde nobis per voluntatem Dei,
Wɔyɛ ma ɛboroo so. Nea edi kan no, wɔde wɔn ho maa Awurade. Afei wofi Onyankopɔn pɛ mu de wɔn ho maa yɛn nso.
6 ita ut rogaremus Titum: ut quemadmodum coepit, ita et perficiat in vobis etiam gratiam istam.
Enti yɛka kyerɛɛ Tito a ofii adwuma yi ase se ɔntoa so na ɔmmoa mo na moatumi awie saa ɔdɔ adwuma yi.
7 Sed sicut in omnibus abundatis fide, et sermone, et scientia, et omni solicitudine, insuper et charitate vestra in nos, ut et in hac gratia abundetis.
Moyɛ adefo wɔ nea mowɔ nyinaa mu: ɔkasa mu ne nimdeɛ mu, mmoa a ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu. Enti yɛpɛ sɛ mode ahofama som wɔ ɔdɔ mu.
8 Non quasi imperans dico: sed per aliorum solicitudinem, etiam vestrae charitatis ingenium bonum comprobans.
Merenhyehyɛ mmara mma mo. Na mmom mepɛ sɛ mede mo dɔ a mowɔ no toto afoforo de ho hwɛ sɛ mo dɔ no yɛ ɔdɔ kann ana.
9 Scitis enim gratiam Domini nostri Iesu Christi, quoniam propter vos egenus factus est, cum esset dives, ut illius inopia vos divites essetis.
Munim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ. Ɔdefo a na ɔyɛ no nyinaa akyi no, mo nti ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma moayɛ adefo.
10 Et consilium in hoc do: hoc enim vobis utile est, qui non solum facere, sed et velle coepistis ab anno priore:
Mʼadwene a mewɔ wɔ asɛm no ho ni: Afe a etwaa mu no, mo na mudii kan fii mo pɛ mu yɛɛ ayɛ.
11 nunc vero et facto perficite: ut quemadmodum promptus est animus voluntatis, ita sit et perficiendi ex eo, quod habetis.
Monkɔ so na munnwie dwuma no di. Mommma mo ho mpere mo sɛ mubewie sɛnea mususuwii sɛ mobɛyɛ no.
12 Si enim voluntas prompta est, secundum id, quod habet, accepta est, non secundum id, quod non habet.
Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛma a, Onyankopɔn nam nea wowɔ so begye, na ɛnyɛ nea wunni so.
13 Non enim ut aliis sit remissio, vobis autem tribulatio, sed ex aequalitate.
Merennye nkurɔfo nnesoa mmegu mo so na mmom, esiane sɛ mowɔ bebree saa bere yi mu no nti, ɛyɛ fɛ sɛ moboa wɔn a wonni bi no.
14 In praesenti tempore vestra abundantia illorum inopiam suppleat: ut et illorum abundantia vestrae inopiae sit supplementum, ut fiat aequalitas, sicut scriptum est:
Na sɛ ɛba sɛ biribi ho hia mo na sɛ wɔwɔ bi a, wɔaboa mo. Eyi ma mo nyinaa yɛ pɛ.
15 Qui multum non abundavit: et qui modicum, non minoravit.
Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Onipa a ɔboaboaa dodow ano no annya ammoro so, na nea ɔboaboaa kakraa bi ano no nyaa nea ɛbɛso no.”
16 Gratias autem Deo, qui dedit eandem solicitudinem pro vobis in corde Titi,
Yɛda Onyankopɔn ase sɛ wama anigye a mewɔ wɔ mo ho no bi awura Tito koma mu.
17 quoniam exhortationem quidem suscepit: sed cum solicitior esset, sua voluntate profectus est ad vos.
Ɛnyɛ sɛ ɔpenee yɛn abisade so nko, na mmom ɔno ankasa fii ne pɛ mu pɛɛ sɛ ɔboa nti na osii nʼadwene pi sɛ ɔbɛba mo nkyɛn no.
18 Misimus etiam cum illo fratrem nostrum, cuius laus est in Evangelio per omnes Ecclesias:
Yɛresoma onua bi a wobu no wɔ asafo ahorow no nyinaa mu wɔ asɛnka adwuma no ho aka ne ho.
19 non solum autem, sed et ordinatus est ab Ecclesiis comes peregrinationis nostrae in hanc gratiam, quae ministratur a nobis ad Domini gloriam, et destinatam voluntatem nostram:
Ɛno akyi no, asafo ahorow no ayi onua yi sɛ ɔne yɛn ntutu akwan wɔ mmere a yɛredi ɔdɔ ho dwuma de ahyɛ Awurade anuonyam yi, na yɛmfa nkyerɛ nso sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa.
20 devitantes hoc, ne quis nos vituperet in hac plenitudine, quae ministratur a nobis in Domini gloriam.
Yɛhwɛ yɛn ho so yiye sɛ asɛm biara remma ɔkwan a yɛbɛfa so de saa akyɛde yi adi dwuma no ho.
21 Providemus enim bona non solum coram Deo, sed etiam coram hominibus.
Yɛn botae ne sɛ yɛbɛyɛ nea eye wɔ Awurade ne nnipa anim.
22 Misimus autem cum illis et fratrem nostrum, quem probavimus in multis saepe solicitum esse: nunc autem multo solicitiorem, confidentia multa in vos,
Enti yɛresoma onipa foforo bi aka Tito ne osuani baako no ho. Yɛasɔ no ahwɛ wɔ akwan ahorow bebree so na yɛahu sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔboa. Na mprempren ne ho pere no sɛ ɔbɛboa efisɛ wanya mo mu ahotoso.
23 sive pro Tito, qui est socius meus, et in vobis adiutor, sive fratres nostri, Apostoli Ecclesiarum, gloriae Christi.
Tito de, ɔyɛ me boafo a ɔne me yɛ adwuma de boa mo, na anuanom a wɔne no rekɔ no de, wɔyɛ asɔre ahorow ananmusifo a wɔhyɛ Kristo anuonyam.
24 Ostensionem ergo, quae est charitatis vestrae, et nostrae gloriae pro vobis, in illos ostendite in faciem Ecclesiarum.
Momma wonhu ɔdɔ a modɔ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no nyinaa behu sɛ hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no yɛ nokware.

< Corinthios Ii 8 >